Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 5/1 kr. 4-7
  • Bible No​—So Efi Nyankopɔn Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible No​—So Efi Nyankopɔn Ampa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hyia A Nsɛm Hyia
  • Nea Ɛka Wɔ Adebɔ Ho Teɛ
  • Nokwaredi
  • Ɛso Kora
  • Nkɔmhyɛ
  • Nyansa a Ɛkorɔn Fibea a Ɛda Nsow
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Bible—Nhoma a Efi Onyankopɔn Hɔ
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Bible Yɛ Nhoma a Efi Onyankopɔn Hɔ
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Bible Yɛ Nhoma a Nnipa Nyansa Ahyɛ Mu Ma Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 5/1 kr. 4-7

Bible No​—So Efi Nyankopɔn Ampa?

ADE biako da adi pefee. Sɛnea ɛbɛyɛ na woagye nhoma bi atom sɛ efi Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ nea ɛka nyinaa yɛ nokware na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ nnipa a ɛka wɔn ho asɛm ne mmeae a ɛbobɔ din no yɛ nea na ɛwɔ hɔ ankasa. Wurennye ntom? Bible no te dɛn wɔ eyi fam?

Fa nhwɛso biako pɛ. Bible no kyerɛ sɛ Pontio Pilato na na ɔyɛ Yudea amrado bere a na Yesu Kristo reyɛ n’asase so adwuma no. (Luka 3:1, 2) Nanso so Pilato traa ase ankasa, na sɛ saa a, so ɔno na odii Yudea so ampa?

Bere tenten bi no na biribiara nni hɔ a esi eyi so dua. Afei, wɔ 1961 mu no, wohuu biribi titiriw wɔ Kaesarea. Wohuu abopon bi a wɔakyerɛw so a mfitiase no na anka ɛyɛ asɔrefi a wɔde hyɛɛ ɔhempɔn Tiberio anuonyam no fã. Nkyerɛwee a ɛwɔ Latin mu no se: “Pontio Pilato, Yudea Amrado, ahyira asɔrefi bi so ama Kaesareafo de ahyɛ Tiberio anuonyam.” Esii nokware a Bible mu abakɔsɛm yɛ no so dua! Na nhwɛso afoforo pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Bible no di mu na ɛyɛ nea wɔde ho to so a ɛyɛ yiye wɔ abakɔsɛm ne asase ho nsɛm mu.

Ebia wobɛka sɛ: ‘Twɛn kakra. Esiane sɛ nsɛm a nhoma bi ka no yɛ pɛpɛɛpɛ no nkyerɛ sɛ efi Nyankopɔn!’ Ampa. Pɛpɛɛpɛ a Bible mu nsɛm yɛ no nkutoo nkyerɛ sɛ efi honhom mu. Nanso, adanse ahorow wɔ Bible mu a ɛda no adi sɛ ɛsen abakɔsɛm nhoma a edi mu ara kwa. Enti, Bible asuafo anokwafo pii ahu sɛ Bible no fi Onyankopɔn ampa. Ɛfata sɛ wuhu nea ɛma wogye toom. Ma yensusuw adanse ahorow anum ho.

Hyia A Nsɛm Hyia

Susuw ho hwɛ sɛ nnipa 40 na wɔma wɔkyerɛw nhoma no afã horow. Na ɛsono wɔn mu biara. Ná ebinom nim nhoma yiye, na afoforo nso yɛ akuafo anaasɛ nguanhwɛfo ara kwa. Bio nso, ná ɛnyɛ wɔn nyinaa na wonim wɔn ho wɔn ho. Nokwarem no, wɔn mu bebree traa ase mmere horow mu wɔ abakɔsɛm mu, na na wɔwɔ mmeae ahorow ahorow. Ɔkwan bɛn na wugye di sɛ na ɛwɔ hɔ sɛ wɔn nkyerɛwee no nyinaa behyia, wɔ nsɛm nketenkete nyinaa mu mpo? So woka sɛ ‘Ɛrentumi mma saa’? Wiɛ, sɛnea ɛyɛe wɔ Bible no kyerɛw mu nen

Afei susuw nhwɛso biako pɛ ho, a ɛfa hyia a nsɛm a akyerɛwfo no kyerɛw faa sɛnea Yehowa Nyankopɔn te ho no hyia no ho. Sɛnea wutumi kenkan fi Bible no mu no, n’afã horow no nyinaa ka sɛnea Yehowa Nyankopɔn te no ho asɛm wɔ ɔkwan koro so, ɛdefa nipa ko a ɔyɛ ne ne nipasu ho. Ɔwɔ hɔ daa, onni awiei. (Dwom 90:2; Habakuk 1:12; Adiyisɛm 10:6; 15:3) Ɔdesani aniwa ntumi nhu no. (Exodus 33:20; Yohane 1:18; 1 Timoteo 1:17) Sɛ wɔde ne trabea ho anisoadehu ma Bible akyerɛwfo a, wɔka anuonyam ne tumi kɛse a ɛda adi, ne asomdwoe, nhyehyɛe pa ne sɛnea biribiara yɛ pɛ ho asɛm. (Exodus 24:9-11; Hesekiel 1:26-28; Adiyisɛm 4:1-3) Bible no nyinaa mu no wɔda no adi mpɛn pii sɛ Onyankopɔn su atitiriw ne ɔdɔ, nyansa, atɛntrenee ne tumi.

Nokwarem no, hyia a Bible no mu nsɛm nyinaa hyia​—a n’akyerɛwfo pii no mfa ho​—no yɛ nea ɛda no adi sɛ efi obi a ɔkorɔn sen onipa nkyɛn.

Nea Ɛka Wɔ Adebɔ Ho Teɛ

Afei ma yensusuw nsɛm a Bible ka wɔ adebɔ mu nokwasɛm ahorow ho no mu biako anaa abien ho. Dɛn nti na eyinom ho hia? Nneɛma ahorow bi nti: (1) Ɛne nyansahu mu nokwasɛm ahorow hyia; (2) ɛda nimdeɛ a na ɛboro ɔdesani biara adwene so bere a wɔkyerɛwee no adi; na (3) nneɛma ho adwene a ɛnteɛ a na nkurɔfo wɔ saa bere no anna adi wɔ mu koraa.

Ebia woate sɛ Bible no se yɛn asase yi nsɛn hwee so na ɛyɛ kurukuruwa. (Hiob 26:7; Yesaia 40:22) Ebia wobɛka sɛ: ‘Dɛn nti na ɛno ho hia?’ Ma ɛntra w’adwene mu sɛ saa nsɛm a Bible ka no ne abɔde nyansahu mu nokwasɛm ahorow a ada adi pefee hyia, na ɛbɔ atetesɛm a na ɛfa sɛnea asase yi te ne ka a na wɔka sɛ ɛsõ obi no abira. Yiw, ɛde besi bɛyɛ mfeha kakraa a atwam ni no ná nnipa bebree gye di sɛ asase yi yɛ tratraa, a na wɔn a wosua abɔde ho ade no mpo ka ho! Enti ɛyɛ nwonwa sɛ na Bible akyerɛwfo yi nim saa nokwasɛm ahorow yi wɔ asase no ho mfe mpempem pii a atwam ni, na wohuu eyi a ɛnnam nnɛyi mfiri horow a wɔde di dwuma so!

Nhwɛso foforo nso ni: Mose bere so no na ɛyɛ ade a wɔyɛ wɔ Misraim sɛ wɔde onipa anaa aboa sɛbew bedi dwuma sɛ nyarewa ahorow bi ano aduro. Afei nso, wɔtetee Mose wɔ Misraim, na ‘wɔkyerɛɛ no Misrifo nyansa nyinaa.’ (Asomafo no Nnwuma 7:22) Nanso nsɛm a ɔkyerɛwee wɔ Deuteronomium 23:12, 13 no yɛ nea na Misrifo aduyɛ mu nneyɛe a ɛmfata​—a nokwarem no na edi awu​—no ho hwee nni mu. Sɛnea saa nsɛm yi kyerɛ no, wɔ tete Israel no na ɛsɛ sɛ wobu onipa sɛbew sɛ ɛho ntew, na na ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ fam kata so wɔ baabi a nnipa nte hɔ ne nea nsu a wɔnom mmɛn hɔ. Sɛnea wunim no, nnɛyi aduyɛ ho nyansahu gye tom.

So nhwɛso horow yi nyɛ nea edi adanse bio sɛ nsɛm a Bible akyerɛwfo kyerɛwee no yɛ nea ɛda adi sɛ efi obi a ɔkorɔn sen wɔn ankasa nkyɛn?

Nokwaredi

Ade foforo nso a edi adanse sɛ Bible no fi Onyankopɔn ne akyerɛwfo no nokwaredi. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, ɛyɛ nea ɛbɔ ɔdesani a wahwe ase no su abira sɛ obegye ne mfomso atom, titiriw sɛ ɔbɛkyerɛw ato hɔ. Wɔ eyi fam no, Bible no yɛ soronko wɔ tete nhoma afoforo ho. Nanso, nea ɛsen saa no, wɔn sintɔ ahorow mpo a wɔkyerɛwee no ma yenya wɔn nokwaredi mu ahotoso. Efisɛ, ɛnyɛ nea ntease wom sɛ wɔbɛda wɔn mmerɛwyɛ ahorow adi na afei wɔadi atoro wɔ nneɛma afoforo ho, anaa ɛnte saa? Sɛ wobedi atoro wɔ biribi ho a, so anka ɛrenyɛ wɔn ankasa mfomso ahorow ho atoro na wobedi? Enti Bible akyerɛwfo no nokwaredi foa ka a wɔka sɛ Onyankopɔn kyerɛɛ wɔn kwan wɔ nea wɔkyerɛwee no mu no so.​—2 Timoteo 3:16.

Sɛ́ nokwaredi ho nhwɛso no, ma yensusuw Mose ho. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Israel man no kannifo, Mmara apam no ntamgyinafo, odiyifo ne ɔtemmufo de, nso wamfa Israelfo no ankodu Bɔhyɛ Asase no so. Dɛn ntia? Sɛnea Numeri 20:1-13 ka no, Mose dii mfomso kɛse bi. Wo ankasa kenkan sɛnea ‘ɔyɛɛ nea ɛmfata’ na ‘ɔde n’ano woroo nsɛm,’ a wanhyɛ Onyankopɔn din anuonyam no. Hena na ɔkyerɛw nsɛm a ɛwɔ Bible mu nhoma a wɔfrɛ no Numeri no mu no? Mose, a ɔno ankasa yɛɛ ne mfomso ahorow ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ daa!​—Deuteronomium 32:50-52; Dwom 106:32, 33

Susuw Yesu Kristo asomafo no sintɔ ahorow nso ho. Ná ɛtɔ da bi a wɔn ntease yɛ nyãa (Mateo 16:5-12) , wɔda gyidi a esua adi (Mateo 17:18-20) na wɔda anuonyampɛ su adi. (Mateo 18:1-6; 20:20-28) Yiw, woguan gyaa Yesu mpo anadwo a wɔkyeree no no! (Mateo 26:56) So wohyɛɛ no nsow sɛ Mateo a ɔyɛ asomafo dumien no mu biako, na ɔkyerɛw eyinom nyinaa?

So wunnye ntom sɛ Bible akyerɛwfo no nokwaredi di adanse bio sɛ Bible no nyɛ onipa nhoma ara kwa, na ɛda adi sɛ ɛnyɛ ‘nnipa nsɛm na ɛwom, na mmom Onyankopɔn asɛm’?​—1 Tesalonikafo 2:13.

Ɛso Kora

Kyerɛwnsɛm no so kora nso da no adi sɛ Bible no fi Onyankopɔn ampa. Susuw nneɛma abien yi ho hwɛ:

(1) Esiane sɛ mfitiase no Bible akyerɛwfo no kyerɛwee wɔ biribi a ɛnkyɛ sɛe so nti, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so de nsa kyerɛw no mpɛn pii wɔ mfehaha no mu na atra hɔ ama awo ntoatoaso a ɛbɛba daakye no. Dɛn nti na eyi yɛ ade titiriw? Ɛnyɛ sɛ ebia na hokwan wɔ hɔ sɛ nnipa mfomso horow bɛbam nti, na mmom efisɛ nnipa bɔɔ mmɔden ankasa sɛ wɔbɛdan emu nsɛm no ani. Nanso Bible no atra hɔ sɛnea na ɛte no ara de abedu yɛn so ma ɛyɛ nwonwa, sɛnea tete Bible nsa ano nkyerɛwee ahorow a wɔahu si so dua no.a (2) Na Bible no so kora no yɛ nwonwa kɛse mpo bere a yesusuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ afi ɔsɔretia kɛse mu aka no ho no. Mmere horow bi wɔ hɔ a paapanom ne baguafo ahorow baraa Bible no akenkan, sɛ obiara a ɔbɛyɛ saa no ɛsɛ sɛ wɔpam no fi asɔre no mu. Wɔde Bible adɔfo pii fam dua ho hyew wɔn. Nanso Bible no fii ɔsɔretia yi nyinaa mu kae na ɛbɛyɛɛ nhoma a wɔtɔ sen biara.

Nhoma foforo biara nni hɔ wɔ adesamma abakɔsɛm mu a atra hɔ sɛnea na ɛte no ara de abesi nnɛ, a kyerɛw a nnipa a wɔnyɛ pɛ ahwɛ so akyerɛw no mpɛn pii ne mfehaha pii a atamfo de asɔre atia no denneennen no mfa ho. So eyi nyɛ adanse a edi mu sɛ ‘Yehowa asɛm’ a ‘ɛtra hɔ daa’ no na ɛwɔ Bible mu no?​—1 Petro 1:24, 25.

Nkɔmhyɛ

Ɛkame ayɛ sɛ adanse a emu yɛ den sen biara a ɛkyerɛ sɛ Bible no fi Nyankopɔn ne ne nkɔmhyɛ bebrebe a anya mmamu no. Onipa bɛn na ɔwɔ hɔ a obetumi aka nea ɛbɛba daakye no pɛpɛɛpɛ, na wadi kan akyerɛ eyi bɛyɛ mfe ɔhaha, anaasɛ mpempem mpo? Ɛyɛ den ma nnipa mpo sɛ wɔbɛkyerɛ sɛnea wim bɛyɛ wɔ nnɔnhwerew kakra a ɛwɔ yɛn anim no mu!

Ebia wubebisa sɛ: ‘Nanso yɛyɛ dɛn hu sɛ wodii kan kyerɛw Bible mu nkɔmhyɛ too hɔ ankasa?’ Eyi ho mmuaema mu no, dan kɔ Yesaia 13:19, 20 so na kenkan Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa tete Babilon sɛe ho no. Hyɛ no nsow sɛ Yesaia anhyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Babilon nko. Na mmom ɔkae nso sɛ: “Obi rentra [Babilon] mu da biara da.” Babilon ayɛ amamfo de abesi nnɛ da yi. Ɛbɛyɛ dɛn na anka Yesaia atumi akyerɛw nkɔmhyɛ no bere a anya mmamu akyi no?

Bio nso, ɛwom sɛ Mediafo ne Persiafo dii Babilon so nkonim wɔ afe 539 A.Y.B. mu de, nso Yesaia nkɔmhyɛ no nyinaa amma mu saa bere no. Nokwarem no, nnipa kɔɔ so traa Babilon de besii Yɛn Bere so afeha a edi kan no mu. (1 Petro 5:13) Ɛda adi sɛ afeha a ɛto so anaa, Yɛn Bere so, na Babilon bɛyɛɛ amamfo koraa, ma Yesaia nkɔmhyɛ no nyinaa baa mu. Enti ɛda adi sɛ Yesaia kyerɛw ne nhoma no ansa na eyi reba, efisɛ Nhoma Mmobɔwee a wohui wɔ Ɛpo a Awu no mu (Bible no fã bi a wɔde nsa kyerɛwee a wohui wɔ 1947 mu) no, na Yesaia nhoma no bi a wɔkyerɛw no afeha a edi kan anaa ɛto so abien Ansa na Yɛn Bere yi reba no ka ho.

Nkɔmhyɛ afoforo pii wɔ Bible mu a enyaa mmamu. Nea ɛsen saa no, Bible adesua da no adi sɛ nkɔmhyɛ ahorow wɔ mu a ɛrenya mmamu wɔ w’ani so nnɛ. (Susuw nsɛm a ɛwɔ adaka a ɛka ho yi mu no ho.) So yɛn adwene mu betumi ayɛ yɛn nãa sɛ Bible akyerɛwfo no nyaa wɔn nsɛm no fii Onyankopɔn hɔ anaa?

Bere a woahwehwɛ adanse horow no mu no, dɛn na woka? Anyɛ yiye koraa no, so ɛnyɛ nea ɛfata sɛ wohwehwɛ Bible no mu? Ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu. Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi eyi anim no mu no, bere biara nni hɔ wɔ abakɔsɛm mu a ɛho ahia kɛse sɛ yenya akwankyerɛ a edi mu wɔ adesamma nsɛm mu. Nnyinasosɛm ahorow wɔ Bible no mu a, sɛ wode di dwuma a, ebetumi aboa wo ma woagyina sika fam ahokyere ahorow no ano, wo ne wo yɔnko nipa atra ase asomdwoe mu na woanya abusua asetra a anigye wom. Na asase so nsɛm a onipa ntumi nyɛ ho hwee no nso ɛ? Bible no kyerɛ ɔkwan a Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ Yesu nsam no bɛfa so ayi eyinom nyinaa afi hɔ daa daakye a enni akyiri.

So wobɛpɛ sɛ wuhu pii wɔ saa nneɛma yi ho? Dɛn nti na wonhwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo kurom no anaasɛ wonkyerɛw wɔn a wɔyɛ nsɛmma nhoma yi no? Ɛho bɛba wo mfaso kɛse.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ nhoma Aid to Bible Understanding, nkratafa 1106-1110, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe mu.

[Kratafa 7 adaka]

Bible Mu Nkɔmhyɛ Ahorow a Yɛahu Ne Mmamu

1. Wiase akodi ahorow (Adiyisɛm 6:3, 4)

2. Aduankɔm kɛse, ne aduan bo a ɛyɛ den (Adiyisɛm 6:5, 6; Mateo 24:7

3. Asoɔdenyɛ ne nsɛmmɔnedi a ɛkɔ anim (Mateo 24:12; 2 Timoteo 3:1-5)

4. Asasewosow a ɛdɔɔso (Luka 21:11)

5. Asase a wɔsɛe no, sɛ ebia denam nneɛma horow a edi awu so (Adiyisɛm 11:18)

6. Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a Yehowa Adansefo ka wɔ wiase nyinaa (Mateo 24:14)

[Kratafa 7 adaka]

“W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann. Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwasea hu nyansa. Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntõatõa wɔn. Mehwɛ wo nkwagye kuran, [Yehowa], na madi wo mmara nsɛm so. Me kra di w’adansesɛm so, na medɔ no kɛse. Midi wo nsiesiei ne w’adansesɛm so, na m’akwan nyinaa wɔ w’anim.”​—Dwom 119:105, 130, 165-168.

[Kratafa 5 adaka]

Nnipa a wɔnantewee ɔsram no so anaa wɔtraa ahunmu hyɛn mu twaa asase ho hyiae no betumi adi teɛ a nea Bible ka wɔ adebɔ ho teɛ no ho adanse

[Kratafa 6 adaka]

Dɛn nti na na ɛyɛ nwonwa sɛ Mose kyerɛw mfomso akɛse a ɔyɛe no too hɔ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena