Ahenni Asɛm Nɔma 36
Mfirihyia Apem Foforo no—Dɛn na Wubenya Daakye?
Mfirihyia Apem Foforo no—So Ɛyɛ Bere Foforo Bi Mfiase?
AFEHA a ɛto so 20 no baa awiei December 31, 1999, ɔdasum.a Ɛyɛ afeha a na basabasayɛ wom kɛse. Nanso, ɛyɛɛ afeha a wonyaa mfiridwuma ho nimdeɛ foforo, nnuruyɛ mu nkɔanim a ɛyɛ nwonwa, akwan pii a wɔfa so di nkitaho, ne wiase nyinaa sikasɛm a enyaa nkɔanim ntɛmntɛm wom. Enti nnipa pii agye afeha foforo no atom sɛ nea ɛde anidaso ne nsakrae bɛba. So emu na ebia akodi, ohia, efĩ a atwa yɛn ho ahyia, ne nyarewa bɛba awiei?
Nnipa pii hwɛ kwan saa. Nanso, wobɛyɛ dɛn atumi ahwɛ kwan sɛ mfirihyia apem foforo no de nsakrae ahorow a wubenya so mfaso—nsakrae a ɛbɛma asetra ayɛ dwoodwoo na ayɛ nea ahobammɔ wom ma wo ne w’abusua bɛba? Susuw ɔhaw akɛse a yɛrehyia no mu kakraa bi ho hwɛ.
Efĩ
Aman a anya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no “resɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, na wɔresɛe mframa ne adebɔ mu nneɛma wɔ wiase nyinaa.” Sɛ nea ɛrekɔ so mprempren yi kɔ so saa a, “ɛde ɔhaw bɛba adebɔ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so.”—“Global Environment Outlook—2000,” Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia So.
Ɔyare
“Ebedu afe 2020 no, na nnipa du biara a wobewu no mu baason yɛ wɔn a mogya mu nyarewa na ekum wɔn wɔ aman a ennyaa nkɔso pii no mu, na ɛbɛboro wɔn a ekunkum wɔn nnɛ no mu fã.” —“The Global Burden of Disease,” Harvard Sukuupɔn Mu Nsɛm Ho Amanneɛbɔ, 1996.
Animdefo bi kyerɛ sɛ “ebedu 2010 no, na aka nnipa a wonnu ɔpepem 66 [na wɔte ase] wɔ aman 23 a [AIDS] ayɛ nkurɔfo kɛse wom sen biara no mu.”—“Confronting AIDS: Evidence From the Developing World,” Europa Bagua ne Wiase Nyinaa Sikakorabea amanneɛbɔ.
Ohia
“Nnipa a sika a wodi no da koro nnu dɔla biako reyɛ adu ɔpepepem 1.3, na nnipa bɛyɛ ɔpepepem 1 ntumi nnya wɔn ano aduan.”—“Human Development Report 1999,” Amanaman Nkabom Nkɔsodwuma Asoɛe.
Ɔko
“Basabasayɛ a ɛrekɔ so [wɔ aman horow so] betumi akodu baabi a ebi mmae da. Basabasayɛ a ɛte saa a mmusua ne nyamesom ntam [mpaapaemu] de ba no, . . . bɛyɛ akodi a ɛsen biara a ebebu so wɔ mfirihyia aduonu anum a edi hɔ no mu . . . na wobekunkum nnipa ɔpehaha pii afe biara.”—“New World Coming: American Security in the 21st Century,” U.S. Ɔman Bammɔ Asoɛe/Afeha a Ɛto so 21 Bagua.
Enti mfirihyia apem foforo no ho ahurusidi no mma yenhu nokwasɛm a ɛne sɛ efĩ, yare, ohia, ne ɔko ho asiane ayɛ kɛse sen bere foforo biara no. Na nea ɛde ɔhaw ahorow yi nyinaa ba ne adifudepɛ, nnipa mu ahotoso a wonni, ne pɛsɛmenkominya—su ahorow a nyansahu mu nhwehwɛmu, mfiridwuma ho nimdeɛ, anaa amammuisɛm ntumi nyi mfi hɔ no.
Mfirihyia Apem A Ɛde Nhyira Bɛbrɛ Adesamma
Tete nhoma kyerɛwfo bi kae bere bi sɛ: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛnyɛ tumi a onipa de bedi asase so nko na onni, na mmom onni ho kwan nso. Yɛn Yɛfo, Yehowa Nyankopɔn, nkutoo na ɔwɔ ho kwan, na onim sɛnea obedi adesamma haw ahorow ho dwuma ama yɛn.—Romafo 11:33-36; Adiyisɛm 4:11.
Nanso bere bɛn na ɔbɛyɛ? Ɔbɛyɛ no kwan bɛn so? Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ yɛabɛn “nna a edi akyiri” no awiei. Mesrɛ wo, bue wo Bible mu na kenkan 2 Timoteo 3:1-5. Ɛka su ahorow a nnipa bɛda no adi wɔ saa “mmere a emu yɛ den” yi mu no ho asɛm pefee. Mateo 24:3-14 ne Luka 21:10, 11 nso ka “nna a edi akyiri” ho asɛm. Ɛhɔ no, ɛtwe adwene si nsɛm a asisi fi afe 1914 reba, te sɛ wiase nyinaa ko, yaredɔm, ne aduankɔm a abu so, no so.
“Nna a edi akyiri” no bɛba awiei nnansa yi ara. Daniel 2:44 ka sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, . . . bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Enti wɔka siei sɛ Onyankopɔn de Ahenni, anaa aban bi besi hɔ ma adi asase so. Sɛnea Adiyisɛm 20:4 kyerɛ no, saa aban yi bedi tumi—mfirihyia apem! Wo de susuw akwan a asetram tebea horow bɛfa so ayɛ yiye ama adesamma nyinaa wɔ saa Mfirihyia Apem a anigye wom yi mu no kakraa bi ho hwɛ:
Sikasɛm. “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”—Yesaia 65:21, 22.
Akwahosan. “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” ‘Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Meyare!’—Yesaia 33:24; 35:5, 6.
Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia. Onyankopɔn “bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.”—Adiyisɛm 11:18.
Nnipa Ntam Abusuabɔ. “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, “New World Translation”] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—Yesaia 11:9.
Nnipa ɔpepem pii wɔ saa Bible bɔhyɛ ahorow yi mu gyidi ma enti wɔanya daakye ho anidaso ne ahotoso. Ne saa nti, wotumi gyina asetram nhyɛso ne ɔhaw ahorow ano yiye. Ɔkwan bɛn so na Bible betumi abɛyɛ ade a ɛkyerɛ wo kwan wɔ w’asetra mu?
Nimdeɛ A Ɛde Kɔ Nkwa Mu!
Ɛtɔ mmere bi a nyansahu ne mfiridwuma tumi yɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa! Nanso, nnipa nimdeɛ mmaa nnipa dodow no ara asetra nyɛɛ nea ahobammɔ ne anigye wom. Wɔaka nimdeɛ a ɛno nkutoo na ebetumi ayɛ eyi ho asɛm wɔ Yohane 17:3 sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”
Nimdeɛ a ɛte saa no wɔ Bible mu. Ɛwom sɛ nnipa pii ka nhoma kronkron no ho asɛm denneennen de, nanso wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔn ankasa akenkan. Na wo nso ɛ? Nokwarem no, Bible akenkan gye mmɔdenbɔ yiye. Nanso ɛfata saa. Bible nkutoo ne nhoma a ‘efi Onyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.’—2 Timoteo 3:16.
Ɛnde, ɔkwan bɛn na wobɛfa so ahu Bible no mu? Dɛn nti na womma Yehowa Adansefo mmoa wo? Wɔkyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii wɔ wɔn ankasa afie mu a wonnye wɔn hwee. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wo wɔ eyi yɛ mu no, wɔde Bible ho nhoma ahorow te sɛ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no di dwuma. Ɛma Bible ho nsɛmmisa pii a ebia wowɔ te sɛ: Hena ne Nyankopɔn? Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase? Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Ɔkwan bɛn so na Bible betumi ama w’abusua atu mpɔn?, ho mmuae tiawa.
Sɛ wopɛ sɛ Yehowa Adansefo mu biako bɛsra wo wɔ wo fie a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ kratasin a wɔde kra nhoma a ɛwɔ ase hɔ no. Ɛbɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Nniso a anigye wom no ho nsɛm pii akyerɛ wo!
□ Mepɛ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no biako. Kasa a wopɛ.
□ Mesrɛ sɛ mommehu me ne me mmeyɛ Bible adesua a wontua hwee
[Ase hɔ asɛm]
a Adwenhorow a Apuei famfo kura wɔ mfirihyia apem foforo ho no ho asɛm na yɛreka wɔ ha yi. Sɛ yebu ho akontaa ankasa a, mfirihyia apem foforo no fi ase January 1, 2001.