So Asetra Wɔ Atirimpɔw?
“‘Dɛn nti na yɛwɔ ha?’ yɛ asemmisa a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ onipa desani susuw ho. . . . Migye di sɛ owu a ntease nnim a mahu nyinaa akyi no, asetra wɔ atirimpɔw. Ntease nni owu ho, nkwa wɔ.”
ELIE Wiesel, nhoma kyerɛwfo a wagye din yiye a onyaa nkwa wɔ Nasi nneduaban mu no na ɔkyerɛw nsɛm yi. Na ɔyɛ nnipa pii a wɔmaa asɛm bi a Life nsɛmma nhoma bisae sɛ: “Dɛn nti na yɛwɔ ha?” ho mmuae no mu biako. Na wahu asetra a ennye koraa, nanso na ogye di sɛ asetra wɔ atirimpɔw.
Nanso, na ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔne no yɛ adwene. Taksi kafo bi a wɔfrɛ no José Martínez buaa asemmisa koro no ara saa kwan yi so: “Yɛaba ha sɛ yɛrebewu, sɛ yɛbɛtra ase na yɛawu ara kwa. Meka taksi. Miyi mpataa kakra, mede me mpena fi adi, tua tow ahorow, kenkan nhoma kakra, afei misiesie me ho twɛn owu . . . Asetra yɛ nnaadaa koraa.” Wɔ José fam no, ɛda adi sɛ ntease nni asetra ho, enni atirimpɔw.
Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ ɛte sɛ nea nhomanimfo pii ne taksi kafo no mmom yɛ adwene sen nhoma kyerɛwfo no. Adannandifo Richard E. Leakey ne Roger Lewin ka wɔ wɔn nhoma Origins mu sɛ: “Ebia adesamma yɛ abɔde a nkwa wom mu mfomso, efisɛ wadi adannan aboro nea obetumi ne ɔno ankasa ho ne wiase a atwa ne ho ahyia no abom atra.” Anyɛ yiye koraa no, wɔn fam de, ɔdesani asetra yɛ nea ntease nnim.
Saa ara nso na ɔdannandifo Stephen Jay Gould kyerɛwee sɛ: “Yɛbaa ha efisɛ na mpataa kuw soronko a wɔn nkutoo wɔ ntɛtɛw titiriw bi a etumi danee asase so mmoa anan; . . . efisɛ apataa ketewaa bi a enni ahoɔden na enyaa ne mfiase wɔ Afrika bɛyɛ mfe mpem abien ahannum a atwam ni no afa ɔkwan biara so atumi atra nkwa mu abesi saa bere yi. Ebia na yɛhwehwɛ ‘mmuae a ɛkorɔn sen eyi’—nanso ebi nni hɔ.” Wɔ Gould fam no, ɔdesani asetra bae ara kwa a enni atirimpɔw.
Anyɛ yiye koraa no Gould asɛm no yɛ nokware wɔ ɔkwan biako so. Nnipa pii hwehwɛ mmuae a “ɛkorɔn sen” nea ɔbɔ ne tirim de ma no. Sɛ awerɛhosɛm bi si a, nnipa pii dwene te sɛ Jason a wadi mfe 11 no. Abarimaa yi kyerɛw n’adamfo abofra bi wu ho asɛm sɛ: “Bere a m’adamfo Kim akisikuru no kum no no, mibisaa me Maame sɛ, sɛ na Onyankopɔn bɛma Kim awu bere a wadi mfe 6 pɛ a, ɛnde dɛn nti na ɔma wɔwoo no koraa?” Jason fi nkate mu tee nka sɛ ɛsɛ sɛ asetra nya atirimpɔw, na ɛte sɛ nea n’adamfo abofra no awerɛhowu no asɛe saa atirimpɔw no.
Asemmisa no Hia a Ehia
So ehia sɛ yehu sɛ asetra wɔ atirimpɔw anaasɛ enni bi? So eyi yɛ nyansapɛ mu asemmisa ara kwa, anaasɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛfa wo ho? Nnipa bebree abɔ wɔn bra a wɔansusuw asɛm yi ho pii. Na sɛ nea José Martínez ka no yɛ nokware a, ɛnde na wɔn de no ne nyansa kwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so.
Nanso, sɛ nea Elie Wiesel ka no na ɛyɛ nokware na asetra wɔ atirimpɔw a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ nea ɛyɛ. Anyɛ saa a, yɛbɛhwere asetra mu atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa no. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wonenam dan a mfonini pii wom mu nanso wonhwɛ mfonini no anaasɛ wote adidibea nanso wontɔ aduan.
Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ asetra wɔ atirimpɔw anaasɛ enni bi? Wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, yɛbɛbɔ nokwasɛm ahorow a ɛboa ma yenya mmuae no ho nkɔmmɔ.