Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be kr. 71-kr. 73 nky. 3
  • Nkitaho a Wɔnam Nkrataakyerɛw So Di

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkitaho a Wɔnam Nkrataakyerɛw So Di
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkrataakyerɛw a Wɔde Di Adanse
  • Sɛnea Krataa no Te Ho Nyansahyɛ
  • Sɛnea Wo Nsɛm no Bɛyɛ Dɛ Afa
  • Sɛnea Wɔkyerɛw Krataa No—Ɛho Nhwɛso
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛkyerɛw Krataa a Ɛka Koma
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2002
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be kr. 71-kr. 73 nky. 3

Nkitaho a Wɔnam Nkrataakyerɛw So Di

NKRATAAKYERƐW ama nnipa ɔpepem pii asetra ne wɔn abrabɔ atu mpɔn. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma dodow no ara yɛ nkrataa a wɔkyerɛwee. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no betumi akyerɛw nkrataa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde bɛhyɛ gyidifo afoforo den, ne yɛn nnamfonom adi nkitaho, ahyɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔredi asɛyɛde atitiriw ho dwuma nkuran, ahyɛ wɔn a wɔrehyia nsɛnnennen den, na yɛde nsɛm a ehia ma asafo dwumadi ahorow amena.—1 Tes. 1:1-7; 5:27; 2 Pet. 3:1, 2.

Nkrataakyerɛw nso yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so di adanse. Wɔ mmeae bi no, nnipa pii tete adan a wɔabɔ ho ban denneennen anaasɛ ahɔhogyebea a yentumi nyɛ mu adwuma mu. Mpɛn pii na ebinom nni fie, enti sɛ yɛkɔ afie afie adansedi a, yɛnto wɔn. Afoforo nso tete mmeae a atew ne ho.

Ɛtɔ mmere bi a, ɔyare, wim tebea a enye, anaasɛ bere a ɛnsɛ sɛ obi pue ho mmara a wɔhyɛ bɛka wo ahyɛ fie. So wubetumi akyerɛw krataa de adi wo busuani anaa obi a wo ne no kasae wɔ bɔnnɔ so adanse? So wo Bible asuafo no bi atu? Ebia krataa a obenya afi wo nkyɛn no ara ne ade a ohia na akanyan ne honhom fam anigye. Anaasɛ wubetumi aka Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi akyerɛ wɔn a wɔwaree nkyɛe, wɔwoe nkyɛe, anaasɛ wɔn dɔfo bi awu.

Nkrataakyerɛw a Wɔde Di Adanse

Sɛ worekyerɛw krataa akodi obi a wunhyiaa no da adanse a, di kan da wo ho adi. Wubetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ woreyɛ amanaman ntam atuhoama adwuma bi. Sɛ ɛfata sɛ woka sɛ woyɛ Yehowa Dansefo a, ka. Ma onipa no nhu nea enti a w’ankasa woamma na mmom worekyerɛw krataa no. Kyerɛw no sɛnea wo ne onipa no rekasa anim ne anim. Nanso nea ɛne akwankyerɛ a ɛne sɛ “monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma” hyia no, susuw nsɛm dodow a ɛsɛ sɛ woka no ho anibere so.—Mat. 10:16.

Fa asɛm a sɛ anka wutumi kɔɔ onipa no nkyɛn a anka wobɛka akyerɛ no no hyɛ krataa no mu. Wubetumi afa nnianim asɛm bi afi Reasoning nhoma no mu anaasɛ wode Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som a aba nnansa yi mu adi dwuma. Wubetumi abisa asɛm bi na woahyɛ onipa no nkuran sɛ onsusuw ho. Adawurubɔfo binom kyerɛkyerɛ mu kɛkɛ sɛ yɛayɛ nhyehyɛe bi a yɛde ma Bible mu nsɛmmisa ho mmuae a wontua ho hwee, na afei wɔatwe adwene asi nhoma a yɛde sua ade no asɛmti bi so. Krataa a wɔakyerɛw de redi adanse ho nhwɛso bi wɔ kratafa 73. Ebetumi ama woanya ho adwene bi, nanso eye sɛ wosakra emu nsɛm no. Anyɛ saa a, bere kɔ so no, nkurɔfo nsa bɛka krataa koro no ara atoatoa so.

Nkurɔfo bi mpɛ sɛ wɔbɛkenkan krataa tenteenten a efi obi a wonnim no nkyɛn. Enti ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛma wo krataa no ayɛ tiaa. Fa wo krataa no mu nsɛm bra awiei ansa na n’akenkan afono nea wokyerɛw no no. Ɛbɛyɛ papa sɛ wode nsaano krataa bi a wode reto nsa afrɛ no akɔ Ahenni Asa so hyem. Wubetumi de kratawa, nhomawa, anaa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ahyem na woakyerɛkyerɛ mu sɛ sɛ ɔpɛ a, ne nsa betumi aka bi bere nyinaa. Anaasɛ wubetumi abisa no sɛ ebia wubetumi aba ne fie abɛka asɛm a mususuw ho no ho asɛm akyerɛ no anaa.

Sɛnea Krataa no Te Ho Nyansahyɛ

Mfonini wɔ kratafa 73

Hwɛ krataa nhwɛso a wɔakyerɛw no. Hyɛ nea edidi so yi nsow: (1) Wɔahyehyɛ no fɛfɛɛfɛ, ɛnyɛ basabasa. (2) Sɛ ɛba sɛ kotoku a ɛhyem no yera mpo a, nea wɔkyerɛw no krataa no betumi anya nea ɔkyerɛwee no address. (3) Wɔka krataa no atirimpɔw ho asɛm tiawa tẽẽ wɔ nkyekyem a edi kan no mu. (4) Wodi asɛntitiriw biara ho dwuma wɔ nkyekyem foforo mu. (5) Esiane krataa no atirimpɔw nti, emu nsɛm no mma fam dodo, na saa ara nso na ɛnyɛ den dodo.

Wɔ krataa a wɔkyerɛw kɔ adwumayɛbea bi te sɛ nea ebia asafo ɔkyerɛwfo no de kɔ baa dwumadibea no, wɔde asafo no din bɛhyem aka ɔkyerɛwfo no ankasa din, n’address ne da a ɔde kyerɛw krataa no ho. Ahyehyɛde a wɔde krataa no rekɔma no no din nso bepue mu. Nea ebedi eyi so ne nkyia a ɛfata. Wɔ kasa ahorow bi mu no, sɛ wɔkyerɛw krataa no wie a, wɔkyerɛw asɛm te sɛ “Ɛyɛ wo dɔfo pa” anaa “Wo nua dɔfo” wɔ faako a wɔakyerɛw nsaano agyirae no atifi. Ɛsɛ sɛ wɔde nsa kyerɛw nsaano agyirae no.

Wɔ krataa biara mu no, hwɛ sɛnea wɔkyerɛw nsɛmfua, ɔkasa mu ɔhome ho sɛnkyerɛnne, ne sɛnea wɔhyehyɛ nsɛmfua ma ɛyɛ fɛ no yiye. Saa a wobɛyɛ no bɛma nidi aba wo krataa no ne asɛm a ɛwom no mu.

Kyerɛw address a wɔbɛhwɛ so akyerɛw wo no gu nhoma kotoku no akyi bere nyinaa—ɛbɛyɛ papa sɛ wokyerɛw w’ankasa address. Sɛ wote nka sɛ ɛrenyɛ papa sɛ wokyerɛw w’ankasa address bere a wonam nkrataakyerɛw so redi ahɔho adanse no a, bisa asafo mu mpanyimfo no sɛ ebia wɔbɛma wode mo hɔnom Ahenni Asa address no adi dwuma anaa. Ɛnsɛ sɛ wode Ɔwɛn Aban Asafo no address di dwuma wɔ eyi mu da, efisɛ ɛbɛma wɔadi mfomso asusuw sɛ krataa no fi Asafo ti no adwumayɛbea horow no na ɛbɛma nneɛma ayɛ basaa. Sɛ woankyerɛw address biara a wɔbɛhwɛ so akyerɛw wo, na sɛ wode nhoma bi hyɛ mu a, eyi nso bɛma wɔadi mfomso asusuw sɛ Asafo ti no na ɛkyerɛwee.

Hwɛ hu sɛ wode setampo a ɛsɛ atim akyi, titiriw sɛ wode nhoma ahyem a. Sɛ setampo no anso a, ebia wɔbɛma nea krataa no rekɔ ne nkyɛn no atua ɛka a aka no, na ebia eyi remma n’ani nnye w’asɛm no ho. Kae sɛ wɔ aman pii mu no, sɛ wode nhomawa anaa nsɛmma nhoma hyɛ krataa mu a, wotua ho ka kɛse sen sɛ wode krataa nko bɛmena.

Sɛnea Wo Nsɛm no Bɛyɛ Dɛ Afa

Sɛ wokyerɛw wo krataa no wie a, kenkan mu hwɛ sɛnea ɛte. Emu nsɛm no te dɛn? So ɛda adamfofa ne anifere adi? Ɔdɔ ne ayamye ka su ahorow a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda no adi bere a yɛne afoforo di nsɛm no ho. (Gal. 5:22, 23) Sɛ wuhu sɛ emu asɛm bi nyɛ dɛ anaasɛ ɛtwe adwene kɔ nsusuwii bɔne bi so a, sesa nsɛm no.

Krataa betumi akɔ mmeae a wuntumi nkɔ. Nokwasɛm yi nkutoo ma ɛyɛ adwinnade kɛse ma asɛnka adwuma no. Esiane sɛ wo krataa no gyina hɔ ma wo, ne sɛnea wote nti, susuw nea emu nsɛm no ka, sɛnea wokyerɛw no, ne ne dɛ ho. Ebia ɛno ara na ebehia na wode ahyɛ ɔkra bi den, ahyɛ no nkuran, ma wafi ase de ne nan asi nkwa kwan no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena