Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ed kr. 31
  • Awiei

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awiei
  • Yehowa Adansefo ne Nhomasua
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Adansefo Yɛ Nokware Kristofo Anaa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Sukuu ne Yehowa Adansefo—Nhomawa no Reboa
    Nyan!—1986
  • So Ɛsɛ sɛ Mmofra Sua Onyankopɔn Ho Asɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yehowa Adansefo De Wɔn Gyidi Hyɛ Wɔn Mma So Anaa?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Yehowa Adansefo ne Nhomasua
ed kr. 31
Kratafa 31 mfoni

Awiei

NHOMAWA yi nka Yehowa Adansefo nyamesom gyidi nyinaa ho asɛm. Mmom no, yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nnyinasosɛm ahorow a Adansefo no gye di no bi mu, na sɛ wo sukuuni no awofo no mu biako anaa baanu no nyinaa yɛ Adansefo a, yɛakyerɛ nkɛntɛnso ko a n’abusua nya wɔ ne so no pefee.

Yehowa Adansefo de wɔn adwene si wɔn mma honhom mu nkɔanim so kɛse. Na wɔwɔ ahotoso sɛ eyi boa ma wɔn mma nya nkɔanim wɔ nneɛma afoforo mu. Nneɛma a wogye di no ne nnyinasosɛm ahorow a wodi akyi no ma wɔn asetra nya atirimpɔw, na ɛboa wɔn ma wodi wɔn da biara da mu nsɛnnennen ho dwuma. Nea ɛka ho no, ɛsɛ sɛ saa gyidi ne nnyinasosɛm ahorow no ka wɔn ma wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ asuafo a wɔyɛ nsi ne ɔmamma pa wɔ wɔn asetra nyinaa mu.

Adansefo no bɔ mmɔden sɛ wobenya asetra ho adwene a ɛfata, enti nhomasua ho hia wɔn yiye. Ne saa nti, wɔpɛ sɛ wɔne wo yɛ biako sɛnea wobetumi biara. Wɔ wɔn fam no, wɔbɛkɔ so ahyɛ wɔn mma nkuran, wɔ wɔn afie mu ne mmeae a wohyiam som wɔ wiase nyinaa, ma wɔayɛ wɔn fam de wɔ saa biakoyɛ a mfaso wɔ so yi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena