Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 8/1 kr. 16-19
  • Mfirihyia Apem No​—Ɛyɛ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfirihyia Apem No​—Ɛyɛ Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AHENNI NOKWARE AHOROW A WƆASAKRA SƐNEA NE NTEASE NO TE
  • ANYAMESOM AKUW HOROW NO ADWENE A WƆWƆ WƆ MFIRIHYIA APEM NO HO
  • ƐHEFA NE BERE BƐN?
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nhyira Horow Bɛn Na Ɛbɛba Asase So Wɔ Mfirihyia Apem No Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Mfirihyia Apem Foforo no—Dɛn na Wubenya Daakye?
    Mfirihyia Apem Foforo no—Dɛn na Wubenya Daakye?
  • Mfirihyia Apem Anidaso No Di Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 8/1 kr. 16-19

Mfirihyia Apem No​—Ɛyɛ Dɛn?

Wɔasusuw Eyi ho Sɛ Ɛte Sɛ Dɛn?

So Yebetumi Ahwɛ Eyi Kwan wɔ Daakye?

“Bere a asomdwoe a onipa kɔn dɔ sɛ ne nsa bɛka, ne ho a ɔbɛfa adi afi bɔne mu, ne bere a trenee bedi asase so nyinaa so wɔ awiei koraa no, bɛbam denam Onyankopɔn tumi so.”

EYI NE ƆKWAN a Encyclopedia Britannica no kyerɛkyerɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa “mfirihyia 1,000 bere, a wonim no sɛ millennium” no mu.

So wompene so sɛ yɛbɛpɛ sɛ sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu afa yi bɛbam saa ankasa? Ɛyɛ nokware ampa sɛ yɛbɛpɛ sɛ yenya ‘asomdwoe, yɛn ho a yɛafa adi afi bɔne mu, ne trenee a ɛbɛba asase so’ no mu anigye. Nanso so saa akwanhwɛ no yɛ nea wugye di a ɛfa mfirihyia apem no ho no bi?

Nnipa pii wɔ hɔ a ɛnyɛ saa na wonim no, efisɛ mfirihyia apem no ho biribi ketewaa bi pɛ na wonim, anaasɛ wonnim bi koraa mpo. Eyi yɛ nokware wɔ nnipa ɔpepem bebree a wɔkɔ asɔre no ho, efisɛ anyamesom ahorow pii gyaw saa asɛm yi a wɔmmɔ din koraa. Ayɛ te sɛ nea ɛyɛ biribi a Onyankopɔn de kaa Bible no ho nanso nkurɔfo nni ho anigye anaasɛ ɛho nhia bio.

Nanso, sɛnea yɛahu no, Onyankopɔn Asɛm no de mfirihyia apem no toa sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu sɛ ɔbɛpopa awerɛhow, nusu ne owu afi hɔ no so. Enti yɛwɔ atirimpɔw a eye a yebegyina so ahwehwɛ sɛ yɛbɛte nea Yehowa Nyankopɔn ka ne nea ɔkyerɛ a ɛfa mfirihyia apem no ho no ase. Yɛn daakye ne yɛn abusua no de bɛyɛ nea ɛfa ho.

Wubetumi abue wo Bible no akɔ Adiyisɛm ti 20 na woahu nsɛm pii a ɛfa nea Bible no ka fa Kristo mfirihyia apem nniso no ho. Ɔsomafo Yohane ne yɛn kyɛ nea wɔma onyaa hokwan hui no:

“Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne ɔbonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu na ɔsow ano, na wankɔdaadaa amanaman no bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa;. . . .

“Na mihuu nhengua bi, na wɔtratraa so, . . . na mihuu wɔn a Yesu adanse . . . asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra . . . na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem. . . .

“Na sɛ mfirihyia apem no wie du a, wɔbɛsan Satan afi n’afiase, na obefi adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan mu, . . . na ogya fi soro guu fam bɛhyew wɔn. Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu. . . .

“Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu; . . . na obiara a wɔanhu no sɛ wɔde no ahyɛ nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare [owuprenu] no mu.”​—Adi. 20:1-15.

Enti sɛnea Bible no kyerɛ no, mfirihyia apem no yɛ bere a Satan rennya kwan nnaadaa adesamma, wobenyan awufo no no wɔabu wɔn atɛn, no Yesu Kristo ne n’ahokafo nhemfo no bedi adesamma so wɔ trenee mu.

Ɛnde ɛbɛyɛ wo nwonwa wɔ ɔkwan a ɛfata so, wɔ nea enti a wɔnte eyi ho asɛm pii biara koraa wɔ asɔre horow no anaasɛ anyamesom nhyehyɛe ahorow no mu no. Nokwasɛm no ne sɛ, sɛ wubisa ho asɛm a, wubehu sɛ anyamesom ahorow no mu binom kyerɛ sɛ mfirihyia apem no nyɛ mfirihyia 1,000 bere ankasa a emu na Kristo de bedi hene. Nkyerɛkyerɛ foforo a ebinom nso nim ne sɛ mfirihyia apem no yɛ Kristo nniso a efii ase mfirihyia 2,000 a atwam no a ɛrekɔ so ara no ho sɛnkyerɛnne. Enti nea ɛwɔ he koraa na wubegye adi? Sɛ yesusuw nea ɔsomafo Yohane ne ne mfɛfo no gye dii ne afei nso nea edii akyi bae bere a Yesu asomafo anokwafo no wuwui wɔ afeha a edi kan no awiei mu no ho a, eyi bɛboa yɛn kɛse ama yɛate asɛm a ɛho hia yiye yi ase.

AHENNI NOKWARE AHOROW A WƆASAKRA SƐNEA NE NTEASE NO TE

Sɛ yɛkenkan Bible no nnɛ a, ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn soro ahenni no ne nneɛma atitiriw a Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no mu biako. Wɔ nokwarem no, sɛnea ofii n’asɛm no ase ne sɛ: “Monsakra mo adwene na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mat. 4:17; Yoh. 18:36) Ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ ɛsɛ sɛ owu, nanso wobenyan no na obesiesie baabi wɔ soro ama wɔn. (Mat. 16:21; Luka 22:28-30; Yoh. 14:2, 3) Nea edi kan no, na asomafo no nte nea ɔka no ase, efisɛ na wosusuw sɛ ɔbɛhyehyɛ Ahenni no wɔ asase so. (Yoh. 20:9; Aso. 1:6, 7) Nanso bere a wɔn nsa kaa honhom kronkron no akyi no, wohui sɛ Ahenni no bɛyɛ ɔsoro de. Enti ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na yɛn de, yɛn man a yebu no wɔ ɔsoro.” Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nsa aka ɔsoro nkwa no, ɛsɛ sɛ wowu na wonyan wɔn sɛ honhom abɔde, efisɛ “ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni.”​—Fil. 3:20; 1 Kor. 15:50.

Nanso, saa Bible mu nokware ahorow a emu da hɔ pefee yi so katae wɔ Yesu asomafo no wu akyi. Ɛyɛɛ dɛn na eyi bae? Paulo kae sɛ: “Na minim sɛ mekɔ akyi no, nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Aso. 20:29, 30) Yiw, asomafo no dii dwuma sɛ tumi a esiw ade ano a ɛboa maa Kristofo nkyerɛkyerɛ no traa hɔ sɛ nea ɛyɛ kronn wɔ afeha a edi kan no mu. Nanso bere a wɔn nyinaa wuwui pɛ na nokware gyidi no ho a wɔwae fi baa mu. (2 Tes. 2:3-8; 1 Tim. 4:1-4) Eyi nyaa nkɛntɛnso ankasa wɔ nea wɔkyerɛkyerɛe a ɛfa mfirihyia apem no ho no so. Nsɛm a ɛfa eyi ho no nyɛ nea emu nna hɔ, efisɛ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa no mu nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ no boa yɛn ma yehu nea ɛbae.

ANYAMESOM AKUW HOROW NO ADWENE A WƆWƆ WƆ MFIRIHYIA APEM NO HO

Adwene a ɛbae wɔ afeha a edii ɔsomafo Yohane wu no akyi ne sɛ Kristo bedi hene wɔ asase so mfirihyia apem, na ebia obefi Yerusalem a wɔasi no foforo no mu ayɛ saa. Abakɔsɛm kyerɛwfo, J. Mosheim susuw sɛ saa adwene yi betumi ayɛ nea efi ka a wɔkaa Kristofo anidaso a ɛfa “yɛn Gyefo no soro ahenni” no na ɛwɔ hɔ no ho ne Yudafo anidaso a na ɛwɔ hɔ saa bere no a ɛne “Mesia no asase so ahenni” no a wɔka boom no nti. Montanist anyamesom kuw bi nso sɔree wɔ Asia Kumaa a wɔkyerɛkyerɛ sɛ Yesu bedi hene afi Frigia. Wɔne afoforo kyerɛkyerɛ sɛ nneɛma horow pii a ɛyɛ nwonwa bɛba bere a Kristo ne n’ahokafo adedifo no bedi asase so mfirihyia apem no. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛ sɛ saa sodifo ahorow yi benya ɔbarima ne ɔbea nna mu anigye wɔ akwan horow so. Na wobenya asase so nipadua ahorow ‘a eye na ɛkorɔn koraa kyɛn yɛn de yi.’ Saa nsusuwii anaa adwene horow a ɛyɛ katee dodo yi bɛyɛɛ nea na wosusuw ho sɛ wɔn a wogye mfirihyia apem no di no gye tom. Nea efii mu bae ne sɛ, sɛnea Dr. A. Neader bɔɔ amanneɛ no, ‘obu a wɔwɔ ma mfirihyia apem no ho nkyerɛkyerɛ no yerae.’

Adwene a ɛto so abien bae a ɛno nso de bi bɛkaa eyi ho adwene a atu afra no ho. Sɛnea ɛkyerɛ on, “mfirihyia apem” no yɛ sɛnkyerɛnne ankasa. Obi a odii saa nkyerɛkyerɛ yi mu kan ne Katolek sɔfo Augustine. Encyclopedia Britannica no ka kyerɛ yɛn sɛ:

“Bere a wɔsakraa no baa Kristosom mu no akyi na Augustine, a kan no n’ani gye ade a ɛyɛ dɛ di ho no de n’adwene sii asetra a wɔpow wiase afɛfɛde nyinaa wɔ mu no so. Wɔ nokwarem no, sɛnea ɔne nneɛma a ɛsom bo wɔ wiase nni hwee yɛ no bɛyɛɛ nea na emu yɛ den kyɛn nea wɔn a wogye mfirihyia apem [anaasɛ Chiliasts] no di no te, efisɛ ɔpow wiase a emu tew a wɔn a wogye di no bɛhwɛ kwan sɛ wobenya mu anigye foforo no sɛ ɛyɛ ɔhonam mu ade.”

New Catholic Encyclopedia no bɔɔ amanneɛ sɛ Augustine “bɔɔ ne tirim de nkyerɛkyerɛ bi bae sɛ mfirihyia apem no afi ase dedaw na efii ase wɔ bere a wɔwoo Kristo a na ɔyɛ akokoaa no.” Nokware a ɛyɛ sɛ ebia wɔntee mfirihyia apem no ho asɛm pii biara no bɛyɛ nea ebia efi nea ɛbae yi nti, efisɛ mprempren yi Katolek Asɔre no kyerɛ sɛ “Yesu mfirihyia 1,000 nniso no [yɛ] bere a Asɔre no de atra ase no nyinaa ho sɛnkyerɛnne . . . na kyekyere a wɔbɛkyekyere Satan saa bere yi mu no kyerɛ sɛ wɔabrɛ nkɛntɛnso a Satan nya wɔ afoforo so no ase koraa.”

Saa adwene horow a asɔre horow no kura a ɛne ne ho nhyia yi ka ho bi na ebuu nnipa abaw mu na amma wɔn ani annye mfirihyia apem no ho bio no. Nanso esiane sɛ ɛyɛ nea ɛfa yɛn ankasa yɛn daakye ho nti, momma yɛmpɛɛpɛɛ adwene horow abien a ɛfa mfirihyia apem no ho yi mu na yɛahu nea ɛsɛ sɛ yegye di a egyina Onyankopɔn Asɛm Bible no so.

ƐHEFA NE BERE BƐN?

Asɔre horow pii kyerɛkyerɛ sɛ Kristo bɛsan aba wɔ ɔhonam mu, sɛnea na ɛte wɔ afeha a ɛto so abien no mu a na wokura adwene no sɛ Yesu ne n’ahokafo nhemfo ne asɔfo no bedi hene wɔ ɔhonam mu wɔ asase so mfirihyia apem no mu no. Nanso Yesu ankasa kae sɛ: “Aka kakraa na wiase nhu me bio; na mo de [wɔn a wɔn nti ɔrekɔ akosiesie baabi wɔ soro ama wɔn no,] muhu me, efisɛ mete ase na mo nso mobɛtra ase. (Yoh. 14:2, 3, 18, 19) Enti, Yesu kyerɛe sɛ obedi hene wɔ soro. So saa na ɛsɛ sɛ yɛte ase wɔ bere a yɛkenkan Adiyisɛm ti 20 no? Yiw, efisɛ Bible no nkasa ntia ne ho.

Bere a ɛrekasa atia mfirihyia apem nniso a ɛbɛba wɔ ɔhonam mu wɔ asase so no, Hastings Encyclopedia of Religion and Ethics no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ:

“Wɔ saa asɛm [Adiyisɛm 20] yi mu no ade foforo a ɛfa ho no ne mfirihyia 1,000 nniso a mogya adansefo no ne Kristo benya mu kyɛfa no, . . . Wɔanka sɛ saa nniso yi yɛ asase so de, na saa ara nso na ɔsɔre a edi kan no nyɛ nipadua mu de . . . Sɛ mogya adansefo a wɔasan de wɔn aba nkwa mu no ne akronkronfo a wɔte Yerusalem a Gog a ofi Magog no toa wɔn no a, ɛnde yɛbɛpɛ sɛ yehu nea enti a Kristo (a wɔne no di hene no) nsɔre nkɔtoa saa atamfo no. Wɔn sɛe no fi soro na ɛba.”​—Vol. V. p. 387.

Eyi ne nea yɛadi kan ahu wɔ Bible no mu dedaw a ɛfa Yesu ne n’ahokafo adedifo no ho sɛ wɔredi hene afi ɔsoro ahenni no mu no hyia, anaa ɛnte saa? Bible no nka sɛ wɔn a “wɔfra ɔsoro frɛ no mu” no benya honam nipadua, anaasɛ wɔ mfirihyia 1,000 no mu mpo. (Heb. 3:1) Mmom ɛkyerɛ pefee sɛ wɔde “honhom nipadua” na ebenyan saa Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no, sɛnea wonyan Yesu Kristo no, na wɔatumi akɔnhyɛn ɔsoro ankasa.​—1 Kor. 15:42-49; Heb. 9:24.

Esiane sɛ wɔn a wonya saa Ahenni no mu kyɛfa no kɔ soro nti, nsɛm hunu a anyamesom akuw horow no ka fa Yesu ne “akronkronfo” no ho sɛ wobefi asase so Yerusalem anaasɛ Frigia adi hene wɔ nipadua mu na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu wɔ nipadua mu de agye wɔn ani no nyinaa yɛ nea ɛnyɛ nokware.

Adwene horow a ɛte sɛɛ sakra na ɛsɛe Bible mu nkyerɛkyerɛ abien yi: (1) Ahenni no yɛ ɔsoro nniso a wɔn a wɔka bom yɛ ne Yesu, asomafo no ne afoforo a wonyan wɔn kɔ soro wɔ “ɔsɔre a edi kan” no mu no. (Adi. 20:6) (2) Wɔ saa ɔsoro nniso no ase na asase no bɛyɛ beae a wɔayi nsɛmmɔnedifo nyinaa afi so na wɔasiesie so ama asomdwoe aba so na adan paradise na Onyankopɔn nkoa a wɔyɛ nnipa atra so.​—Luka 23:43; Adi. 19:11-20:3; 22:1, 2, 17.

Wubetumi ahu sɛ nea ɛbɛba yi mu nea ɛto so abien no nnya mmae ɛ. Ɛno bɛkyerɛ sɛ mfirihyia apem no wɔ yɛn anim a ɛreba, ɛnte saa anaa?

Sɛnea yɛahu no, ebinom bɛka sɛ mfirihyia apem no nyɛ mfirihyia 1,000 ankasa, nanso ɛbɛn ɛno, bere pɔtee a wonnim a ebia efii ase bɛyɛ mfirihyia ɔhaha pii ni. So eyi betumi ayɛ nokware? Ɛyɛ nokware sɛ akontaahyɛde anaa mmere horow a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no yɛ sɛnkyerɛnne de, efisɛ “sɛnkyerɛnne” ahorow pii so na wɔnam de saa nhoma yi mu nsɛm mae. (Adi. 1:1, 4; 2:10) Nanso, so yɛwɔ nea yebegyina so agye adi sɛ “mfirihyia apem” no nyɛ sɛnkyerɛnne ade?

Ɔsomafo no de nsonsonee ba nnipa dodow a wɔne Kristo di hene (144,000) no ne nnipakuw kɛse a wontumi nkan wɔn a wonya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no mu wɔ Adiyisɛm ti ason. Ɔkwan bɛn na Yohane fa so yɛ saa? Ɔfrɛ kuw a etwa to no sɛ “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn.” (Adi. 7:4, 9) Akyiri no, ɔkaa akontaabu a wonim dodow no ho asɛm bio, “mpem ɔha aduanan anan . . . no.” (Adi. 14:3) Saa ara nso na Yohane ka wɔ Adiyisɛm 20:8 sɛ nnipa bebree a wontumi nkan wɔn a wɔtew atua wɔ mfirihyia apem no awiei no dodow te sɛ “mpoano anhwea.” Saa ara nso na ɔsomafo Yohane amfa dodow kabea “mpem,” a ɛtɔ bere bi a wɔde dwuma wɔ baabi foforo de kyerɛ dodow ne ebia dodow bi a wonnim ano no anni dwuma wɔ Adiyisɛm ti 20. (Adi. 5:11; Dan. 7:10; 1 Sam. 18:7; Dw. 68:17; 119:72) Enti ɛte sɛ nea atirimpɔw a eye biara nni hɔ a yebegyina so de aka sɛ asɛm “mfirihyia apem” a ɛwɔ ti 20 no gyina hɔ ma bere tenten a wonnim ano. Mmom, Yohane de asɛm no di dwuma de kyerɛ bere pɔtee bi a wɔahyɛ da atwa ato hɔ​—“mfirihyia apem . . . no.”​—Adi. 20:6, NW.

Nanso so yebetumi agye saa bere tenten a wɔahyehyɛ ato ho yi adi sɛ ɛyɛ nokware? Bere a J. J. Wettstein resusuw Adiyisɛm sɛ ɛyɛ nea ɛfa Yudafo asetra ho wɔ afeha a edi kan no awiei mu no, ɔkae sɛ mfirihyia apem no yɛ mfirihyia 50 ankasa a efii ase wɔ Ɔhempɔn Domitian wu mu (96 Y.B.) de kosi Yudafo no ko wo Hadrian nniso bere no mu. Adwene foforo nso ne sɛ biako gyina hɔ ma afe. Enti sɛnea adwene yi kyerɛ no, esiane sɛ nnafua 360 na ɛyɛ afe nti, mfirihyia apem no bɛyɛ mfirihyia 360,000 (360X1,000) . Ɔbenfo A. T. Robertson kyerɛw faa saa nkyerɛkyerɛmu a wɔde bae yi ho sɛ: “Wɔde adwene horow a wɔbɔ wɔn tirim ka ma, nanso emu biara nni ho a ɛma obi koma tɔ ne yam.”

Ɔkwan tee a ɛda hɔ a ɛsɛ sɛ wɔfa so di eyi eyi ho dwuma ne sɛ wobegye Yohane nsɛm no adi sɛnea ɛte ankasa no​—mfirihyia 1,000. Bebree na wɔahu sɛnea eyi fata Yesu Kristo, nea Bible no frɛ no “Homeda Wura” no. (Mat. 12:8) Ɛbɛyɛ te sɛ home da ankasa, bere a pɛ a adesamma nyɛ adi hene wɔ asase so mfirihyia 6,000 akyi no.​—2 Pet. 3:8.

Yohane ankasa kyerɛ sɛ mfirihyia apem no bedi nkonim a Kristo bedi wɔ n’atamfo a wɔwɔ asase so nyinaa so no akyi aba. (Adi. 19:11-21) Esiane sɛ eyi mmae nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ mfirihyia apem no da yɛn anim a ɛbɛba Bible nkɔmhyɛ a ɛbam wɔ yɛn bere yi mu no di adanse sɛ ɛrenkyɛ na Kristo ako atia Onyankopɔn atamfo a wɔwɔ asase so no nyinaa na wasɛe wɔn sɛnea Yesu ankasa nkɔmhyɛ nsɛm no kyerɛkyerɛ mu no.​—Mat. 24:3-22.

Bible ne abakɔsɛm mu adanse ahorow no nyinaa kyerɛ sɛ yɛwɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei no mu na eyi ma yɛn nea yebegyina so agye mfirihyia apem a ɛda yɛn anim a emu no asomdwoe bɛtra mu no adi. (2 Tim. 3:1-5) Asase no bɛyɛ sɛ dɛn saa bere no?

[Kratafa 19 adaka]

“Ɔtreneeni besi frɔmm ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. Obedi hene afi po so akosi po so, de afi asubɔnten no so akosi asase ano. Na ahene nyinaa bɛkotow asɔre no, amanaman nyinaa bɛsom no. Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.”​—Dw. 72:7, 11-14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena