Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gf adesua 6 kr. 10-11
  • Paradise Abɛn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paradise Abɛn!
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asetra Pa—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Bere Bɛn na Paradise Bɛba?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • “Wiase Awiei” Abɛn!
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
gf adesua 6 kr. 10-11

ADESUA 6

Paradise Abɛn!

Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so nnɛ wɔ asase so no kyerɛ sɛ Paradise abɛn. Bible no kae sɛ yebehu mmere a ɛyɛ hu, bere a aka kakraa bi ma Paradise aba no. Yɛte mmere a ɛte saa mu nnɛ! Nneɛma a Bible kae sɛ ɛbɛba no bi ni:

Wimhyɛn a wɔde kɔ ako

Akodi akɛse. “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni.” (Mateo 24:7) Nkɔmhyɛ yi abam. Efi 1914 reba no, wɔako wiase nyinaa ako abien ne ako nketewa pii. Nnipa ɔpepem pii awuwu wom.

Nyarewa bɛtrɛw. ‘Ɔyaredɔm bɛba mmeaemmeae.’ (Luka 21:11) So eyi abam? Yiw. Kokoram, komayare, nsamanwaw, atiridii, AIDS, ne nyarewa foforo akunkum nnipa ɔpepem pii.

Nkurɔfo a wɔyare a ɔkɔm de wɔn

Aduankɔm. Nnipa a aduan a wonya nso wɔn di wɔ wiase nyinaa. Ɔkɔm kunkum nnipa ɔpepem pii afe biara. Eyi yɛ sɛnkyerɛnne foforo a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Paradise aba. Bible ka sɛ: “Aduankɔm bɛba.”—Marko 13:8.

Asasewosow. “Na . . . asasewosow bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:7) Eyi nso abam wɔ yɛn bere yi mu. Efi 1914 reba no, nnipa bɛboro ɔpepem biako awuwu wɔ asasewosow mu.

Ɔbarima bi atwe tuo wɔ ɔbaa bi so

Nnebɔneyɛfo. Nnipa bɛyɛ ‘sikaniberefo’ ne “ahopɛ.” Wɔbɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” Mmofra bɛyɛ “awofo so asoɔdenfo.” (2 Timoteo 3:1-5) So wunnye ntom sɛ nnipa pii wɔ hɔ nnɛ a wɔte saa? Wommu Onyankopɔn na wɔhaw wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesua Onyankopɔn ho ade no.

Nsɛmmɔnedi. ‘Amumɔyɛ bɛdɔɔso.’ (Mateo 24:12) Ɛda adi sɛ wubegye atom sɛ nnɛ nnipa di nsɛmmɔne pii sen mfe a atwam no. Wobetumi awia nnipa a wɔwɔ baabiara no nneɛma, asisi wɔn na wɔapira wɔn.

Eyinom nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni abɛn. Bible ka sɛ: “Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi resisi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.” (Luka 21:31) Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Ɛyɛ Onyankopɔn soro nniso a ɛde Paradise bɛba asase yi so. Onyankopɔn Ahenni besi nnipa nniso horow ananmu.—Daniel 2:44.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena