Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 11/15 kr. 3-4
  • Wɔhyɛ Asetra Pa Ho Bɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔhyɛ Asetra Pa Ho Bɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asetra Bɛn na Wobɛpɛ?
  • Onyankopɔn Nnamfo Bɛtena Paradise
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Paradise Asase No
    Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
  • Harmagedon Akyi No, Paradise Asase
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Wubetumi Anya Daakye A Ɛyɛ Anigye!
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 11/15 kr. 3-4

Wɔhyɛ Asetra Pa Ho Bɔ

WOBƐPƐ sɛ ɔhaw ahorow a ɛma asetra yɛ den no fi hɔ? Wopɛ sɛ wotra wiase bi a emu asetra yɛ anigye te sɛ nea ɛwɔ tebea a wɔayɛ ho mfonini wɔ nsɛmma nhoma yi anim ne akyi no mu? Hwɛ saa mfonini no yiye. Nnipa wɔ nnuan pii a wodi. Wobedi nnuan a ɛyɛ dɛ no ankasa. Obiara ani agye. Nnipa a wofi mmusua ahorow mu ne wɔn ho wɔn ho te asomdwoe mu. Mmoa no mpo nyɛ basabasa! Obiara nko. Obiara nni hia. Obiara nyare. Nneɛma a ɛyɛ fɛ atwa wɔn ho ahyia, nnua a ɛyɛ fɛ, ne nsu pa a ani tew wɔ hɔ. Tebea a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

Asase yi bɛyɛ saa da bi? Yiw, ɛbɛyɛ paradise. (Luka 23:43) Onyankopɔn a ɔbɔɔ asase no abɔ ne tirim sɛ nnipa benya asetra pa wɔ paradise asase so. Na wubetumi akɔ hɔ bi!

Asetra Bɛn na Wobɛpɛ?

Ɔkwan bɛn so na daakye Paradise asase no bɛyɛ soronko wɔ wiase a yɛte mu seesei no ho? Mprempren, nnipa bɛboro ɔpepepem biako na wodi kɔm da biara. Nanso wɔ Paradise a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛba asase so mu no, obiara benya aduan pii adi. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Asafo Awurade [Yehowa, NW] bɛtow aman nyinaa pon . . . sradeduan, nsa a akyɛ.” (Yesaia 25:6) Aduankɔm bi nni hɔ bio, efisɛ Bible ka sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

Ɛnnɛ, nnipa pii te adangow ne asese nkurow mu, anaasɛ wodi apere sɛ wobetua wɔn adan ho ka. Afoforo nni afie a wɔte mu na wɔda mmɔnten so. Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kyerɛ no, wiase no mu mmofra dodow bɛyɛ ɔpepem 100 na wonni afie te mu. Nanso wɔ Paradise a ɛbɛba no mu no, obiara benya n’ankasa fie. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.”—Yesaia 65:21.

Nnipa pii yɛ nnwuma a wɔmpɛ. Mpɛn pii no, wɔde bere tenten yɛ adwumaden, nanso akatua ketewaa bi na wogye. Wiase no mu nnipa 5 biara mu 1 na wogye akatua a esua sen $500 afe biara. Nanso, wɔ Paradise a ɛreba no mu no, nnipa bɛyɛ wɔn ankasa adwuma, na wobenya biribi pa bi afi mu. Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: “Wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu.”—Yesaia 65:22, 23.

Seesei, ɔyare wɔ baabiara. Nnipa pii ani afura. Ebinom yɛ asotifo. Afoforo ntumi nnantew. Nanso wɔ Paradise no, nnipa renyare bio. Yehowa ka sɛ: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” (Yesaia 33:24) Ɛdefa wɔn a wɔadi dɛm dedaw ho no, bɔhyɛ a ɛyɛ anigye no ne sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote [ɔforote nini], na mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yesaia 35:5, 6.

Seesei, amanehunu ne ɛyaw, awerɛhow ne owu wɔ hɔ. Nanso wɔ Paradise asase so no, saa nneɛma yi nyinaa betwam. Yiw, owu mpo befi hɔ! Bible ka sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, Paradise asase a Yehowa ahyɛ ho bɔ no bɛkyerɛ asetra pa ama adesamma. Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ ɛbɛba? Bere bɛn na ɛbɛba, na wɔ ɔkwan bɛn so? Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woakɔ hɔ bi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena