Baabi a Ɛsɛ sɛ Wokɔhwehwɛ Mmuae No
“Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ wɔbɛyɛ abɔnefo ayayade daa no ne gyidi a ɛne sɛ Onyankopɔn dɔ abɔde no nhyia. . . . Ntease biara nnim koraa sɛ wobegye adi sɛ wɔtwe ɔkra no aso daa wɔ mfomso a ɔyɛ wɔ mfe kakraa bi mu ho a wɔmma onnya hokwan nsiesie n’akwan.”—NIKHILANANDA, HINDUNI NYANSAPƐFO.
1, 2. Esiane sɛ Owu Akyi asetra ho gyidi gu ahorow nti, nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?
TE SƐ Hinduni nyansapɛfo Nikhilananda no, daa ayayade nkyerɛkyerɛ no haw nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu pii adwene. Saa ara nso na ɛyɛ den ma afoforo sɛ wɔbɛte nkyerɛkyerɛ te sɛ Nirvana a wɔn nsa ka ne biako a wɔne Tao yɛ no ase.
2 Nanso, esiane adwene a ɛne sɛ ɔkra no nwu da nti, Apuei ne Atɔe fam ɔsom ahorow ahyehyɛ Owu Akyi asetra ho gyidi ahorow pii. So yebetumi ahu nokwasɛm a ɛfa nea ɛba yɛn so bere a yɛawu no ho? Ɔkra nwu da ampa? Ɛhe na yebetumi anya mmuae?
Nyansahu ne Nyansapɛ
3. So nyansahu ne ɔkwan a wɔfa so yɛ nyansahu mu nhwehwɛmu de owu akyi asetra ho nsɛmmisa ho mmuae ma?
3 So nyansahu anaa ɔkwan a wɔfa so yɛ nyansahu mu nhwehwɛmu de nsɛmmisa a ɛsɔre wɔ Owu Akyi asetra no ho mmuae ma? Nhwehwɛmufo bi agyina ‘ade a ɛtɔ nkurɔfo so’ nnansa yi ho kyerɛwtohɔ ne osuahu so abɔ mmɔden sɛ wɔbɛka biribi afa owu akyi asetra ho. Bere a Katolekni nyamekyerɛfo Hans Küng reka nsɛm a wɔkae no bi wɔ ne kasa a ɛne “So Owu Yɛ Ɔkwan a Ɛkɔ Hann Mu?” no mu no, ɔkae sɛ: “Osuahu ahorow a ɛte sɛɛ nkyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ owu akyi asetra wɔ hɔ: ɛyɛ biribi a esi bere a aka simma anum ma obi awu, na ɛnkyerɛ sɛ obi nya daa nkwa wɔ owu akyi.” Ɔde kaa ho sɛ: “Asɛm a ɛne sɛ ebetumi aba sɛ owu akyi asetra wɔ hɔ no ho hia ateasefo kɛse. Ehia mmuae a sɛ nnuruyɛfo ntumi mfa mma a, ɛsɛ sɛ wɔkɔhwehwɛ wɔ baabi foforo.”
4. So nyansapɛ betumi aboa yɛn ma yɛanya mmuae wɔ nneɛma pii a ɔsom ahorow de kyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ owu akyi asetra wɔ hɔ no mu?
4 Nyansapɛ nso ɛ? So ebetumi aboa yɛn ma yɛanya mmuae wɔ nneɛma pii a ɔsom ahorow de kyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ owu akyi asetra wɔ hɔ no mu? Britaniani nyansapɛfo Bertrand Russell a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 20 mu ka sɛ nea wɔyɛ wɔ nyansapɛ ho nhwehwɛmu mu no bi ne “bu a wɔde wɔn adwene bu nneɛma.” Sɛnea The World Book Encyclopedia kyerɛ no, “nyansapɛ yɛ nhwehwɛmu—ɔkwan a wɔfa so hwehwɛ biribi mu, hu sɛnea ɛte, kyerɛkyerɛ mu na wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ ho.” Ɛdefa Owu Akyi asetra ho no, nyansapɛ akyerɛ sɛ nkwa a owu nni mu yɛ ade a obi yam a anka ɛwɔ hɔ, ne sɛ ɛyɛ hokwan a onipa biara wɔ.
Mmuae Fibea a Ɛda Nsow
5. Nhoma a akyɛ sen biara a wɔakyerɛw pɛn no ne nea ɛwɔ he?
5 Nanso, nhoma bi wɔ hɔ a ekura nkwa ne owu ho nsɛmmisa a ɛho hia ho mmuae a ɛyɛ nokware. Ɛyɛ nhoma a akyɛ sen biara a wɔakyerɛw pɛn, wɔkyerɛw ne fã bi bɛyɛ mfe 3,500 ni. Wɔkyerɛw nhoma yi fã a edi kan no mfeha kakra ansa na wɔrehyehyɛ Hindufo kyerɛw nsɛm, Vedas, no mu nnwom a edi kan pɛɛ, ne bɛyɛ mfe apem ansa na Buddha, Mahāvīra ne Konfusio traa asase so. Wɔkyerɛw nhoma yi wiei wɔ 98 Y.B. mu, bɛboro mfe 500 ansa na Muḥammad de Nkramosom reba. Nhoma a ɛda nsow a ekura nyansa a ɛkorɔn paa yi ne Bible.a
6. Dɛn nti na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Bible bɛka dekode a ɔkra yɛ no akyerɛ yɛn?
6 Bible no kura abakɔsɛm a ɛyɛ nokware paa sen tete nhoma biara a ɛwɔ hɔ. Abakɔsɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible no mu ka adesamma abusua no mfiase ho asɛm na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea yɛbaa asase so ha mu. Ɛka bere a na wɔmmɔɔ onipa ho asɛm. Nhoma a ɛte saa no betumi ama yɛahu sɛnea wɔyɛɛ onipa ne dekode a ɔkra yɛ ankasa.
7, 8. Dɛn nti na yebetumi de ahotoso adan akɔ Bible so akɔhwehwɛ nea ɛba bere a yɛawu no ho mmuae a ɛyɛ nokware na ɛma akomatɔyam?
7 Afei nso, Bible yɛ nhoma a emu nkɔmhyɛ ahorow anya mmamu pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, ɛkaa Medo-Persia ne Hela ahemman sɔre ne wɔn asehwe ho nsɛm pii. Na nsɛm yi yɛ nokware araa ma akasatiafo bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ wɔkyerɛwee wɔ bere a nsɛm no sisii akyi, nanso ankosi hwee. (Daniel 8:1-7, 20-22) Nkɔmhyɛ ahorow bi a wɔakyerɛw wɔ Bible mu renya mmamu kɛse wɔ yɛn ankasa bere yi so.b—Mateo ti 24; Marko, ti 13; Luka, ti 21; 2 Timoteo 3:1-5, 13.
8 Nanso, onipa biara nni hɔ a obetumi akyerɛ nsɛm a ebesisi daakye pɛpɛɛpɛ, ɛmfa ho sɛnea onim nyansa fa. Amansan no Bɔfo a ɔwɔ tumi ne nyansa sen obiara no nkutoo na obetumi ayɛ saa. (2 Timoteo 3:16, 17; 2 Petro 1:20, 21) Nokwarem no, Bible yɛ nhoma a efi Onyankopɔn hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ nhoma a ɛte saa no betumi de mmuae ahorow a ɛyɛ nokware na akomatɔyam wom a ɛfa nea ɛba yɛn so bere a yɛawu no ho no ama yɛn. Ma yenni kan nhwɛ nea ɛka fa ɔkra ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ Amansan Nhoma nhomawa a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania tintimii no.
b Hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no.
[Kratafa 18 mfonini]
Nhoma a akyɛ sen biara a wɔakyerɛw pɛn
[Kratafa 18 mfonini]
Nhoma a ɛde mmuae a ɛyɛ nokware na ɛma akomatɔyam ma