Adesua 15
Onyankopɔn Apɛde a Wobɛboa Afoforo Ma Wɔayɛ
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woka nea wusua no ho asɛm kyerɛ afoforo? (1)
Henanom na wubetumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn? (2)
Nkɛntɛnso bɛn na wo nneyɛe betumi anya wɔ afoforo so? (2)
Bere bɛn na wubetumi ne mo hɔnom asafo no abom aka asɛm? (3)
1. Ɛde besi saa bere yi woasua nneɛma pa pii afi Bible mu. Ɛsɛ sɛ nimdeɛ yi ma wunya Kristofo nipasu. (Efesofo 4:22-24) Saa nimdeɛ yi hia na ama woanya daa nkwa. (Yohane 17:3) Nanso, ɛho hia sɛ afoforo nso te asɛmpa no na ama wɔatumi agye wɔn nkwa. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa di afoforo adanse. Ɛyɛ Onyankopɔn ahyɛde.—Romafo 10:10; 1 Korintofo 9:16; 1 Timoteo 4:16.
2. Wubetumi afi ase denam wɔn a wɔbɛn wo a wobɛka nneɛma pa a woresua no akyerɛ wɔn no so. Ka kyerɛ w’abusuafo, wo nnamfo, wo mfɛfo sukuufo, ne wo mfɛfo adwumayɛfo. Bere a woyɛ saa no, da ayamye ne boasetɔ adi. (2 Timoteo 2:24, 25) Kae sɛ nkurɔfo taa hwɛ obi nneyɛe sen sɛnea wotie nea ɔka. Enti, wo nneyɛe pa no betumi atwetwe afoforo ma wɔatie asɛm a woka kyerɛ wɔn no.—Mateo 5:16; 1 Petro 3:1, 2, 16.
3. Bere bi akyi no, wubetumi afata sɛ wufi ase ne mo hɔnom Yehowa Adansefo asafo no bom ka asɛm no. Eyi yɛ wo nkɔso no mu adeyɛ a ɛho hia. (Mateo 24:14) Sɛ wutumi boa obi foforo ma ɔbɛyɛ Yehowa somfo na onya daa nkwa a, hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ!—1 Tesalonikafo 2:19, 20.