ƆFÃ 9
Bere Bɛn na Paradise Bɛba?
Asase so haw kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba. Luka 21:10, 11; 2 Timoteo 3:1-5
Ná Bible no aka nneɛma a ɛresisi nnɛ no ho asɛm ato hɔ dedaw. Ɛkae sɛ nnipa bɛyɛ sikanibere, awofo so asoɔden, wɔn a wɔyɛ keka ne wɔn a wɔdɔ anigyede.
Asasewosow akɛse, akodi, aduan kɔm ne ɔyaredɔm bɛba. Eyinom nyinaa resisi nnɛ.
Yesu kae nso sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa wɔ asase so nyinaa.—Mateo 24:14.
Ahenni no beyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ. 2 Petro 3:13
Ɛrenkyɛ Yehowa bɛsɛe abɔnefo nyinaa.
Wɔbɛtwe Satan ne n’adaemone no aso.
Wɔn a wotie Onyankopɔn no benya wɔn ti adidi mu akɔ wiase foforo bi a trenee te mu a ehu biara nni hɔ, wiase bi a emu nnipa no dodɔ wɔn ho na wɔwɔ wɔn ho mu ahotoso.