Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • dg ɔfã 9 kr. 19-22
  • Ɔkwan a Yɛnam so Hu sɛ Yɛwɔ “Nna a Edi Akyiri” no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan a Yɛnam so Hu sɛ Yɛwɔ “Nna a Edi Akyiri” no Mu
  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Ko Ahorow
  • Adanse Afoforo
  • Biribi Foforo
  • Nnipa ne Adaemone Nniso Awiei Abɛn
  • Henanom na Wobenya Nkwa? Henanom na Wɔrennya?
  • Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Wohwɛ a Wiase Awiei Abɛn?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • “Wiase Awiei” Abɛn!
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
dg ɔfã 9 kr. 19-22

Ɔfã 9

Ɔkwan a Yɛnam so Hu sɛ Yɛwɔ “Nna a Edi Akyiri” no Mu

1, 2. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ebia yɛwɔ nna a edi akyiri no mu anaa?

YƐBƐYƐ dɛn atumi ahu no yiye sɛ bere a Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ ade atia mprempren nnipa nniso nhyehyɛe yi mu na yɛte yi? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ yɛabɛn bere a Onyankopɔn de amumɔyɛ ne amanehunu nyinaa bɛba awiei no pɛɛ?

2 Yesu asuafo no pɛe sɛ wohu saa nneɛma no. Wobisaa no nea ɛbɛyɛ ba a waba wɔ Ahenni tumi mu ne “nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne.” (Mateo 24:3, NW) Yesu buae denam nsɛm akɛse a ebesisi wɔ wiase ne tebea horow a ɔkaa ho asɛm sɛ ɛbɛbom aba de akyerɛ sɛ adesamma ahyɛn “awiei bere,” nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” no mu no so. (Daniel 11:40; 2 Timoteo 3:1) So yɛahu saa sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã horow pii no wɔ yɛn afeha yi mu? Yiw, yɛahu aboro so!

Wiase Ko Ahorow

3, 4. Ɔkwan bɛn so na afeha yi mu akodi ahorow ne Yesu nkɔmhyɛ no hyia?

3 Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ ‘ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahenni ahenni so.’ (Mateo 24:7) Wɔ 1914 mu no, wiase no de ne ho hyɛɛ ɔko bi a wɔboaboaa aman ne nniso ahorow ano wom maa ɔko wɔ ɔkwan bi a ɛnte sɛ ɔko biara a na aba pɛn koraa so mu. Esiane nokwasɛm yi a saa bere no mu abakɔsɛm akyerɛwfo hui nti, wɔfrɛɛ no Ɔko Kɛse no. Ná ɛne ɔko a ɛte saa a edi kan wɔ abakɔsɛm mu, wiase ko a edi kan. Asraafo ne ɔmanfo a wɔnyɛ asraafo bɛyɛ 20,000,000, a wɔdɔɔso koraa sen wɔn a wɔawuwu wɔ ɔko biara a abɛsen mu na wɔhweree wɔn nkwa.

4 Wiase Ko I na ɛhyɛɛ nna a edi akyiri no mfiase agyirae. Yesu kae sɛ eyi ne nsɛm afoforo a ebesisi no bɛyɛ “awoko yaw mfiase.” (Mateo 24:8) Ná ɛno yɛ nokware, efisɛ Wiase Ko II kunkum nnipa bebree sen saa, asraafo ne ɔmanfo a wɔnyɛ asraafo bɛyɛ 50,000,000 na wɔhweree wɔn nkwa. Wɔ yɛn afeha 20 yi mu no, nnipa bɛboro 100,000,000 na wɔakunkum wɔn wɔ akodi ahorow mu, na wɔn dodow boro nnipa a wowuwui wɔ mfe 400 a edii saa bere no anim no mu akodi mu a wɔaka wɔn nyinaa abom mmɔho anan! Hwɛ asõdi kɛse a ɛda nnipa nniso so!

Adanse Afoforo

5-7. Adanse afoforo bɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu?

5 Yesu kaa nsɛm afoforo a ebesisi wɔ nna a edi akyiri no mu nso ho asɛm: “Asasewosow akɛse bɛba, na wɔ mmeaemmeae no, ɔyaredɔm [nsanyare a ɛka nnipa pii] ne aduankɔm aba.” (Luka 21:11, NW) Ɛno fata nsɛm a asisi fi 1914 no yiye, efisɛ amanehunu a efi ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ mu ba no akɔ soro yiye.

6 Asasewosow akɛse taa sisi, na ekunkum nnipa pii. Spanish influensa no nkutoo kunkum nnipa bɛyɛ 20,000,000 wɔ Wiase Ko I akyi—akontaabu bi se ɛyɛ 30,000,000 anaa nea ɛboro saa. AIDS akunkum nnipa ɔpehaha pii na ebetumi akunkum ɔpepem pii aka ho wɔ daakye a enni akyiri mu. Afe biara komayare, akisikuru, ne nyarewa afoforo kunkum nnipa ɔpepem pii. Ɔkɔm ma ɔpepem pii nso wu owunyaa. Akyinnye biara nni ho sɛ ‘Adiyisɛm mu apɔnkɔsotefo’ no de wɔn akodi, aduankɔm, ne ɔyaredɔm no rekunkum adesamma abusua no mu nnipa pii fi 1914.—Adiyisɛm 6:3-8.

7 Yesu hyɛɛ nsɛmmɔnedi a ɛbɛdɔɔso pii nso ho nkɔm sɛnea wohu wɔ nsase pii so no. Ɔkae sɛ: “Na sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.”—Mateo 24:12.

8. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ 2 Timoteo ti 3 no fata yɛn bere yi?

8 Bio nso, Bible mu nkɔmhyɛ kaa ɔbrasɛe a ɛda adi pefee wɔ wiase nyinaa no ho asɛm siei: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden . . . Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.” (2 Timoteo 3:1-13) Ɛnonom nyinaa abam ma yɛahu.

Biribi Foforo

9. Dɛn na esii wɔ soro a ɛne nna a edi akyiri no mfiase wɔ asase so no hyiae?

9 Biribi foforo bi nso wɔ hɔ a ama amanehunu ayɛ kɛse wɔ afeha yi mu. Biribi sii a ɛde adesamma too asiane kɛse mpo mu, na ɛne nna a edi akyiri no mfiase wɔ 1914 mu no behyiae. Saa bere no, sɛnea Bible mu nhoma a etwa to no mu nkɔmhyɛ bi kyerɛkyerɛ mu no: “Ɔko baa ɔsoro. Mikael [Kristo a ɔwɔ ɔsoro tumi mu] ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no [Satan] so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”—Adiyisɛm 12:7-9.

10, 11. Bere a wɔtow Satan ne n’adaemone kyenee asase so no, ɛkaa adesamma dɛn?

10 Dɛn na ɛno ma ɛbaa adesamma abusua no so? Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Yiw, Satan nim sɛ ne nhyehyɛe no rebɛn n’awiei, enti ɔreyɛ nea obetumi nyinaa ama adesamma asɔre atia Onyankopɔn ansa na wɔayi ɔne ne wiase no nyinaa afi hɔ. (Adiyisɛm 12:12; 20:1-3) Hwɛ sɛnea wɔabrɛ saa honhom abɔde no ase esiane sɛ wɔde hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ dii dwuma ɔkwammɔne so nti! Hwɛ sɛnea asase so nsɛm tebea asɛe koraa wɔ wɔn nkɛntɛnso ase, titiriw fi 1914!

11 Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu kaa yɛn bere yi ho asɛm siei sɛ: “Na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so . . . Ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.”—Luka 21:25, 26.

Nnipa ne Adaemone Nniso Awiei Abɛn

12. Dɛn ne nkɔmhyɛ a etwa to a aka sɛ ɛbam ansa na nhyehyɛe yi aba awiei no biako?

12 Bible nkɔmhyɛ ahorow ahe na aka sɛ ɛbam ansa na Onyankopɔn asɛe mprempren nhyehyɛe yi? Kakraa bi pɛ! Nea etwa to no mu biako wɔ 1 Tesalonikafo 5:3, nea ese: “Bere a wɔreka asomdwoe ne ahotɔ ho asɛm no, mpofirim ara ɔhaw bɛba wɔn so.” (The New English Bible) Eyi kyerɛ sɛ nhyehyɛe yi awiei befi ase ‘bere a wɔreka biribi ho asɛm.’ Wiase no renni kan nhu, na ɔsɛe a wɔnhwɛ kwan koraa bɛba wɔn so, bere a adesamma de wɔn adwene nyinaa asi asomdwoe ne ahotɔ a wɔn ani da so no so no.

13, 14. Ɔhaw bere bɛn na Yesu hyɛɛ ho nkɔm, na ɛbɛba awiei dɛn?

13 Bere a aka ma wiase a ɛhyɛ Satan nkɛntɛnso ase yi resa ntɛmntɛm. Ɛrenkyɛ ɛbɛba awiei wɔ ɔhaw bere bi mu, nea Yesu kaa ho asɛm sɛ: “Ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.”—Mateo 24:21.

14 “Ahohiahia kɛse” no bɛkɔ akowie Onyankopɔn ko a ɛne Harmagedon. Ɛno ne bere a odiyifo Daniel kaa ho asɛm sɛ bere a Onyankopɔn ‘bebubu ahenni horow no nyinaa ma asã’ no. Eyi bɛkyerɛ mprempren nnipa nniso a atew ne ho afi Onyankopɔn ho nyinaa awiei. Afei n’Ahenni tumidi a efi soro no befi ase adi adesamma nsɛm nyinaa so tumi koraa. Daniel hyɛɛ nkɔm sɛ, ɛremma bio da sɛ wɔde nniso tumi bɛma “ɔman foforo bi.”—Daniel 2:44; Adiyisɛm 16:14-16.

15. Dɛn na ɛbɛba Satan ne n’adaemone nkɛntɛnso so?

15 Saa bere no, Satan ne adaemone nkɛntɛnso ahorow nyinaa nso to betwa. Wobeyi saa honhom abɔde atuatewfo no afi hɔ na wɔantumi ‘ankɔdaadaa amanaman no bio.’ (Adiyisɛm 12:9; 20:1-3) Wɔabu wɔn kumfɔ na wɔretwɛn ɔsɛe. Ahotɔ bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛɛ yi, sɛ adesamma bɛde wɔn ho afi wɔn nkɛntɛnso bɔne no ase!

Henanom na Wobenya Nkwa? Henanom na Wɔrennya?

16-18. Henanom na wobenya nkwa wɔ nhyehyɛe yi awiei mu, na henanom na wɔrennya?

16 Sɛ Onyankopɔn atemmu ba wiase yi so a, henanom na wobenya nkwa? Henanom na wɔrennya? Bible no kyerɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn a wɔpɛ Onyankopɔn nniso no ho ban na wobenya nkwa. Wɔremmɔ wɔn a wɔmpɛ Onyankopɔn nniso no ho ban na mmom wɔbɛsɛe wɔn aka Satan wiase no ho.

17 Mmebusɛm 2:21, 22 se: “Tẽẽfo [wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn nniso ase] na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo [wɔn a wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Onyankopɔn nniso ase no] ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.”

18 Dwom 37:10, 11 nso se: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Nkyekyem 29 de ka ho sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”

19. Afotu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa no aniberesɛm?

19 Ɛsɛ sɛ yɛfa afotu a ɛwɔ Dwom 37:34 no aniberesɛm, nea ɛka sɛ: “Twɛn [Yehowa], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.” Nkyekyem 37 ne 38 se: “Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe. Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko, abɔnefo ase de, wobegu.”

20. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ bere a ɛyɛ anigye mu na yɛwɔ yi?

20 Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye, yiw, hwɛ sɛnea ɛkanyan anigye sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa, ne sɛ ɛrenkyɛ ɔbɛma amumɔyɛ ne amanehunu nyinaa aba awiei! Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ saa anuonyam nkɔmhyɛ ahorow no mmamu nni akyiri koraa!

[Kratafa 20 mfonini]

Bible no hyɛɛ nsɛm a ebesisi a ɛbɛbom ayɛ nna a edi akyiri no ho “sɛnkyerɛnne” no ho nkɔm

[Kratafa 22 mfonini]

Ɛrenkyɛ, wɔbɛsɛe wɔn a wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Onyankopɔn nniso ase no wɔ Harmagedon. Wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase no benya nkwa akɔ trenee wiase foforo bi mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena