Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gf adesua 5 kr. 8-9
  • Onyankopɔn Nnamfo Bɛtena Paradise

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Nnamfo Bɛtena Paradise
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔhyɛ Asetra Pa Ho Bɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Paradise
    Nyan!—2013
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Harmagedon Akyi No, Paradise Asase
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
gf adesua 5 kr. 8-9

ADESUA 5

Onyankopɔn Nnamfo Bɛtra Paradise

Paradise renyɛ te sɛ wiase a yɛte mu nnɛ no. Onyankopɔn mpɛ sɛ ɔhaw ne awerɛhow, ɛyaw ne amanehunu bɛhyɛ asase so ma da. Onyankopɔn bɛyɛ asase paradise daakye. Paradise bɛyɛ te sɛ dɛn? Ma yɛnhwɛ nea Bible ka:

Nkurɔfo bi regye wɔn ani wɔ Paradise

Nnipa pa. Paradise bɛyɛ Onyankopɔn nnamfo fie. Wɔbɛyɛ nneɛma pa ama wɔn ho wɔn ho. Wɔbɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn trenee akwan ahyia.—Mmebusɛm 2:21.

Aduan pii. Ɔkɔm remma Paradise. Bible ka sɛ: “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso.”—Dwom 72:16.

Nkurɔfo resi dan, ebinom reboaboa nnuan ano, na maame bi ama ne babea so asi ne so, na mmarima mmienu te sakre so

Adan pa ne adwuma a ɛyɛ anigye. Abusua biara benya n’ankasa fie wɔ Paradise asase so. Obiara bɛyɛ adwuma a ɛbɛma wanya anigye ankasa.—Yesaia 65:21-23.

Asomdwoe bɛba wiase nyinaa. Nnipa renko bio na wɔawuwu wɔ ɔko mu. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Onyankopɔn bɛma akodi agyae.”—Dwom 46:8, 9.

Akwahosan pa. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Ɔmanfo no mu biara [a ɔte Paradise] renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24) Afei nso, obiara renyɛ apakye anaa onifuraefo anaa ɔsotifo anaasɛ mum.—Yesaia 35:5, 6.

Ɛyaw, awerɛhow, ne owu bɛba awiei. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:4.

Nnebɔneyɛfo befi hɔ. Yehowa hyɛ bɔ sɛ: ‘Wobetwa abɔnefo afi asase so; na nkontompofo nso, wobeyi wɔn afi so.’—Mmebusɛm 2:22.

Nnipa bɛdodɔ wɔn ho na wɔabu wɔn ho wɔn ho. Atɛnkyea, nhyɛso, adifudepɛ ne nitan befi hɔ. Nnipa bɛyɛ biako na wɔbɛfa Onyankopɔn akwan so atra ase wɔ asomdwoe mu.—Yesaia 26:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena