Sɛ Wubetumi Atra Ase Daa A Anka Wobɛpaw Saa?
Wubetumi atra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so ankasa sɛnea nhomawa yi kyerɛ pefee no. Onyankopɔn atirimpɔw ma saa tebea ahorow no bɛbam sɛnea ɛte biara! Nanso ɛsɛ sɛ wopaw sɛ wobɛtra ase daa.
Yesu Kristo kyerɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ nea wopaw no gyina Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ so. Wosiesiee saa nhomawa yi sɛnea ɛbɛboa wo ma woanya saa nimdeɛ no. Wubetumi anya mmoa pii afi Yehowa Adansefo hɔ. Wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛba abɛsra wo wɔ bere ne baabi a eye ma wo. Na sɛ wobɛpɛ sɛ wɔne wo bɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, wubetumi de ase hɔ address no mu nea ɛfata akyerɛw Jehovah’s Witnesses.