Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • fy ti 11 kr. 128-141
  • Ma Asomdwoe Ntra W’abusua Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Asomdwoe Ntra W’abusua Mu
  • Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐ ƐSONO WO KUNU GYIDI A
  • BERE A ƆYERE NYƐ KRISTONI NO
  • MMOFRA NO A MOBƐTETE WƆN
  • SƐ WO NE W’AWOFO NNI ƆSOM BIAKO MU A
  • DEN A ƐYƐ SƐ WOBƐYƐ ƆWOFO A ƆWƆ MMANOMA
  • SO HONAM FAM NNEƐMA DE MPAAPAEMU BA WO FIE?
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nneɛma Abien a Ɛma Aware Gyina Daa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Abusua Asetra a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
fy ti 11 kr. 128-141

TI DUBIAKO

Ma Asomdwoe Ntra W’abusua Mu

1. Nneɛma a ebetumi apaapae mmusua mu no bi dɛn?

MMUSUA a ɔdɔ, ntease, ne asomdwoe wom mufo wɔ anigye. Yɛwɔ anidaso sɛ w’abusua te saa. Nea ɛyɛ awerɛhow no, mmusua bebree nte saa na biribi nti wɔn mu apaapae. Dɛn na ɛpaapae mmusua mu? Yɛbɛka nneɛma abiɛsa ho asɛm wɔ ti yi mu. Wɔ mmusua bi mu no, emufo nni ɔsom biako mu. Wɔ afoforo mu no, ebia mmofra no nyinaa mfi ɛna ne agya koro. Na afoforo nso mu no, ɛte sɛ nea mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya asetrade anaa pɛ a wɔpɛ sɛ wonya honam fam nneɛma pii no de mpaapaemu ba abusua no mufo ntam. Nanso, ebia nsɛm tebea a ɛpaapae abusua biako mu no rennya foforo so tumi. Dɛn na ɛde nsonsonoe no ba?

2. Ɛhe na ebinom hwehwɛ abusua asetra ho akwankyerɛ fi, nanso ɛhe ne akwankyerɛ a ɛte saa no fibea a eye paa?

2 Ade biako ne adwene a wukura. Sɛ wufi wo komam bɔ mmɔden sɛ wubehu ɔfoforo no adwene a, ɛda adi kɛse sɛ wubehu sɛnea wobɛkɔ so ama biakoyɛ atra abusua no mu. Ade a ɛto so abien ne faako a wonya akwankyerɛ fi. Nnipa pii tie afotu a mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, nsɛnkyerɛwfo anaa nnipa akwankyerɛfo foforo de ma no. Nanso, ebinom ahu nea Onyankopɔn Asɛm ka fa wɔn tebea no ho, na afei wɔde nea wɔasua no adi dwuma. Ɔkwan bɛn so na saayɛ betumi aboa abusua bi ma wɔama asomdwoe atra fie hɔ?​—2 Timoteo 3:​16, 17.

SƐ ƐSONO WO KUNU GYIDI A

Kratafa 130 mfonini

Bɔ mmɔden sɛ wobɛte onipa foforo no ase

3. (a) Afotu bɛn na Bible no de ma wɔ obi a ɛsono ne gyidi a wɔware no ho? (b) Nnyinasosɛm atitiriw bɛn na wobetumi de adi dwuma bere a ɔwarefo bi yɛ gyidini na ne hokafo nyɛ bi no?

3 Bible no tu yɛn fo denneennen sɛ yɛnnware obi a ɛsono ne som mu gyidi. (Deuteronomium 7:​3, 4; 1 Korintofo 7:​39) Nanso, ebia wusuaa nokware no fii Bible no mu wɔ w’aware akyi nanso wo kunu anyɛ saa. Dɛn na wobɛyɛ? Nokwarem no, eyi ntwa aware ntanka no mu. (1 Korintofo 7:​10) Bible no si so dua sɛ ɛnsɛ sɛ wogu aware na ɛhyɛ awarefo nkuran sɛ wonsiesie wɔn ntam akasakasa sen sɛ wobeguan afi ho. (Efesofo 5:​28-31; Tito 2:​4, 5) Na sɛ wo kunu sɔre tia Bible mu som a wode wo ho hyem no denneennen nso ɛ? Ebia ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obesiw wo kwan wɔ asafo nhyiam horow kɔ ho, anaa ebia ɔbɛka sɛ ɔmpɛ sɛ ne yere kɔ afie afie kɔka ɔsom ho asɛm. Dɛn na wobɛyɛ?

4. Ɔkwan bɛn so na ɔyere betumi ada tema adi bere a ɛsono ne kunu gyidi no?

4 Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na me kunu te nka saa?’ (Mmebusɛm 16:​20, 23) Sɛ ɔnte nea woreyɛ no ase ankasa a, w’asɛm bɛhaw no. Anaasɛ ebia na n’abusuafo de nhyɛso ba no so esiane sɛ womfa wo ho nhyɛ amanne ahorow bi a ɛho hia ma wɔn no mu bio nti. Okunu bi kae sɛ: “Sɛ ɛka me nkutoo wɔ fie a, mete nka sɛ wɔaguan agyaw me hɔ.” Ɔbarima yi tee nka sɛ ɔsom bi regye ne yere afi ne nsam. Nanso ahomaso amma wannye antom sɛ wayɛ ankonam. Ebia ɛho behia sɛ wo kunu nya awerɛhyem sɛ ɔdɔ a woma ma Yehowa no nkyerɛ sɛ mprempren wonnɔ wo kunu kɛse sɛnea na wodɔ no bere a atwam no. Hwɛ hu sɛ wubenya bere ama no.

5. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere kari pɛ wom bere a ɛsono ne kunu gyidi no?

5 Nanso, sɛ wubedi tebea no ho dwuma nyansam a, ɛsɛ sɛ wususuw biribi a ɛho hia kɛse mpo ho. Onyankopɔn Asɛm hyɛ ɔyerenom nkuran sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu.” (Kolosefo 3:​18) Enti, ɛbɔ kɔkɔ wɔ ahofadi honhom ho. Afei nso, bere a kyerɛwsɛm yi ka sɛ “sɛnea ɛsɛ, Awurade mu” no, na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi susuw ahobrɛase ma Awurade nso ho bere a ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu no. Ɛsɛ sɛ ɛkari pɛ.

6. Nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere Kristoni ma ɛtra n’adwenem?

6 Wɔ Kristoni fam no, asafo nhyiam horow a ɔbɛkɔ ne ne gyidi a egyina Bible so a obedi ho adanse akyerɛ afoforo no yɛ nokware som fã a ɛho hia a ɛnsɛ sɛ obu n’ani gu so. (Romafo 10:​9, 10, 14; Hebrifo 10:​24, 25) Ɛnde, sɛ onipa de ahyɛde ma wo tẽẽ sɛ nni Onyankopɔn ahwehwɛde pɔtee bi so a, dɛn na wobɛyɛ? Yesu Kristo asomafo no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:​29) Wɔn nhwɛso no yɛ sɛnnahɔ a wotumi de di dwuma wɔ asetra mu tebea horow pii ho. So ɔdɔ ma Yehowa bɛka wo ma wode ɔsom a ɛfata no ama no? Bere koro no ara mu no, ɔdɔ ne obu a wowɔ ma wo kunu bɛma woabɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ eyi wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so?​—Mateo 4:​10; 1 Yohane 5:3.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere Kristoni si ne bo sɛ ɔbɛyɛ?

7 Yesu kae sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi ayɛ eyi. Ɔbɔ kɔkɔ sɛ esiane sɛ wɔsɔre tia nokware som nti, mmusua bi mu gyidifo bɛte nka sɛ wɔawae wɔn afi wɔn abusuafo a aka no ho te sɛ nea nkrante apae wɔne wɔn ntam. (Mateo 10:​34-36) Eyi too ɔbea bi a ɔwɔ Japan. Ne kunu sɔre tiaa no mfe 11. Ɔyɛɛ ɔbea no ayayade na mpɛn pii no ɔbɛba fie no na ɔbarima no ato no pon mu. Nanso wampa abaw. Ne nnamfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no boaa no. Ɔbɔɔ mpae bere nyinaa na onyaa nkuranhyɛ pii fii 1 Petro 2:​20. Na Kristoni bea yi gye di sɛ sɛ ogyina pintinn a, da bi ne kunu bɛba abɛka ne ho ma wɔasom Yehowa. Na ne kunu yɛɛ saa.

8, 9. Ɛsɛ sɛ ɔyere yɛ n’ade dɛn na ama wakwati akwanside ahorow a ɛho nhia a ɔbɛma ne kunu ahyia?

8 Nneɛma pa pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de ama wo hokafo no su asakra. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo kunu mpɛ wo nyamesom a, mma onnya nea obegyina so anwiinwii wɔ nneɛma foforo ho. Ma fie hɔ ntew. Siesie wo ho yiye. Da ɔdɔ ne anisɔ pii adi. Sɛ anka wobɛkasa atia no no, boa no. Kyerɛ sɛ wubu no sɛ wo ti. Sɛ wote nka sɛ wafom wo a, nyɛ bi ntua ka. (1 Petro 2:​21, 23) Gye tom sɛ nnipa tɔ sin, na sɛ akasakasa sɔre a, fi ahobrɛase mu di kan pa kyɛw.​—Efesofo 4:26.

9 Mma nhyiamkɔ nnyɛ ade a ɛma n’aduan ka akyi. Ebia wubetumi apaw sɛ wode wo ho bɛhyɛ Kristofo ɔsom adwuma no mu wɔ mmere a wo kunu nni fie no. Nyansa wom sɛ ɔyere Kristoni renka asɛm no bi nkyerɛ ne kunu bere a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ saa no. Mmom, odi ɔsomafo Petro afotu no akyi: “Mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu.” (1 Petro 3:​1, 2) Ɔyerenom Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda Onyankopɔn honhom aba no adi wɔ biribiara mu.​—Galatifo 5:​22, 23.

BERE A ƆYERE NYƐ KRISTONI NO

10. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okunu gyidini yɛ n’ade wɔ ne yere ho bere a ɛsono ɔbea no gyidi no?

10 Na sɛ okunu na ɔyɛ Kristoni na ne yere nyɛ bi nso ɛ? Bible no de akwankyerɛ ma wɔ tebea horow a ɛte saa ho. Ɛka sɛ: “Sɛ onua bi wɔ ɔyere a onnye nni, na ɔbea no pene sɛ ɔne no tra a, onnnyaa no.” (1 Korintofo 7:​12) Ɛsan tu okununom fo sɛ: “Monnɔ mo yerenom.”​—Kolosefo 3:19.

11. Ɔkwan bɛn so na okunu betumi ada nhumu adi de anifere adi ne tiyɛ ho dwuma wɔ ne yere so, bere a ɔbea no nyɛ Kristoni no?

11 Sɛ woyɛ okunu a ɛsono wo yere gyidi a, ma w’ani nna hɔ paa sɛ wobɛkyerɛ obu ama no na woasusuw ne nkate horow ho. Sɛ obi a wanyin no, ohia ahofadi bi a ɛbɛma ɔde ne som mu gyidi horow abɔ ne bra, sɛ wunnye ntom mpo a. Bere edi kan a wobɛka wo gyidi ho asɛm akyerɛ no no, nhwɛ kwan sɛ ɔbɛpow ne gyidi horow a wakura bere tenten no na wagye foforo bi atom. Sɛ anka wobɛka prɛko pɛ sɛ nneyɛe a ɔne n’abusua akyerɛ ho anigye bere tenten no yɛ atoro no, fa boasetɔ bɔ mmɔden sɛ wo ne no besusuw Kyerɛwnsɛm no ho. Ebia asɛm no ara ne sɛ ɔte nka sɛ wubu w’ani gu no so, sɛ wode bere pii yɛ asafo no mu nnwuma a. Ebia ɔbɛsɔre atia mmɔden a wobɔ sɛ wobɛsom Yehowa no, nanso ebia na asɛm no ara ne sɛ: “Ɛsɛ sɛ wunya me ho adagyew!” Nya boasetɔ. Sɛ wususuw ne ho wɔ ɔwɔ mu a, wubetumi aboa no ma wagye nokware som atom wɔ bere bi akyi.​—Kolosefo 3:​12-14; 1 Petro 3:​8, 9.

MMOFRA NO A MOBƐTETE WƆN

12. Sɛ ɛsono okunu ne ɔyere gyidi mpo a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow tete wɔn mma?

12 Wɔ abusua a wɔnyɛ biako wɔ ɔsom mu mu no, ɛtɔ mmere bi a ɔsom mu nkyerɛkyerɛ a wɔde ma mmofra no dan asɛnnennen. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma? Bible no kyerɛ sɛ agya no na ɛyɛ n’asɛyɛde titiriw sɛ ɔkyerɛkyerɛ mmofra no, nanso ɛna no nso wɔ asɛyɛde titiriw bi a ɛsɛ sɛ odi ho dwuma. (Mmebusɛm 1:8; fa toto Genesis 18:​19; Deuteronomium 11:​18, 19 ho.) Sɛ agya no nnye Kristo tiyɛ no ntom mpo a, ɔyɛ abusua no ti ara.

13, 14. Sɛ okunu siw ne yere kwan sɛ ɔmmfa ne mma nnkɔ Kristofo nhyiam horow anaa ɔne wɔn nnsua ade a, dɛn na ɔbea no betumi ayɛ?

13 Sɛ ɛna no kyerɛkyerɛ mmofra no wɔ ɔsom ho nsɛm ho a, agyanom bi a wɔnyɛ gyidifo nsɔre ntia. Afoforo sɔre tia. Sɛ wo kunu mma wo kwan sɛ wode mmofra no bɛkɔ asafo nhyiam horow anaa osiw wo kwan sɛ wo ne wɔn nnsua Bible no wɔ fie nso ɛ? Afei de ɛsɛ sɛ woma asɛyɛde ahorow a wowɔ no kari pɛ​—w’asɛyɛde wɔ Yehowa Nyankopɔn anim, wo ti a ɔne wo kunu, ne wo mma a wodɔ wɔn no ho. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyinom nyinaa pɛpɛɛpɛ?

14 Ɛda adi sɛ wobɛbɔ asɛm no ho mpae. (Filipifo 4:​6, 7; 1 Yohane 5:​14) Nanso, awiei koraa no wo na ɛsɛ sɛ wusi nea wobɛyɛ no ho gyinae. Sɛ wode anifere fi ase, ma wo kunu hu pefee sɛ wonsɔre ntia ne tiyɛ a, awiei koraa no, ɔsɔretia a ɔde ba wo so no bɛbrɛ ase. Sɛ wo kunu siw wo kwan sɛ mfa mo mma no nkɔ nhyiam horow anaa wo ne wɔn nnsua Bible no mpo a, wubetumi akyerɛkyerɛ wɔn ara. Bɔ mmɔden sɛ wode Yehowa ho dɔ bi, N’asɛm mu gyidi, obu ma awofo​—a wɔn papa ka ho​—nnipa foforo a wosusuw wɔn ho wɔ ɔdɔ mu, ne adwuma a wɔyere wɔn ho yɛ ho anisɔ bɛhyɛ wɔn mu denam wo da biara nkɔmmɔbɔ ne nhwɛso pa so. Awiei koraa no, ebia agya no behu nnepa a afi mu aba no, na obetumi akyerɛ wo mmɔdenbɔ no so mfaso ho anisɔ.​—Mmebusɛm 23:24.

15. Asɛyɛde bɛn na agya gyidini wɔ wɔ mmofra no nkyerɛkyerɛ mu?

15 Sɛ woyɛ okunu gyidini na wo yere nyɛ bi a, ɛnde ɛsɛ sɛ wudi asɛyɛde a ɛne sɛ wotete wo mma wɔ “Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” no ho dwuma. (Efesofo 6:4) Nanso, bere a woyɛ saa no, ɛsɛ sɛ woda ayamye, ɔdɔ ne ntease adi wɔ wo ne wo yere nsɛnnii mu.

SƐ WO NE W’AWOFO NNI ƆSOM BIAKO MU A

16, 17. Sɛ mmofra wɔ gyidi a ɛyɛ soronko wɔ wɔn awofo de ho a, Bible mu nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkae?

16 Ɛnyɛ nwonwa bio sɛ mmofra nkumaa mpo begye ɔsom mu nsusuwii a ɛyɛ soronko wɔ wɔn awofo de ho atom. So woayɛ saa? Sɛ saa a, Bible no wɔ afotu ma wo.

17 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni!” (Efesofo 6:​1, 2) Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wonya obu a ɛfata ma awofo. Na ɛwom sɛ osetie ma awofo ho hia de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa a wonsusuw nokware Nyankopɔn no ho. Bere a abofra nyin sɛnea ɛsɛ a obetumi afi ase asisi gyinae ahorow no, ne nneyɛe ho asodi a ɛda no so bɛdɔɔso. Ɛnyɛ ɔman no mmara nkutoo mu na eyi te saa, na mmom Onyankopɔn mmara titiriw mu. Bible no ka sɛ: “Yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.”​—Romafo 14:​12.

18, 19. Sɛ mmofra ne wɔn awofo nni ɔsom biako mu a, ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa wɔn awofo ma wɔahu wɔn gyidi yiye?

18 Sɛ wo gyidi horow ma woyɛ nsakrae horow wɔ w’asetra mu a, bɔ mmɔden sɛ wobɛte w’awofo ase. Sɛ nea wusua no ne Bible a wode di dwuma no ma wobɛyɛ obi a wubu ade kɛse, woyɛ osetie kɛse, na woyɛ nsi kɛse wɔ nea wɔka sɛ yɛ ho a, ɛda adi sɛ wɔn ani begye. Nanso, sɛ wo gyidi foforo no nso ma wopow gyidi ne amanne horow a wɔn ankasa ani gye ho a, ebia wɔbɛte nka sɛ worepow agyapade bi a wɔpɛ sɛ wɔde ma wo no. Ebia afoforo besuro nso sɛ ɛrensi wo yiye, sɛ wɔn ani nnye nea woreyɛ no ho wɔ mo mpɔtam hɔ, anaa ɛtwe w’adwene fi nneɛma a wɔte nka sɛ ebetumi aboa wo ma asi wo yiye wɔ honam fam so a. Ahantan nso betumi ayɛ akwanside. Ebia wɔbɛte nka sɛ nea woreka ne sɛ nea woyɛ no na ɛteɛ na wɔn de nteɛ.

19 Enti, bɔ mmɔden ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ yiye sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe ma hɔnom asafo no mu mpanyimfo binom anaa Adansefo foforo a wɔn ho akokwaw ne w’awofo ahyia. Hyɛ w’awofo nkuran sɛ wɔnkɔ Ahenni Asa so na wɔn ankasa nkotie nsɛm a wosusuw ho wɔ hɔ na wɔahu nnipa ko a Yehowa Adansefo yɛ. Bere bi akyi no, ebia w’awofo su bɛsesa. Sɛ awofo kɔ so sɔre tia wɔn mma, sɛe Bible nhoma ahorow, na wosiw wɔn kwan sɛ wɔnnkɔ Kristofo nhyiam horow mpo a, wɔtaa nya hokwan ahorow a ɛbɛma wɔakenkan ade wɔ baabi foforo, ne wɔn mfɛfo Kristofo abɔ nkɔmmɔ, na wɔadi afoforo adanse aboa wɔn bɔnnɔ so. Wubetumi abɔ Yehowa mpae nso. Mmofra bi twɛn kosi bere a wobenyin sɛnea ɛsɛ ma wɔafi wɔn abusuafie akɔtra baabi ansa na wɔatumi ayɛ pii. Nanso, sɛnea tebea no te wɔ fie biara no, mma wo werɛ mmfi sɛ ‘wubedi w’agya ne wo na ni.’ Yɛ wo fam de fa boa ma asomdwoe ntra fie hɔ. (Romafo 12:​17, 18) Nea ɛsen ne nyinaa no, hwehwɛ sɛ wo ne Onyankopɔn benya asomdwoe.

DEN A ƐYƐ SƐ WOBƐYƐ ƆWOFO A ƆWƆ MMANOMA

20. Sɛ ɔwofo bi wɔ mmanoma a, mmofra no betumi ate nka dɛn?

20 Wɔ afie pii mu no, tebea a ɛyɛ den sen biara no nyɛ ɔsom ho de, na mmom ɛfa mmanoma ho. Ɛnnɛ afie pii wɔ hɔ a emufo no bi yɛ awofo no biako anaa wɔn baanu nyinaa mma a wɔne wɔn kunu anaa wɔn yere dedaw no na ɛwoo wɔn. Wɔ abusua a ɛte saa mu no, ebia mmofra bɛyɛ ahoɔyaw afa abufuw anaa ebia wonhu nea ɛsɛ sɛ wotie no. Ne saa nti ebia wɔbɛkasa atia mmɔden a ɔwofo a ɛnyɛ ɔno na ɔwoo wɔn no bɔ sɛ ɔbɛyɛ agya anaa ɛna pa no. Dɛn na ebetumi aboa ma nneɛma akɔ so yiye ama mmusua a mmanoma wom?

Kratafa 138 mfonini

Sɛ ebia w’ankasa na wowoo mmofra no anaasɛ wɔyɛ wo mmanoma no, fa wo ho to Bible no so na woanya akwankyerɛ

21. Ɛmfa ho tebea soronko a awofo a wɔwɔ mmanoma wom no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Bible mu nnyinasosɛm ahorow so?

21 Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ ɛmfa ho sɛ tebea no yɛ soronko no, mubetumi de Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛma nneɛma kɔ so yiye wɔ mmusua foforo mu no adi dwuma wɔ ha nso. Ɛte sɛ nea saa nnyinasosɛm ahorow no a mubebu mo ani agu so no ma ɔhaw bi gyae kakra nanso ɛda adi sɛ ɛbɛma moadi awerɛhow akyiri yi. (Dwom 127:1; Mmebusɛm 29:​15) Nya nyansa ne nhumu​—nyansa a ɛbɛma wode nnyinasosɛm a ɛfata adi dwuma a atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛma moanya mfaso horow a ɛtra hɔ kyɛ, ne nhumu a wode behu nea enti a abusua no mufo ka nsɛm bi na wɔyɛ nneɛma bi. Ɛho hia nso sɛ wunya tema.​—Mmebusɛm 16:​21; 24:3; 1 Petro 3:8.

22. Dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama mmofra sɛ wobegye wɔn papa anaa wɔn maame hokafo atom?

22 Sɛ woyɛ ɔwofo a wɔwɔ mmanoma a, ebia wobɛkae sɛ bere a na woyɛ abusua no adamfo no, ebia mmofra no gyee wo toom. Nanso bere a wobɛyɛɛ wɔn maame anaa wɔn papa hokafo no, ebia wɔn su asakra. Esiane sɛ mmofra no kae wɔn papa anaa wɔn maame a ɔne wɔn nte bio no nti, ebia wonhu nea ɛsɛ sɛ wotie no, na ebetumi aba sɛ wɔte nka sɛ wopɛ sɛ wɔde ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ɔwofo a onni hɔ no ma wo. Ɛtɔ mmere bi a, ebia wɔbɛkae wo pefee sɛ wonyɛ wɔn papa anaa wɔn maame. Nsɛm a ɛte saa a wɔka no yɛ yaw. Nanso, “mma wo honhom mmpere abohuru ho.” (Ɔsɛnkafo 7:9) Nhumu ne tema ho hia na ama wɔadi mmofra no nkate ho dwuma.

23. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de nteɛso ama wɔ abusua a mmanoma wom mu?

23 Saa su horow no ho hia bere a obi de nteɛso ma no. Nteɛso a wɔde bɛma bere nyinaa ho hia. (Mmebusɛm 6:​20; 13:1) Na esiane sɛ ɛsono abofra biara ne ne su nti, ɛsono nteɛso a ebia wɔde bɛma obiara. Awofo bi a wɔwɔ mmanoma hu sɛ ɛyɛ papa sɛ mfiase no wɔbɛma nea ɔwoo mmofra no ankasa de nteɛso yi ama. Nanso, ɛho hia sɛ awofo baanu no nyinaa adwene hyia wɔ nteɛso no ho na wokura mu, na ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn ankasa ba ho anigye sen abanoma no. (Mmebusɛm 24:​23) Osetie ho hia, nanso ɛho hia sɛ wogye tom sɛ obiara wɔ sintɔ. Nyɛ ade ntra so. Fa nteɛso ma wɔ ɔdɔ mu.​—Kolosefo 3:21.

24. Dɛn na ebetumi aboa ma wɔakwati mmarima ne mmea ntam abrabɔ bɔne wɔ abusua a mmanoma wom mu?

24 Abusua nkɔmmɔbɔ betumi ayɛ pii ma wɔakwati ɔhaw. Eyi betumi aboa abusua no ma wɔde wɔn adwene asi asetra mu nneɛma a ɛho hia sen biara so. (Fa toto Filipifo 1:​9-11 ho.) Wobetumi aboa obiara nso ma wahu sɛnea obetumi aboa ma wɔadu abusua no botae horow ho. Afei nso, abusua nkɔmmɔbɔ a wɔda nsɛm adi pefee wom betumi ama wɔakwati abrabɔ fam ɔhaw ahorow. Ɛho hia sɛ mmeawa hu sɛnea wobesiesie wɔn ho ayɛ nneɛma a ɛfata bere a wɔne wɔn maame kunu anaa papa no mmabarima biara wɔ hɔ no, na ɛho hia sɛ wotu mmarimaa fo wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ woyi su pa adi kyerɛ wɔn papa yere anaa maame no mmabea biara ho.​—1 Tesalonikafo 4:​3-8.

25. Su horow bɛn na ebetumi aboa ma asomdwoe atra abusua a mmanoma wom mu?

25 Da boasetɔ adi bere a wuhyia asɛnnennen soronko sɛ ɔwofo a ɔwɔ mmanoma no. Egye bere na woafi abusuabɔ foforo ase. Ɔdɔ ne obu a mmofra ɛnyɛ wo na wowoo wɔn benya ama wo no betumi ayɛ den. Nanso wubetumi anya. Nyansa ne nhumu koma, ne ɔpɛ a emu yɛ de a wubenya sɛ wobɛsɔ Yehowa ani na ɛde asomdwoe ba abusua a mmanoma wom mu. (Mmebusɛm 16:​20) Su horow a ɛte saa betumi aboa wo nso ma woadi tebea afoforo ho dwuma.

SO HONAM FAM NNEƐMA DE MPAAPAEMU BA WO FIE?

26. Akwan bɛn so na honam fam nneɛma ho haw ne su horow betumi apaapae abusua bi mu?

26 Honam fam nneɛma ho haw ne su horow betumi apaapae mmusua mu wɔ akwan pii so. Awerɛhosɛm ne sɛ sika ho akyinnyegye ne pɛ a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho​—anyɛ yiye koraa no wonya wɔn ho kakra no sɛe mmusua bi. Mpaapaemu betumi aba bere a awarefo baanu no nyinaa yɛ adwuma na wonya su a ɛne sɛ “me sika ni, wo sika ni.” Sɛ awarefo baanu no nyinaa kwati akyinnyegye mpo, na wɔn baanu nyinaa yɛ adwuma a, wobehu sɛ wɔwɔ bere nhyehyɛe a ɛmma wonnya bere pii mma wɔn ho. Nea ɛrekɔ so kɛse wɔ wiase no mu ne sɛ agyanom begyaw wɔn mmusua hɔ akɔtra baabi bere tenten​—asram anaa mfe pii mpo​—na ama wɔanya sika pii a wontumi nnya da wɔ wɔn kurom. Eyi betumi de ɔhaw a emu yɛ den aba.

27. Nnyinasosɛm ahorow a ebetumi aboa abusua a wɔn ho akyere wɔn sika fam no bi ne dɛn?

27 Obiara ntumi nhyɛ mmara a wɔde bedi tebea horow yi ho dwuma, efisɛ ɛsono sɛnea ɛsɛ sɛ abusua biara di ne nhyɛso ne n’ahiade ho dwuma. Bible afotu betumi aboa ara. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 13:​10, NW, kyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a wobetumi akwati apereperedi a ɛho nhia bere a “wotu agyina” no. Eyi nyɛ obi adwene a ɔbɛkyerɛ kɛkɛ na mmom afotu a ɔbɛhwehwɛ na ama wahu sɛnea onipa foforo no hu asɛm bi. Bio nso, sika ho nhyehyɛe pa a abusua no bɛyɛ betumi aboa ma wɔayɛ biako. Ɛtɔ mmere bi a ɛho hia​—ebia bere tiaa bi​—sɛ awarefo baanu no nyinaa yɛ adwuma de tua ɛka foforo a wɔbɔ no, titiriw bere a wɔawo anaa afoforo te wɔn nkyɛn no. Sɛ ɛte saa a, okunu no betumi ama ne yere anya awerɛhyem sɛ ɔda so ara wɔ bere ma no. Ɔne mmofra no betumi afi ɔdɔ mu aboa ne yere ma wayɛ adwuma a ebia ne nkutoo na ɔtaa yɛ no bi.​—Filipifo 2:​1-4.

28. Nsɛm bɛn na sɛ abusua bi kae di so a, ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ biako?

28 Nanso, ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛwom sɛ sika ho hia wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu de, nanso ɛmfa anigye mma. Nokwarem no, ɛmma nkwa. (Ɔsɛnkafo 7:​12) Nokwasɛm ni, honam fam nneɛma a obi besi so dua dodo betumi asɛe no wɔ honhom ne abrabɔ fam. (1 Timoteo 6:​9-12) Hwɛ sɛnea ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na yɛanya awerɛhyem sɛ obehyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yebenya asetrade no so! (Mateo 6:​25-33; Hebrifo 13:5) Sɛ woma honhom fam nneɛma ho hia sen biribiara, na nea edi kan koraa no wohwehwɛ sɛ wobɛma asomdwoe aba wo ne Onyankopɔn ntam a, wubehu sɛ ɛwom sɛ ebia tebea horow bi apaapae w’abusua mu de, nanso ɛbɛyɛ nea ayɛ biako ankasa wɔ akwan a ɛho hia sen biara so.

ƆKWAN BƐN SO NA BIBLE MU NNYINASOSƐM AHOROW YI BETUMI ABOA . . . ABUSUA BI MA WƆAMA ASOMDWOE ATRA WƆN FIE?

Kristofo hwehwɛ nhumu.​—Mmebusɛm 16:​21; 24:3.

Ɛnyɛ bere a awarefo wɔ ɔsom biako mu nkutoo na wobetumi ada ɔdɔ ne obu adi.​—Efesofo 5:​23, 25.

Kristoni nhyɛ da mmu Onyankopɔn mmara so da.​—Asomafo no Nnwuma 5:29.

Kristofo pɛ asomdwoe.​—Romafo 12:18.

Mma nsɛm nnhaw wo ntɛmntɛm.​—Ɔsɛnkafo 7:9.

AWARE A ƐFATA DE NIDI NE ASOMDWOE BA

Wɔ yɛn bere yi mu no, mmarima ne mmea pii tra bom sɛ okunu ne ɔyere a wɔnwaree wɔ mmara kwan so. Eyi yɛ tebea a ebia ɛsɛ sɛ gyidini foforo no di ho dwuma. Ebia na ɔman no anaa abusua no amanne ama wogye aware bi a ɛte saa tom, nanso ɛnyɛ mmara kwan so de. Nanso, Bible gyinapɛn hwehwɛ sɛ wɔde aware hyɛ mmara ase wɔ ɔkwan a ɛfata so. (Tito 3:1; Hebrifo 13:4) Wɔ nnipa a wɔwɔ Kristofo asafo no mu fam no, Bible san ka sɛ ɛsɛ sɛ awarefo no yɛ okunu biako ne ɔyere biako. (1 Korintofo 7:2; 1 Timoteo 3:​2, 12) Gyinapɛn yi sodi yɛ ade a edi kan a ɛbɛma asomdwoe aba wo fie. (Dwom 119:​165) Yehowa ahwehwɛde ahorow yɛ nea ntease wom na ɛnyɛ adesoa. Nea ɔkyerɛkyerɛ no yɛ nea ɛde mfaso bɛbrɛ yɛn.​—Yesaia 48:​17, 18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena