Tra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Onyankopɔn de daa nkwa ahyɛ wɔn a wodi no ni no bɔ. N’Asɛm ma awerɛhyem sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.
Nanso, sɛ wɔbɛkan wo aka “treneefo” no ho a, ɛho hia sɛ woyɛ pii sen Baasakoro kyerɛkyerɛ no ho ade a wubesua ahu. Ɛho hia sɛ wunya nkɔanim wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo, sɛ ɛnyɛ nea worenya saa mmoa no dedaw a. Wo de, kyerɛw kɔma Yehowa Adansefo address a wɔahyehyɛ wɔ ase ha no mu nea ɛfata biara, na hwehwɛ nsɛm afoforo anaasɛ bisa sɛ Yehowa Adansefo mu biako mmra wo fi daa na ɔne wo mmesua Bible no a onnye ho hwee.