Asɛmmisa Afã
◼ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu bere a yɛrekyerɛw nkrataa akɔma afiewuranom a yɛanto wɔn wɔ fie no?
Tebea a egu ahorow ma ɛyɛ den yiye sɛ yɛbɛto ebinom wɔ fie. Adawurubɔfo binom ahu sɛ nkrataa-kyerɛw yɛ ɔkwampa a wɔfa so nya wɔn. Ɛwom sɛ eyi betumi asow aba pa de, nanso ɛho hia sɛ yesusuw nkaebɔ ahorow bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati nsɛnnennen bi ho:
Mfa Asafo ti address mma sɛ wɔnkyerɛw nkɔ hɔ. Eyi bɛma ayɛ te sɛ nea krataa no fi yɛn baa dwumadibea, na ɛde ɔhaw a ɛho nhia ne ɛtɔ mmere bi a, ɛkabɔ na ɛba.
Hwɛ hu sɛ wobɛkyerɛw onii no address yiye, de stamp a ɛbɛsõ atim so.
Nkyerɛw nkrataa akyi “Fiewura”; kyerɛw edin pɔtee bi.
Nnyaw nkrataa nhyɛ pon ano bere a obiara nni fie hɔ.
Nkrataa a emu nsɛm yɛ tiawa ye kyɛn so. Fa kratawa anaa nsɛmma nhoma hyem sen sɛ wobɛbɔ mmɔden akyerɛw asɛm tenteenten bi.
Nkrataa a wɔde typewriter kyerɛw no akenkan yɛ mmerɛw na ɛma wonya ho adwempa.
Mmu nkrataa sɛ sankɔhwɛ, gye sɛ w’ankasa woadi onii no adanse pɛn.
Sɛ worekyerɛw obi a wakyerɛ anigye pɛn a, ɛsɛ sɛ woma no address anaa telefon nɔma a obetumi de ahwehwɛ w’akyi kwan. Kyerɛkyerɛ yɛn Bible adesua nhyehyɛe no mu.
To nsa frɛ no sɛ ɔnkɔ asafo a ɛbɛn no no nhyiam horow. Ma no wɔn address ne bere horow a wɔde yɛ nhyiam no.
Sɛ wugyae asasesin no mu adwumayɛ a, nkɔ so nkyerɛw nkrataa nkɔma wɔn a na wonto wɔn wɔ fie no; ɔdawurubɔfo a afei wɔde asasesin no ahyɛ ne nsa no na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔyɛ mu adwuma.