Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • pr ɔfã 3 kr. 10-16
  • Nyansa a Ɛkorɔn Fibea a Ɛda Nsow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyansa a Ɛkorɔn Fibea a Ɛda Nsow
  • Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhoma a Akyɛ na Wɔakyekyɛ Bebree Sen Biara
  • Ɛne Nyansahu Hyia Pɛpɛɛpɛ
  • Abakɔsɛm Mu Nokwasɛm
  • Emu Nsɛm a Ehyia ne Nokwaredi
  • Ade a Ɛma Ɛda Nsow Sen Biara
  • Nkɔmhyɛ a Abam
  • Ɛde Mmuae no Ma
  • Bible No​—So Efi Nyankopɔn Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nhoma Yi Ne Nyansahu Hyia?
    Amansan Nhoma
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
pr ɔfã 3 kr. 10-16

Ɔfã 3

Nyansa a Ɛkorɔn Fibea a Ɛda Nsow

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Bible no mu?

1 So Bible no ne nyansa a ɛkorɔn no ho kyerɛwtohɔ anaa? So ebetumi ama yɛn nsemmisa a ɛho hia a ɛfa asetra atirimpɔw ho no ho mmuae a ɛyɛ nokware?

2 Ɛda adi sɛ ɛfata sɛ yɛhwehwɛ Bible no mu. Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ ɛyɛ nhoma a ɛyɛ soronko sen biara, na ɛda nsow koraa wɔ nhoma foforo biara ho. Susuw nokwasɛm ahorow a edidi so yi ho.

Nhoma a Akyɛ na Wɔakyekyɛ Bebree Sen Biara

3, 4. Bible no adi mfe ahe?

3 Bible no yɛ nhoma a akyɛ sen biara a wɔakyerɛw pɛn, na wɔkyerɛw n’afã bi bɛyɛ mfe 3,500 ni. Akyɛ sen nhoma foforo biara a wobu no kronkron mfehaha pii. Wɔkyerɛw emu nhoma 66 no mu nea edi kan no bɛyɛ mfe apem ansa na wɔrewo Budha ne Konfusio, na wɔkyerɛwee mfe mpem abien ansa na wɔrewo Muhammad.

4 Abakɔsɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible no mu no ka adesamma abusua no mfiase ho asɛm, na ɛkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a yɛbaa asase so ha no mu. Ɛka bere a na wɔmmɔɔ onipa mpo ho asɛm kyerɛ yɛn, na ɛma yehu asase no bɔ ho nokwasɛm ahorow.

5. Sɛ wɔde toto tete wiase nkyerɛwee ahorow ho a, tete Bible nkyerɛwee ahe na ɛwɔ hɔ?

5 Nyamesom nhoma afoforo, ne afei nea ɛnyɛ nyamesom de no tete nkyerɛwee kakraa bi pɛ na ɛwɔ hɔ. Bible mũ no anaa ne fã bi a wɔde nsa akyerɛw a ɛwɔ Hebri ne Hela kasa mu bɛyɛ 11,000 wɔ hɔ, na ebinom bɛn bere a wɔkyerɛw nea edi kan no. Eyinom akɔ so atra hɔ ɛwom sɛ wɔde mmɔden kɛse ako atia Bible no sen sɛnea yebetumi asusuw ho de.

6. Wɔakyekyɛ Bible no pii akodu he?

6 Afei nso, wɔakyekyɛ Bible no bebree sen nhoma biara wɔ abakɔsɛm mu. Wɔakyekyɛ Bible mũ no anaa ne fã bi bɛboro ɔpepepem abiɛsa wɔ kasa horow bɛyɛ mpem abien mu. Wɔaka sɛ adesamma abusua no mu ɔha biara mu nkyem 98 wɔ Bible no fã bi wɔ wɔn ankasa kasa mu. Nhoma foforo biara nni hɔ a dodow a wɔakyekyɛ no bɛn no.

7. Dɛn na wobetumi aka wɔ nokware a Bible no yɛ no ho?

7 Afei nso, tete nhoma biara nni hɔ a emu nsɛm yɛ nokware te sɛ Bible no. Nyansahufo, abakɔsɛm akyerɛwfo, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma, asase ho nsɛm ne kasa ho abenfo, ne afoforo kɔ so di adanse sɛ Bible no yɛ nokware.

Ɛne Nyansahu Hyia Pɛpɛɛpɛ

8. Bible no yɛ nokware dɛn wɔ nyansahu nsɛm ho?

8 Sɛ́ nhwɛso no, ɛwom sɛ wɔankyerɛw Bible no sɛ nyansahu ho nhoma de, nanso sɛ ɛka nyansahu ho asɛm a, ɛne nokware nyansahu hyia. Nanso, nyansahu ho anansesɛm, mfomso ahorow, ne atosɛm ankasa wɔ tete nhoma afoforo a wobu no kronkron no mu. Susuw nhwɛso pii a ɛkyerɛ sɛ Bible no ne nyansahu hyia no anan pɛ ho:

9, 10. Sɛ́ anka Bible no bɛda ne bere so adwenhorow a ennyina nyansahu so adi no, dɛn na ɛkae wɔ nea asase sɛn so no ho?

9 Sɛnea asase sɛn ahunmu. Bere a na wɔrekyerɛw Bible no wɔ tete no, na sɛnea asase sɛn ahunmu no ho adwenhorow pii wɔ hɔ. Ná ebinom gye di sɛ asono anan a wogyina apohuru kɛse bi so na wɔso asase no. Aristotle, afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu Helani nyansapɛfo ne nyansahufo no kyerɛkyerɛe sɛ asase no ntumi nsɛn ahunmu a hwee nkura mu da. Mmom no, ɔkyerɛkyerɛe sɛ ɔsoro abɔde no fomfam nneɛma nkurukuruwa denneennen hanahana bi anim, na ebiara fam foforo ho. Ɔkyerɛe sɛ asase no fam nea ɛwɔ mfinimfini pɛɛ no ho, na nea ɛwɔ ano pɛɛ no na ekura nsoromma ahorow no mu.

10 Nanso, sɛ́ anka Bible no bɛda saa bere no mu adwenhorow a ɛne nyansahu nhyia no adi no, ɛkae tiawa (wɔ bɛyɛ afe 1473 A.Y.B. mu) sɛ: “[Onyankopɔn de] asase sɛn nea biribi nni.” (Hiob 26:7) Wɔ mfitiase Hebri kasa mu no, asɛm a wɔkyerɛ ase sɛ “nea biribi nni” no kyerɛ sɛ “hwee nni hɔ,” na ɛha nkutoo na epue wɔ Bible no mu. Nhomanimfo gye asɛm a ɛka sɛ asase no sɛn ahunmu no tom sɛ anwonwade a Bible no hu siei wɔ ne bere so. Theological Wordbook of the Old Testament se: “Hiob 26:7 ka wiase a na wonim saa bere no ho asɛm sɛ ɛsɛn ahunmu ma ɛyɛ nwonwa, ma enti ɛmaa wɔhwɛɛ kwan sɛ nyansahufo behu nneɛma afoforo daakye.”

11, 12. Bere bɛn na afei nnipa tee nokware a Hiob 26:7 yɛ no ase?

11 Bible no kaa nokwasɛm yi bɛboro mfe 1,100 ansa na wɔrewo Aristotle. Nanso, wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ Aristotle adwene no sɛ nokwasɛm wɔ ne wu akyi bɛyɛ mfe 2,000! Awiei koraa, wɔ 1687 Y.B. mu no, Sir Isaac Newton tintim nea ohui a ɛne sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam a ɛwɔ asase ne ɔsoro ntam no na ekura asase no mu no. Nanso ɔkyerɛw eyi wɔ bere a na Bible no aka no tiawa koraa sɛ asase sɛn “nea biribi nni” no akyi bɛyɛ mfe 3,200.

12 Yiw bɛyɛ mfe 3,500 ni no, Bible no kaa nokware sɛ biribi a aniwa hu nkura asase no mu, na ɛyɛ nokwasɛm a ɛne tumi a ɛtwe ade ba fam ne ahokeka ho mmara ahorow a wɔtee ase nkyɛe koraa no hyia. Nhomanimfo bi kae sɛ: “Nea ɛyɛe a Hiob huu nokwasɛm yi no yɛ ade a ɛyɛ den sɛ wɔn a wɔka sɛ wɔamfi honhom mu na wɔkyerɛw Kyerɛw Kronkron no bɛte ase.”

13. Mfeha pii a atwam ni no, adwene bɛn na nkurɔfo nyae wɔ sɛnea asase no te ho, nanso dɛn na ɛmaa wɔsakraa wɔn nsusuwii?

13 Asase no tebea. The Encyclopedia Americana kae sɛ: “Adwene a edi kan koraa a nnipa nyae wɔ asase no ho ne sɛ ɛyɛ tratraa, denneennen a ɛwɔ amansan no mfinimfini. . . . Wɔannye adwene a ɛne sɛ asase no yɛ kurukuruwa no antom wɔ mmeae pii kosii sɛ afeha 14 no fii ase.” Ná tete po so ahyɛnkafo binom suro mpo sɛ wɔn po so ahyɛn no befi asase tratraa no so ahwe ase. Nanso ade a ɛkyerɛ ahyɛn kwan ne nkɔanim afoforo a wonyae ma wotumi tuu akwan atenten faa po so. Encyclopedia foforo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Saa akwantu a ɛma wohuu nsase afoforo no kyerɛe sɛ wiase no yɛ kurukuruwa, na ɛnyɛ tratraa sɛnea na nnipa dodow no ara gye di no.”

14. Bible no kaa sɛnea asase no te ho asɛm dɛn, na bere bɛn na ɛkae?

14 Nanso, bere tenten ansa na wɔretu saa akwan no, bɛyɛ mfe 2,700 a atwam ni no, Bible no kae sɛ: “Ɔno na ɔte asase kontonkron so.” (Yesaia 40:22) Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase “kontonkron” wɔ ha no tumi kyerɛ “kurukuruwa” nso, sɛnea nhwehwɛmu nhoma ahorow ka no. Enti Bible nkyerɛase afoforo ka sɛ, “asase kurukuruwa” (Douay Version) ne, “asase hankare.”—Moffatt.

15. Dɛn nti na asase no ho adwenhorow a ennyina nyansahu so annya Bible no so nkɛntɛnso?

15 Enti, nsusuwii horow a ɛne nyansahu bɔ abira a na abu so saa bere no a ɛfa nea ekura asase no mu ne sɛnea ɛte ho no annya Bible no so tumi. Nea enti a amma saa no yɛ tiawa: Nea ɔma wɔkyerɛw Bible no ne amansan Bɔfo no. Ɔno na ɔbɔɔ asase no, enti ɔno na obehu nea ɛsɛn so ne sɛnea ɛte. Enti, bere a ɔnam ne honhom so ma wɔkyerɛw Bible no, ɔhwɛ hui sɛ wɔamfa nsusuwii biara a ɛne nyansahu nhyia anhyem, ɛmfa ho sɛnea ebia na afoforo gye di kɛse saa bere no.

16. Ɔkwan bɛn so na nea wɔde yɛɛ abɔde a nkwa wom no ne Bible asɛm no hyia?

16 Nneɛma a wɔde yɛɛ abɔde a nkwa wom. Genesis 2:7 se: “[Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa.” The World Book Encyclopedia se: “Abɔde a nkwa wom mu nneɛma nyinaa wɔ abɔde a nkwa nnim mu nso.” Enti abɔde a nkwa wom, a onipa ka ho, mu nneɛma atitiriw wɔ asase no ankasa nso mu. Eyi ne Bible asɛm a ɛkyerɛ nea Onyankopɔn de bɔɔ nnipa ne abɔde afoforo a nkwa wom nyinaa no hyia.

17. Dɛn ne nokwasɛm a ɛfa ɔkwan a abɔde a nkwa wom faa so bae no ho?

17 “Sɛnea wɔn su te.” Bible no se Onyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no, na nnipa a wɔaka nyinaa fi wɔn mu na ɛbae. (Genesis 1:26-28; 3:20) Ɛka sɛ saa ara na abɔde afoforo a nkwa wom te sɛ mpataa, nnomaa, ne ntɔteboa yɛe, na wɔbae “sɛnea wɔn su te.” (Genesis 1:11, 12, 21, 24, 25) Eyi ara na nyansahufo ahu wɔ awosu mu, sɛ́ abɔde a nkwa wom biara fi ɔwofo a ɔte sɛ ɔno ara mu na ɛba. Biribiara te saa. Ade a wotumi so mu ho ɔbenfo Raymo ka wɔ eyi ho sɛ: “Nkwa de nkwa ba; ɛkɔ so bere nyinaa wɔ nkwaboaa biara mu. Nanso ɛyɛɛ dɛn na biribi a nkwa wom fii biribi a nkwa nnim mu bae? Ɛyɛ abɔde a nkwa wom ho adesua mu nsemmisa akɛse a wontumi mmuae no biako, na ebedu nnɛ no, abɔde a nkwa wom ho abenfo bɔ wɔn tirim ka biribi kɛkɛ. Ɔkwan bi so no, abɔde a nkwa nnim tumi hyehyɛɛ ne ho sɛ abɔde a nkwa wom. . . . Nanso ɛbɛyɛ sɛ nea Genesis kyerɛwfo no kae no yɛ nokware.”

Abakɔsɛm Mu Nokwasɛm

18. Dɛn na mmaranimfo bi ka wɔ nokware a Bible abakɔsɛm yɛ no ho?

18 Bible no kura tete abakɔsɛm a ɛyɛ nokware sen nhoma biara mu de. Nhoma A Lawyer Examines the Bible ka n’abakɔsɛm mu nokwasɛm ho asɛm sɛ: “Bere a ɔdɔ ho nsɛm, anansesɛm ne atosɛm de ahwɛyiye ka sɛ nsɛm no sisii wɔ akyirikyiri baabi wɔ bere bi a wonnim mu, ma enti ebu mmara horow a edi kan a yɛn, sɛ́ mmaranimfo no sua wɔ asɛm a wodi no yiye wɔ asennibea ho, a ɛne sɛ ‘ɛsɛ sɛ ɔdansefo tumi kyerɛ bere ne beae a asɛm bi sii’ so no, Bible no mu nsɛm kyerɛ bere ne beae a ɛka ho asɛm no pɛpɛɛpɛ.”

19. Dɛn na nhwehwɛmu nhoma bi ka wɔ Bible mu abakɔsɛm a ɛkɔ akyiri ho?

19 The New Bible Dictionary ka sɛ: “[Asomafo no Nnwuma no kyerɛwfo] no kyerɛw ne nsɛm no te sɛ ne bere so abakɔsɛm; ne nhoma no ka nkurow mu asennifo, amradofo, adekurofo ne wɔn a wɔtete saa ho nsɛm pii, na ɛda adi bere biara sɛ beae a ɔka sɛ wofi ne bere a wɔtraa ase no yɛ nokware.”

20, 21. Dɛn na Bible ho ɔbenfo bi ka wɔ Bible mu abakɔsɛm ho?

20 S. Austin Allibone rekyerɛw wɔ The Union Bible Companion mu no, ose: “Ná wonim Sir Isaac Newton . . . nso sɛ obi a ɔkasa tiaa tete nhoma ahorow, na ɔde ahwɛyiye kɛse hwehwɛɛ Kyerɛw Kronkron no mu. Dɛn na ɔka wɔ asɛm yi ho? Ose: ‘Mihu nokware a Apam Foforo no yɛ ho adanse pii sen [wiase] abakɔsɛm nhoma biara.’ Ɔbenfo Johnson ka sɛ yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yesu wui wɔ Calvary, sɛnea wɔaka wɔ Nsɛmpa no mu no, sen adanse a yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Julius Caesar wui wɔ Capitol. Nokwarem no, yɛwɔ adanse a ɛdɔɔso boro so.”

21 Nhoma yi de ka ho sɛ: “Bisa obiara a ose onnye nni sɛ Nsɛmpa no mu abakɔsɛm yɛ nokware no sɛ dɛn nti na ogye di sɛ Caesar wui wɔ Capitol, anaasɛ Paapa Leo III. de Ɔhempɔn Charlemagne sii Atɔe Fam Roma Ahemman no so wɔ [afe] 800 mu? . . . Woyɛ dɛn hu sɛ obi te sɛ Charles I. [a ofi England] atra ase pɛn, na wotwaa ne ti, ne sɛ Oliver Cromwell sii n’ananmu dii ade? . . . Sir Isaac Newton na ohuu tumi a ɛtwe ade ba fam ho mmara no . . . Yegye nsɛm a wɔaka afa mmarima yi ho nyinaa di; na yɛyɛ saa efisɛ yɛwɔ nokware a ɛyɛ no ho abakɔsɛm mu adanse. . . . Sɛ wɔde saa adanse yi ma, na nnipa binom kɔ so pow sɛ wobegye adi a, yebu wɔn sɛ nkwaseafo anaa tiwuifo.”

22. Dɛn nti na ebinom pow sɛ wobegye nokware a Bible no yɛ no atom?

22 Afei nhoma yi de ba awiei sɛ: “Ɛnde, dɛn na yɛbɛka afa wɔn a nokware a Kyerɛw Kronkron yɛ ho adanse bebree a wɔde ama nyinaa akyi no, wɔkyerɛ sɛ wonnye nni no ho? . . . Akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ nea yebegyina so aka sɛ mfomso no fi koma no na ɛnyɛ adwene no;—sɛ wɔmpɛ sɛ wogye biribi a ɛbɛma wɔabrɛ wɔn ho ase na ahyɛ wɔn ma wɔabɔ bra foforo di.”

Emu Nsɛm a Ehyia ne Nokwaredi

23, 24. Dɛn nti na sɛnea Bible no mu nsɛm hyia no yɛ nwonwa kɛse?

23 Fa no sɛ wofii ase kyerɛw nhoma bi wɔ Roma Ahemman no bere so, na wɔkɔɔ so kyerɛwee ara wɔ Mfinimfini Mmere no nyinaa mu na wowiei wɔ afeha 21 yi mu, na nhoma akyerɛwfo pii na wɔkyerɛwee. Dɛn na wobɛhwɛ kwan, bere a nhoma akyerɛwfo no nnwuma gu ahorow te sɛ asraafo, ahemfo, asɔfo, apofofo, nguanhwɛfo ne nnuruyɛfo no? So wobɛhwɛ kwan sɛ nhoma no mu nsɛm behyia na atõatõa mu? Ebia wobɛka sɛ ‘dabida!’ Wɔkyerɛw Bible no wɔ saa tebea ahorow yi ara mu. Nanso, emu nsɛm nyinaa hyia, ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ atitiriw no nko na mmom nsɛm nketewa no nso.

24 Nhoma akyerɛwfo bɛyɛ 40 na wɔde bɛyɛ mfe 1,600 kyerɛw nhoma 66 a ɛka bom yɛ Bible no, fi 1513 A.Y.B. kosi 98 Y.B. Ná nhoma akyerɛwfo no asetram nsɛm tebea ne wɔn nnwuma gu ahorow, na wɔn mu pii ne wɔn ho anhyia da. Nanso, nhoma a wɔkyerɛwee no kura asɛmti titiriw biako a ntease wom wɔ n’afã nyinaa mu, te sɛ nea onipa biako na ɔkyerɛwee. Na nea ɛne adwene a ebinom wɔ nhyia no, ɛnyɛ Atɔe Fam anibuei bi na ɛde Bible no bae, na mmom Apuei Famfo na wɔkyerɛwee.

25. Bible no nokwaredi ne nsɛm a ɛmfa nsuma foa asɛm a Bible akyerɛwfo kae bɛn so?

25 Bere a tete nhoma akyerɛwfo dodow no ara kyerɛw wɔn nkonimdi ne su pa ahorow nkutoo ho asɛm no, Bible akyerɛwfo no gyee wɔn ankasa mfomso ahorow, ne wɔn ahemfo ne akannifo de toom pefee. Wɔakyerɛw Mose mfomso ahorow wɔ Numeri 20:1-13 ne Deuteronomium 32:50-52, na ɔno na ɔkyerɛw saa nhoma no. Yona 1:1-3 ne 4:1 da Yona a ɔkyerɛw saa nsɛm no mfomso ahorow adi. Wɔakyerɛw su horow a ɛmfata a Yesu asuafo no daa no adi wɔ Mateo 17:18-20; 18:1-6; 20:20-28; ne 26:56. Enti, Bible akyerɛwfo no nokwaredi ne nsɛm a wɔamfa ansuma no di Onyankopɔn honhom a wɔkae sɛ ɛno na ɛkaa wɔn no ho adanse.

Ade a Ɛma Ɛda Nsow Sen Biara

26, 27. Dɛn nti na Bible no tumi ka nyansahu ne nneɛma afoforo ho nsɛm pɛpɛɛpɛ saa?

26 Bible no ankasa kyerɛ nea enti a ɛka nyansahu, abakɔsɛm, ne nneɛma afoforo ho nokwasɛm pɛpɛɛpɛ na ɛne ne ho hyia no. Ɛkyerɛ sɛ Ɔteasefo Pumpuni no, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, Amansan no Bɔfo ne Bible no kyerɛwfo. Ɔde Bible akyerɛwfo a wɔyɛ nnipa no dii dwuma sɛ n’akyerɛwfo kɛkɛ, na ɔde n’adeyɛ tumi a ano yɛ den no kanyan wɔn ma wɔkyerɛw nea ɔde honhom kaa wɔn sɛ wɔnkyerɛw no.

27 Ɔsomafo Paulo ka wɔ Bible no mu sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso, ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” Na ɔsomafo Paulo kae nso sɛ: “Munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa.”—2 Timoteo 3:16, 17; 1 Tesalonikafo 2:13.

28. Ɛnde, Bible no fi he?

28 Enti Bible no fi Ɔkyerɛwfo biako—Onyankopɔn—adwene mu. Na esiane ne tumi nwonwaso no nti, na ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔakora nea wɔkyerɛwee no mu nokware so de abesi yɛn bere yi so. Sir Frederic Kenyon, Bible nkyerɛwee ho ɔbenfo a wagye din no kae wɔ 1940 mu sɛ: “Afei de wɔayi ade a edi akyiri a na wogyina so gye akyinnye sɛ ebia yɛn nsa aka Kyerɛwnsɛm no sɛnea na ɛte bere a wɔkyerɛwee no afi hɔ.”

29. Mfatoho bɛn na yebetumi ayɛ wɔ tumi a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔne nkurɔfo bedi nkitaho no ho?

29 Nnipa tumi de nsɛnkyerɛnne fi wim akwansin mpempem pii ba asase so ma yɛn nsa ka wɔ radio ne television so. Ahunmu ahyɛn atumi de nneɛma ne mfonini horow afi okyinsoromma ahorow a ɛne asase ntam kwan yɛ akwansin ɔpepem pii so aba asase so. Akyinnye biara nni ho sɛ anyɛ yiye koraa no, onipa Bɔfo no, mframa tumi a ɛboa radio dwumadi no Bɔfo betumi ayɛ saa ara. Nokwarem no, na ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ ɔde ade nyinaa so tumi a ɔwɔ no bedi dwuma de nsɛm ne mfonini ahorow ahyɛ wɔn a ɔpaw wɔn sɛ wɔnkyerɛw Bible no adwene mu.

30. So Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa hu atirimpɔw a ɔwɔ ma wɔn?

30 Afei nso asase no ne nkwa a ɛwɔ so ho nsɛm pii di adanse sɛ Onyankopɔn ani gye adesamma ho. Enti, ntease wom sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔboa nnipa ma wohu nipa ko a ɔyɛ ne atirimpɔw a ɔwɔ ma wɔn denam eyinom a ɔbɛka pefee wɔ nhoma bi mu—nhoma bi a ɛbɛtra hɔ bere nyinaa—so.

31. Dɛn nti na nkrasɛm a wɔde honhom kaa nkurɔfo ma wɔkyerɛwee bɛyɛ papa koraa asen asɛm a wɔde ano ka?

31 Afei nso, susuw sɛnea sɛ wɔde nhoma a Onyankopɔn hwɛ ma wɔkyerɛwee toto nnipa atetesɛm a wɔka kyerɛ ho a, ɛkorɔn no ho. Wontumi mfa ho nto asɛm a wɔde ano ka kyerɛ so, efisɛ nkurɔfo bɛka no ɔkwan foforo so, na bere bi akyi no, wobekyia ntease a ɛwom no. Anka wɔbɛka asɛm no ma ɛne wɔn ankasa adwene ahyia. Nanso mfomso ntumi mma kyerɛwtohɔ a Onyankopɔn de honhom kaa nkurɔfo ma wɔkyerɛwee a ɛwɔ hɔ bere nyinaa no mu. Afei nso, wobetumi asan atintim bi na wɔakyerɛ ase na ama nnipa a wɔkenken kasa ahorow atumi anya so mfaso. Enti so ntease nnim sɛ yɛn Bɔfo no faa saa kwan no so de nsɛm mae? Nokwarem no, ntease wom dodo, efisɛ Ɔbɔadeɛ no se saa na ɔyɛe.

Nkɔmhyɛ a Abam

32-34. Dɛn na ɛwɔ Bible no mu a enni nhoma foforo biara mu?

32 Afei nso, Bible no wɔ honhom so a wɔnam kyerɛwee no agyiraehyɛde bi a ɛda nsow yiye: Ɛyɛ nhoma a nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu na egu so nya mmamu pɛpɛɛpɛ wom.

33 Sɛ́ nhwɛso no, wɔhyɛɛ tete Tiro sɛe, Babilon asehwe, Yerusalem a wɔbɛsan akyekye, ne Medo-Persia ne Hela ahene mmae ne wɔn asehwe ho nkɔm kɔɔ akyiri wɔ Bible no mu. Ná nkɔmhyɛ no yɛ nokware araa ma akasatiafo binom bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ nsɛm no sisii ansa na wɔrekyerɛw, nanso anyɛ yiye.—Yesaia 13:17-19; 44:27–45:1; Hesekiel 26:3-6; Daniel 8:1-7, 20-22.

34 Yerusalem sɛe wɔ 70 Y.B. mu ho nkɔm ahorow a Yesu hyɛe no baam pɛpɛɛpɛ. (Luka 19:41-44; 21:20, 21) Na “nna a edi akyiri” ho nkɔm ahorow a Yesu ne ɔsomafo Paulo hyɛe no renya mmamu kɛse wɔ yɛn ankasa yɛn bere yi mu.—2 Timoteo 3:1-5, 13; Mateo 24; Marko 13; Luka 21.

35. Dɛn nti na Bible nkɔmhyɛ betumi afi Ɔbɔadeɛ no nkutoo hɔ?

35 Onipa adwene biara nni hɔ a nyansa a ɛwɔ nyinaa akyi no, ebetumi ahyɛ nkɔm pɛpɛɛpɛ saa. Amansan no Bɔfo a ɔwɔ tumi ne nyansa sen obiara no adwene nkutoo na ebetumi ayɛ saa, sɛnea yɛkenkan wɔ 2 Petro 1:20, 21 no: “Kyerɛw mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛase so; efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea honhom kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.”

Ɛde Mmuae no Ma

36. Dɛn na Bible no ka kyerɛ yɛn?

36 Enti, wɔ akwan pii so no, Bible no kura adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Ɔteasefo Pumpuni no Asɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee. Ɛno nti, ɛka nea enti a nnipa te asase so, nea enti a amanehunu pii wɔ hɔ, faako a yɛbɛtra daakye, ne sɛnea tebea horow bɛsakra ayɛ papa ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɛda no adi kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn pumpuni bi wɔ hɔ a atirimpɔw bi nti ɔbɔɔ nnipa ne asase yi, ne sɛ n’atirimpɔw no bɛbam. (Yesaia 14:24) Afei nso Bible no da nea nokware som yɛ ne sɛnea yebetumi ahu adi kyerɛ yɛn. Enti, ɛno nkutoo ne nyansa a ɛkorɔn fibea a ebetumi aka asetra ho nsemmisa a ɛho hia nyinaa ho nokware akyerɛ yɛn.—Dwom 146:3; Mmebusɛm 3:5; Yesaia 2:2-4.

37. Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wobisa fa Kristoman ho?

37 Nokware a Bible no yɛ ho adanse bebree wɔ hɔ de, nanso so wɔn a wɔka sɛ wogye di no nyinaa di ne nkyerɛkyerɛ akyi? Sɛ́ nhwɛso no, susuw aman a wɔkyerɛ sɛ wodi Kristosom akyi, a ɛne Kristoman no ho. Wɔanya Bible no mfehaha pii. Nanso so wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe da Onyankopɔn nyansa a ɛkorɔn no adi ampa?

[Kratafa 11 mfonini ahorow]

Sir Isaac Newton gye dii sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam a ɛwɔ asase ne ɔsoro abɔde afoforo ntam no na ekura asase no mu

Nhomanimfo gye asase a Bible no ka ho asɛm sɛ ɛsɛn ahunmu no tom sɛ anwonwade a Bible no hu siei wɔ ne bere so

[Kratafa 12 mfonini]

Ná tete po so ahyɛnkafo binom suro mpo sɛ wɔn po so ahyɛn no befi asase tratraa no ano ahwe ase

[Kratafa 13 mfonini]

Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo traa ase pɛn sen nea ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Julius Caesar, Ɔhempɔn Charlemagne, Oliver Cromwell, anaa Paapa Leo III traa ase pɛn no

[Kratafa 15 mfonini]

Tito Nkaedum a ɛwɔ Roma no di adanse sɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem sɛe ho wɔ 70 Y.B. mu no nyaa mmamu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena