So Onyankopɔn Korɔn Sen Yesu Bere Nyinaa?
YESU anka da sɛ ɔne Onyankopɔn. Biribiara a ɔka faa n’ankasa ho no da no adi sɛ wansusuw ne ho da sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ ɔkwan biara so—ɛnyɛ tumi mu, ɛnyɛ nimdeɛ mu, ɛnyɛ mfe mu.
Wɔ n’asetra mu bere biara mu, sɛ ɛyɛ ɔsoro anaasɛ asase so no, ne kasa ne ne nneyɛe da no adi sɛ ɔhyɛ Onyankopɔn ase. Onyankopɔn na ɔkorɔn bere nyinaa, Yesu a Onyankopɔn na ɔbɔɔ no no na osua.
Yesu yɛ Soronko wɔ Onyankopɔn Ho
BERE ne bere mu no, Yesu kyerɛe sɛ na ɔyɛ abɔde a ɔyɛ soronko wɔ Onyankopɔn ho ne sɛ na ɔno, Yesu, wɔ Onyankopɔn a odi no so, Onyankopɔn a ɔsom no, Onyankopɔn a ɔfrɛ no “Agya.” Wɔ mpae bi a Yesu bɔɔ Onyankopɔn, kyerɛ sɛ Agya no mu no, ɔkae sɛ: “Wo, nokware Nyankopɔn koro no.” (Yohane 17:3) Wɔ Yohane 20:17 no, ɔka kyerɛɛ Maria Magdalene sɛ: “Merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.” Wɔ 2 Korintofo 1:3 no, ɔsomafo Paulo si saa abusuabɔ no so dua: “Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya.” Esiane sɛ na Yesu wɔ Onyankopɔn, n’Agya nti, na ɔrentumi nyɛ Onyankopɔn koro no ara bere koro mu.
Ɔsomafo Paulo amfa biribiara ansie sɛ ɔkaa Yesu ne Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɛsono wɔn mu biara koraa no: “Yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, . . . ne Awurade biako, Yesu Kristo.” (1 Korintofo 8:6) Ɔsomafo no kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ mu no bere a ɔka sɛ “Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu ne abɔfo a wɔapaw wɔn no anim” no. (1 Timoteo 5:21) Sɛnea Paulo ka Yesu ne abɔfo ho asɛm sɛ nsonsonoe wɔ wɔn ntam wɔ ɔsoro no, saa ara nso na ɛte wɔ Yesu ne Onyankopɔn fam.
Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 8:17, 18 no nso yɛ nea ɛho hia. Ɔkyerɛ sɛ: “Wɔakyerɛw mo mmara nhoma no mu nso sɛ: Nnipa baanu adanse yɛ nokware. Me na midi me ho adanse, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.” Yesu kyerɛ wɔ ha sɛ ɛsɛ sɛ ɔne Agya, kyerɛ sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, no yɛ nnipa baanu a ɛsono wɔn mu biara, efisɛ anka ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ayɛ adansefo baanu ampa?
Yesu kyerɛe bio sɛ ɛsono ɔno na ɛsono Onyankopɔn bere a ɔkaa eyi no: “Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Onyankopɔn.” (Marko 10:18) Enti na Yesu reka sɛ obiara rennyɛ papa te sɛ Onyankopɔn, ɛnyɛ ɔno Yesu ankasa mpo. Onyankopɔn yɛ papa wɔ ɔkwan a ɛma ɔda nsow wɔ Yesu ho so.
Onyankopɔn Akoa a Ɔbrɛ ne ho Ase
BERE ne bere mu no, Yesu kaa nsɛm te sɛ eyi: “Ɔba no ankasa ntumi nyɛ nea ɔpɛ, nea ohu Agya no sɛ ɔyɛ nkutoo na ɔno nso yɛ.” (Yohane 5:19, The Holy Bible, a Monsignor R. A. Knox yɛe) “Misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa me pɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” (Yohane 6:38) “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.” (Yohane 7:16) So nea ɔsoma obi no nkorɔn nsen nea wɔsoma no no?
Saa abusuabɔ yi da adi wɔ Yesu bɛ a ɛfa bobe turo ho no mu. Ɔde Onyankopɔn a ɔyɛ n’Agya no totoo bobe turo no wura a otuu kwan kɔɔ akyirikyiri na ɔde hyɛɛ akuafo a na wogyina hɔ ma Yudafo asɔfo no nsa no ho. Akyiri yi bere a owura no somaa akoa bi sɛ onkogye bobe turo no aba bi no, akuafo no boroo akoa no na wɔma ɔde nsapan san kɔe. Afei owura no somaa akoa a ɔto so abien, ne akyiri yi nea ɔto so abiɛsa ma wɔyɛɛ wɔn baanu no nyinaa nso saa ara. Awiei koraa no, owura no kae sɛ: “Mɛsoma me dɔba [Yesu]; ebia wɔbɛfɛre no.” Nanso akuafo bɔne no kae sɛ: “Ɔdedifo no ni; momma yenkum no na apɛgyade no nyɛ yɛn de. Na wɔtwee no fii bobe turo mu hɔ kokum no.” (Luka 20:9-16) Saa kwan yi so na Yesu yɛɛ n’ankasa gyinabea sɛ obi a Onyankopɔn somaa no sɛ ɔmmɛyɛ Onyankopɔn apɛde, sɛnea agya soma ɔba a ɔbrɛ ne ho ase no ho mfatoho.
Yesu akyidifo buu no bere nyinaa sɛ Onyankopɔn akoa a ɔbrɛ ne ho ase, ɛnyɛ sɛ obi a ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. Wɔbɔɔ Onyankopɔn mpae faa “w’abofra kronkron Yesu a woasra no . . . na wɔnam w’abofra kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade” no ho.—Asomafo no Nnwuma 4:23, 24, 27, 30.
Onyankopɔn Korɔn Bere Nyinaa
YESU som adwuma no mfiase pɛɛ, bere a ofi nsu a wɔbɔɔ no asu wom no mu puei no, Onyankopɔn nne fi soro kae sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:16, 17) So na Onyankopɔn reka sɛ ɔyɛ ne ho ankasa ba, sɛ ɔsɔ ne ho ani, sɛ ɔsomaa ne ho? Dabi, na Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no reka sɛ na ɔno, sɛ obi a ɔkorɔn no, repene obi a osua, ne Ba Yesu so ama adwuma a ɛda n’anim.
Yesu daa korɔn a n’Agya korɔn no adi bere a ɔkae sɛ: “[Yehowa] honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo” no. (Luka 4:18) Sra a wɔsra obi no betumi akyerɛ tumi anaasɛ ahyɛde a obi a ɔkorɔn de ma obi a na onni tumi dedaw. Ɛda adi pefee wɔ ha sɛ Onyankopɔn ne nea ɔkorɔn, efisɛ ɔno na ɔsraa Yesu, na ɔmaa no tumi a na onni kan no.
Yesu maa korɔn a n’Agya korɔn no mu daa hɔ bere a asuafo baanu na bisae sɛ ne mma no biako ntra Yesu nifa na obiako nso ntra benkum bere a waba n’ahenni mu no. Yesu buae sɛ: “Me nifa ne me benkum tra de, ɛnyɛ me dea sɛ mede mɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya [kyerɛ sɛ Onyankopɔn] asiesie ama wɔn.” (Mateo 20:23) Sɛ na Yesu ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn a, anka saa dibea ahorow no bɛyɛ ne de sɛ ɔde bɛma. Nanso na Yesu rentumi mfa mma efisɛ na ɛyɛ Onyankopɔn de sɛ ɔde bɛma, na na Yesu nyɛ Onyankopɔn.
Yesu ankasa mpaebɔ ahorow yɛ ba a ɔba fam no ho adanse a tumi wom. Bere a Yesu reyɛ awu no, ɔkyerɛɛ onii a ɔkorɔn sen no no denam mpae a ɔbɔe no so: “Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ.” (Luka 22:42) Hena na na ɔrebɔ no mpae no? N’ankasa fã bi anaa? Dabi, na ɔrebɔ obi a ɔyɛ soronko, n’Agya, Onyankopɔn, a na ne pɛ korɔn na ebetumi ayɛ soronko wɔ n’ankasa de ho, Obi a ɔno nkutoo na na obetumi ‘ama kuruwa yi atwa ne ho akɔ,’ no mpae.
Afei, bere a Yesu bɛn owu no, ɔteɛɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?” (Marko 15:34) Hena na na Yesu reteɛm afrɛ no no? N’ankasa ho anaasɛ ne fã bi? Ɛda adi yiye sɛ na saa nteɛm “Me Nyankopɔn” no nyɛ nea efi obi a obu n’ankasa ho sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nkyɛn. Na sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn a, ɛnde hena na na wagyaw no no? N’ankasa? Ɛno bɛyɛ nea ntease nnim. Yesu kae nso sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ.” (Luka 23:46) Sɛ na Yesu ne Onyankopɔn a, ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔde ne honhom hyɛ Agya no nsa?
Yesu wui akyi no, odii ɔda mu nnansa. Sɛ na ɔno ne Onyankopɔn a, ɛnde na Habakuk 1:12, NW, di mfomso bere a ɛka sɛ: “Me Nyankopɔn, me Kronkronni, worenwu” no. Nanso Bible no se Yesu wui na na onnim hwee wɔ ɔda no mu. Na hena na onyan Yesu fii awufo mu? Sɛ owui ampa a, ɔrentumi nnyan ne ho. Ɔkwan foforo so no, sɛ wanwu ankasa de a, anka wu a ɔyɛɛ sɛ nea wawu no rentumi ntua Adam bɔne ho agyede no. Nanso otuaa saa bo no nyinaa denam ne wu a na ɛyɛ nokware no so. Enti ‘Onyankopɔn na onyan no, na ɔsan owuyaw hama no.’ (Asomafo no Nnwuma 2:24) Ade Nyinaa so Tumfoɔ a ɔkorɔn no nyan n’akoa Yesu a na osua no fii awufo mu.
So tumi a na Yesu wɔ sɛ ɔyɛ anwonwade, te sɛ nkurɔfo a onyan wɔn fii awufo mu no kyerɛ sɛ na ɔne Onyankopɔn? Wiɛ, na asomafo no ne adiyifo Elia ne Elisa nso wɔ saa tumi no. Nanso, ɛno amma wɔansen nnipa. Onyankopɔn na ɔde tumi a wɔde yɛ anwonwade no maa adiyifo no, Yesu, ne asomafo no de kyerɛe sɛ na Ogyina wɔn akyi. Nanso ɛno amma wɔn mu bi ammɛyɛ Onyamesu bi a ɛdɔɔso fã.
Na Yesu Nimdeɛ wɔ Anohyeto
BERE a Yesu de ne nkɔmhyɛ a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho no mae no, ɔkyerɛe sɛ: “Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no nso nnim, na Ɔba no nso nnim, gye Agya no.” (Marko 13:32) Sɛ na Yesu yɛ Onyamesu bi fã sɛ Ɔba a ɔne wɔn a aka no yɛ pɛ a, anka obehu nea Agya no nim. Nanso na Yesu nnim, efisɛ na ɔne Onyankopɔn nyɛ pɛ.
Ɔkwan a ɛte saa ara so no, yɛkenkan wɔ Hebrifo 5:8 sɛ Yesu “suaa amane a ohui no mu osetie.” So yebetumi de yɛn ani abu sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn sua biribi? Dabi, nanso Yesu suae, efisɛ na onnim biribiara a Onyankopɔn nim. Na na ɛsɛ sɛ osua biribi a ɛho nhia da sɛ Onyankopɔn sua—osetie. Obiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn yɛ osetie ma no.
Ná nea Onyankopɔn nim ne nea Kristo nim no mu nsonsonoe no wɔ hɔ bere a wonyan Yesu fii awufo mu kɔɔ ɔsoro ma ɔkɔkaa Onyankopɔn ho no nso. Hyɛ nsɛm a edi kan wɔ Bible mu nhoma a etwa to no mu no nsow: “Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no.” (Adiyisɛm 1:1) Sɛ na Yesu ankasa yɛ Onyamesu bi fã a, so anka Onyamesu no mu ɔfã foforo—Onyankopɔn—de adiyi bi bɛma no? Akyinnye biara nni ho sɛ anka obehu ɛho nsɛm nyinaa, efisɛ na Onyankopɔn nim. Nanso na Yesu nnim, efisɛ na ɔnyɛ Onyankopɔn.
Yesu da so Ara Hyɛ Obi Ase
WƆ YESU asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani mu, ne afei nso bere a na ɔwɔ asase so no, na ɔhyɛ Onyankopɔn ase. Ne wusɔre no akyi no, ɔda so ara wɔ gyinabea bi a ɔhyɛ n’ase, sɛ nea ɔto so abien.
Petro ne wɔn a na wɔka ne ho no reka Yesu wusɔre no ho asɛm no, wɔka kyerɛɛ Yudafo Sanhedrin no sɛ: “Onyankopɔn maa [Yesu] . . . so kɔɔ ne nifa.” (Asomafo no Nnwuma 5:31) Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn nso ama ne so kɛse.” (Filipifo 2:9) Sɛ na Yesu ne Onyankopɔn a, ɔkwan bɛn so na wɔmaa Yesu so, kyerɛ sɛ, wɔmaa no so kɔɔ gyinabea a ɛkorɔn sen nea na ɔwɔ dedaw mu? Ná anka ɛbɛyɛ nea wɔama no so dedaw sɛ Baasakoro no fã. Sɛ na Yesu ne Onyankopɔn yɛ pɛ ansa na ɔrema ne so a, anka ma a wɔbɛma ne so bio no bɛma wakorɔn asen Onyankopɔn.
Paulo kae nso sɛ Kristo hyɛn “ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.” (Hebrifo 9:24) Sɛ wukoyi wo ho adi obi anim a, ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ayɛ saa onipa no ara? Worentumi. Ɛsɛ sɛ woyɛ obi foforo ne nea ɛsono no.
Ɔkwan a ɛte saa ara so no, aka bere tiaa bi ma wɔasiw mogya dansefo Stefano abo akum no no, “ɔhwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa.” (Asomafo no Nnwuma 7:55) Ɛda adi pefee sɛ ohuu nnipa ahorow abien—nanso na honhom kronkron biara nni hɔ, na Baasakoro Nyamesu biara nni hɔ.
Wɔ asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 4:8 kosi 5:7 no mu no, wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn te ne soro ahengua so, nanso Yesu nte so bi. Ɛsɛ sɛ ɔkɔ Onyankopɔn anim na okogye nhoma mmobɔwee fi Onyankopɔn nsa nifa mu. Eyi kyerɛ sɛ wɔ ɔsoro no, Yesu nyɛ Onyankopɔn na mmom ɔyɛ soronko wɔ Onyankopɔn ho.
Nea ɛne nea yɛaka no hyia no, Bulletin of the John Rylands Library a ɛwɔ Manchester, England no kyerɛ sɛ: “Wɔ Yesu wusɔre akyi ɔsoro asetra no mu no, wɔda no adi sɛ obi a ɔde ne ho ɔkwan biara so na ɛnyɛ ɔno ara ne Onyankopɔn sɛnea na ɛte wɔ n’asase so asetra sɛ onipa Yesu no mu no. Nokwarem no, ɔka Onyankopɔn ho na wotumi de no toto Onyankopɔn ho sɛ Onyankopɔn soro bagua no mu ɔsoroni foforo biara, sɛnea na abɔfo no te no—ɛwom sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba, ɔwɔ gyinabea a ɛyɛ soronko mu, na ɔkorɔn sen wɔn koraa de.”—Fa toto Filipifo 2:11 ho.
Bulletin no ka nso sɛ: “Nanso, nea wɔka fa n’asetra ne ne dwumadi sɛ ɔsoroni Kristo ho no nyɛ nea ɛkyerɛ ɔkwan biara so sɛ wɔ ɔsoro gyinabea no mu no, ɔne Onyankopɔn ankasa yɛ pɛ na ɔyɛ Onyankopɔn wie. Nea ɛne no bɔ abira no, yehu sɛnea Apam Foforo no ka ne ho asɛm sɛ onipa wɔ ɔsoro ne ne som adwuma no mu nyinaa sɛ ɔyɛ soronko wɔ Onyankopɔn ho na ɔhyɛ n’ase.”
Wɔ daakye daa asetra wɔ ɔsoro no mu no, Yesu bɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn akoa a ɛsono no, na ɔde ne ho hyɛ n’ase. Bible no ka no saa kwan yi so: “Ansa na awiei no di hɔ a [Yesu a ɔwɔ ɔsoro no] de ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa, . . . Ɛno na ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.”—1 Korintofo 15:24, 28.
Yesu Anka da sɛ Ɔne Onyankopɔn
BIBLE no gyinabea yɛ nea emu da hɔ fann. Ɛnyɛ sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn Yehowa yɛ soronko wɔ Yesu ho nko na mmom Ɔkorɔn sen no bere nyinaa. Wɔka Yesu ho asɛm bere nyinaa sɛ ɛsono no na ɔba fam, Onyankopɔn akoa a ɔbrɛ ne ho ase. Enti na Bible no ka no fann sɛ “Kristo ti ne Nyankopɔn” sɛnea “ɔbarima biara ti ne Kristo” no ara no. (1 Korintofo 11:3) Na eyi nti na Yesu ankasa kae sɛ: “Agya no yɛ kɛse sen me” no.—Yohane 14:28; RS, Katolekfo de.
Nokwasɛm no ne sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn na ɔnkaa saa da. Nhomanimfo pii gye eyi tom. Sɛnea Rylands Bulletin no kyerɛ no: “Ɛsɛ sɛ wogye nokwasɛm no tom sɛ nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ Apam Foforo no mu bɛyɛ mfe aduasa anaa aduanan a atwam no mu no ama Apam Foforo no mu nhomanimfo a wɔwɔ din pii de aba awiei sɛ ɛda adi sɛ Yesu . . . annye anni da sɛ n’ankasa ne Nyankopɔn.”
Bulletin no ka afeha a edi kan Kristofo no ho asɛm nso sɛ: “Enti, bere a wɔde abodin ahorow a nidi wom te sɛ Kristo, onipa Ba, Onyankopɔn Ba ne Awurade frɛɛ Yesu no, na eyinom nyɛ akwan a wɔnam so ka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn, na mmom sɛ ɔyɛɛ Onyankopɔn adwuma.”
Enti, nyamesom mu nhomanimfo binom mpo gye tom sɛ adwene a ɛne sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn no sɔre tia Bible no mu adanse nyinaa. Emu no, Onyankopɔn korɔn bere nyinaa, na Yesu yɛ akoa a ɔhyɛ n’ase.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
‘Apam Foforo no mu nhwehwɛmu ama nhomanimfo pii de aba awiei sɛ ɛda adi sɛ Yesu annye anni da sɛ n’ankasa ne Nyankopɔn.’—Bulletin of the John Rylands Library
[Kratafa 17 mfonini]
Yesu ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.”—Yohane 6:38
[Kratafa 18 mfonini]
Bere a Yesu teɛɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?” no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɛnyɛ nea ogye di sɛ n’ankasa ne Onyankopɔn