Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • dg ɔfã 4 kr. 9-10
  • Onyankopɔn Ma Yehu N’atirimpɔw Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Ma Yehu N’atirimpɔw Ahorow
  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhe na Mmuae no Wɔ?
  • Onyankopɔn Akyɛde
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nyansa a Ɛkorɔn Fibea a Ɛda Nsow
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Bible Nhoma a Ɛda Nsow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
dg ɔfã 4 kr. 9-10

Ɔfã 4

Onyankopɔn Ma Yehu N’atirimpɔw Ahorow

1, 2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn ma wɔn a wofi koma pa mu bisa nsɛm no mmuae?

NOKWAREM no, Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ da n’atirimpɔw ahorow adi kyerɛ nnipa komapafo a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no. Ɔma nnipa a wobisa nsɛm no nya nsemmisa te sɛ dɛn nti na wama amanehunu ho kwan ho mmuae ahorow.

2 Bible no ka sɛ: “Sɛ wohwehwɛ [Onyankopɔn] a, ɔbɛma woahu no.” “Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a Oyi ahintasɛm adi.” “[Amansan Hene Yehowa] renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.”—1 Beresosɛm 28:9; Daniel 2:28; Amos 3:7.

Ɛhe na Mmuae no Wɔ?

3. Ɛhe na yebehu nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan?

3 Wohu nsemmisa te sɛ dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan ne nea ɔbɛyɛ wɔ ho no ho mmuae wɔ kyerɛwtohɔ a ɔma wɔyɛe na ɛso aba yɛn mfaso no mu. Saa kyerɛwtohɔ no ne n’Asɛm, Kyerɛw Kronkron no. “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.

4, 5. Dɛn na ɛma Bible no yɛ nhoma a ɛda nsow?

4 Nokwarem no, Bible no yɛ nhoma a ɛda nsow. Ekura adesamma abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ nokware sen biara, na ɛka bere a na wɔmmɔɔ adesamma mpo ho asɛm. Eye ma yɛn bere yi nso, efisɛ emu nkɔmhyɛ ahorow no fa nsɛm a ebesisi wɔ yɛn bere yi so ne daakye a enni akyiri no nso ho.

5 Nhoma foforo biara nni hɔ a ɛwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ emu abakɔsɛm yɛ nokware saa. Sɛ nhwɛso no, tete nhoma akyerɛwfo nsaano nkyerɛwee kakraa bi pɛ na ɛwɔ hɔ. Nanso Bible nsaano nkyerɛwee pii, a ebinom yɛ ne fã bi, na ebinom nso yɛ nhoma mũ no nyinaa, na ɛwɔ hɔ: Hebri Kyerɛwnsɛm (“Apam Dedaw” no mu nhoma 39 no) bɛyɛ 6,000 ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (“Apam Foforo” no mu nhoma 27 no) bɛyɛ 13,000.

6. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ Bible no da so ara te sɛ nea na ɛte bere a Onyankopɔn ma wɔkyerɛw no?

6 Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn a ɔma wɔkyerɛw Bible no ahwɛ ma wɔakora emu nsɛm no so wɔ saa nsaano nkyerɛwee no mu. Enti Bible a yɛwɔ nnɛ no te sɛ nkyerɛwee ahorow a wofi honhom mu kyerɛwee mfiase no ara pɛ. Ade foforo a ɛboa yɛn ma yehu eyi ne sɛ wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee no binom bɛyɛ bere a wɔkyerɛw nea edi kan koraa no akyi mfe ɔha. Tete wiasefo nhoma akyerɛwfo nsaano nkyerɛwee kakraa bi a ɛda so ara wɔ hɔ no yɛ nea wɔkyerɛw no wɔ wɔn a wodii kan kyerɛwee no bere akyi bɛyɛ mfehaha bi mpo.

Onyankopɔn Akyɛde

7. Bible no dodow ahe na wɔakyekyɛ?

7 Bible no ne nhoma a wɔakyekyɛ pii sen biara wɔ abakɔsɛm mu. Wɔatintim mfuamfua bɛyɛ ɔpepepem abiɛsa. Nhoma foforo biara dodow nnu saa. Na wɔakyerɛ Bible no anaa ne fã bi ase akɔ kasa horow bɛboro 2,000 mu. Enti, wobu akontaa sɛ yɛn okyinsoroma yi sotefo ɔha biara mu nkyem 98 nsa betumi aka Bible no.

8-10. Ntease ahorow bɛn nti na ɛfata sɛ yɛhwehwɛ Bible no mu?

8 Nokwarem no, ɛfata sɛ yɛhwehwɛ nhoma a ɛka sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn na adanse a emfi nhoma no ankasa mu ne nea efi mu nyinaa kyerɛ sɛ ɛyɛ nokware no mu.a Ɛkyerɛkyerɛ asetram atirimpɔw, nea wiase nsɛm tebea kyerɛ, ne nea ɛbɛba daakye no mu. Nhoma foforo biara rentumi nyɛ saa.

9 Yiw, Bible no so na Onyankopɔn nam ne adesamma abusua no di nkitaho. Ɔnam n’adeyɛ tumi, anaa honhom so de ne kyerɛw ho akwankyerɛ mae, na nnipa bɛyɛ 40 na wɔkyerɛwee. Enti Onyankopɔn nam n’Asɛm, Kyerɛw Kronkron no so na ɔne yɛn kasa. Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa.”—1 Tesalonikafo 2:13.

10 Abraham Lincoln, United States ɔmampanyin a ɔto so 16 no frɛɛ Bible no sɛ “akyɛde a eye sen biara a Onyankopɔn de ama nnipa pɛn . . . Ɛnyɛ ɛno a, anka yɛrenhu papa ne bɔne.” Ɛnde, afei, dɛn na akyɛde a eye kyɛn so yi ka kyerɛ yɛn wɔ sɛnea amanehunu fii ase, nea enti a Onyankopɔn maa ho kwan, ne nea ɔbɛyɛ wɔ ho no ho?

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nokware a Bible no yɛ ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma The Bible—God’s Word or Man’s?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe wɔ 1989 mu no mu.

[Kratafa 10 mfonini]

Bible no a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne ade a ɔnam so ne adesamma abusua no di nkitaho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena