Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 13 kr. 124-kr. 127 nky. 1
  • Atiefo Anim Hwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atiefo Anim Hwɛ
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Wɔn Anim a Wobɛhwɛ So
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Wubetumi Akasa Bagua Anim!
    Nyan!—1992
  • Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Anigye
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 13 kr. 124-kr. 127 nky. 1

ADESUA 13

Atiefo Anim Hwɛ

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Hwɛ wɔn a worekasa akyerɛ wɔn no anim, na sɛ wɔma ho kwan wɔ beae a mowɔ no a, wobɛma mo ani ahyia anibu kakraa bi. Hwɛ ankorankoro anim, ɛnyɛ kuw bi anim kɛkɛ.

Dɛn nti na ɛho hia?

Wɔ mmeae pii no, obi anim a wobɛhwɛ akasa no kyerɛ sɛ nipa no ho hia wo. Wɔsan bu no sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wowɔ nea woka no mu ahotoso.

YƐN ani ma wohu yɛn nneyɛe ne yɛn nkate. Ebetumi akyerɛ sɛ asɛm bi yɛ yɛn nwonwa anaa yɛabɔ hu. Ebetumi ada tema anaa ɔdɔ adi. Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ada adwenem naayɛ anaa awerɛhow adi. Ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim kaa ne kuromni bi a wahu amane pii ho asɛm sɛ: “Yɛde yɛn ani na ɛkasa.”

Faako a yɛde yɛn ani hwɛ no betumi ama afoforo de wɔn adwene abu nea yɛpɛ sɛ yɛka. Wɔ aman pii mu no, nkurɔfo taa gye wɔn a wotumi hwɛ wɔn anim adamfofa kwan so no di. Ɔkwan foforo so no, wɔn adwenem betumi ayɛ wɔn nãã wɔ obi a ɔkasa a osi ne ti ase anaasɛ oyi n’ani to baabi sen sɛ ɔbɛhwɛ nea ɔne no rekasa no anim no nokwaredi anaa fata a ɔfata ho. Wɔ aman bi nso mu no wobu obi anim haa a wɔhwɛ no sɛ atɛnnidi, anuɔden, anaa mpoatwa. Eyi te saa titiriw bere a worekasa akyerɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu anaa otitiriw bi anaa obi a ɔwɔ dibea bi no. Wɔ mmeae bi no, sɛ abofra hwɛ ɔpanyin anim tẽẽ ne no kasa a, wobu no sɛ ɛnkyerɛ obu.

Nanso, wɔ baabi a mfomso nni ho no, obi anim a wobɛhwɛ bere a woreka asɛnhia bi akyerɛ no no betumi asi w’asɛm no so dua. Wobetumi abu no sɛ ɛkyerɛ sɛ ɔkasafo no wɔ nea ɔreka no mu ahotoso. Hyɛ mmuae a Yesu mae bere a n’asuafo no ho dwiriw wɔn kɛse na wɔkae sɛ: “Hena na wobetumi agye no nkwa?” no nsow. Bible no bɔ amanneɛ sɛ: ‘Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.’ (Mat. 19:25, 26) Kyerɛwnsɛm no kyerɛ bio sɛ ɔsomafo Paulo hwɛɛ nea na n’atiefo no reyɛ dinn. Bere bi a na Paulo rekasa no, na ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo fi ne na yam gyina hɔ retie. Asomafo no Nnwuma 14:9, 10 ka sɛ: ‘Paulo rekasa no, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu, enti ɔde nne kɛse kae sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyerebenn!’

Nyansahyɛ Ahorow Ma Asɛnka Adwuma. Sɛ wonam asɛnka mu a, da adamfofa ne ɔdɔ adi bere a wokɔ nkurɔfo nkyɛn no. Baabi a ɛfata no, fa nsɛmmisa a ɛkanyan adwene di dwuma fa fi asɛm bi a mo nyinaa ani begye ho ase. Bere a woreyɛ eyi no, bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ n’anim—anaa anyɛ yiye koraa no fi obu ne ayamye mu hwɛ onii no anim. Anim a ɛyɛ serew-serew a wohu wɔ obi anim no yɛ ahomeka ankasa. Anim yɛbea a ɛte saa no bɛma onipa no ahu nipa ko a woyɛ no kɛse, na aboa no ma ɔde anigye atie wo nkɔmmɔbɔ no.

Nnipa no anim yɛbea a wobɛhwɛ no sɛnea ɛfata no betumi ama woahu sɛnea wobedi tebea bi ho dwuma. Sɛ onipa no bo afuw anaasɛ n’ani nnye ho ankasa a, wubetumi ahu. Sɛ ɔnte nea woka no ase a, wubetumi ahu. Sɛ ne bo refuw a, wubetumi ahu no pefee. Sɛ n’ani gye ho ankasa a, eyi nso bɛda adi. N’anim yɛbea betumi akyerɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase, anaa wobɔ mmɔden ma ɔde ne ho hyɛ nkɔmmɔbɔ no mu bi, anaa wutwa nkɔmmɔbɔ no so, anaa sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wode sɛnea wosua Bible no ho ɔyɛkyerɛ toa so.

Sɛ́ woredi adanse wɔ kurom anaasɛ woreyɛ ofie Bible adesua a, bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ nea wo ne no rekasa no anim obu kwan so. Nhwɛ no haa, sɛ woyɛ saa a, ɔkwan bi so no, ɛbɛma wayɛ basaa. (2 Ahe. 8:11) Nanso sɛnea woyɛ w’ade adamfofa kwan so no, taa hwɛ n’anim. Wɔ aman pii so no, eyi kyerɛ sɛ wufi komam dwen ne ho. Ɛwom sɛ sɛ worekenkan Bible anaa nhoma foforo bi a, wode w’ani besi nhoma no mu de. Nanso sɛ woresi asɛm bi so dua a, ɛsɛ sɛ wohwɛ onii no anim tẽẽ, nanso mma ɛnnkyɛ. Sɛ wohwɛ nipa no anim nkakrankakra a, eyi nso bɛboa wo ma woahu sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ nea worekenkan no ho.

Sɛ mfiase no fɛre ma ɛyɛ den sɛ wobɛhwɛ obi anim tẽẽ a, mpa abaw. Sɛ wokɔ so yɛ a, obi anim a wobɛhwɛ no bɛba abɛyɛ wo su, na ɛbɛma wo ne afoforo ntam nkɔmmɔbɔ atu mpɔn.

Bere a Worema Ɔkasa. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ansa na Yesu refi ne Bepɔw so Asɛnka no ase no, “ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafo no.” (Luka 6:20) Sua ne nhwɛso no. Sɛ worebɛkasa akyerɛ nnipakuw bi a, hwɛ wɔn anim na twɛn anibu kakra ansa na woahyɛ ase akasa. Wɔ mmeae pii no, nea ɛka ho nso ne sɛ wobɛhwɛ atiefo no binom anim. Bere tiaa mu a wubegyina yi bɛboa wo ma woadi ehu a ɛkaa wo mfiase no so. Ɛbɛboa atiefo no nso ma wɔasiesie wɔn ho ama su anaa nkate biara a w’anim yɛbea bɛma ada adi no. Bio nso, saa a wobɛyɛ no bɛma atiefo no ayɛ komm na wɔasiesie wɔn ho ayɛ aso atie wo.

Bere a worema ɔkasa no, hwɛ atiefo no. Nhwɛ nnipadɔm no nyinaa kɛkɛ. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ nnipa mmiako mmiako anim. Ɛkame ayɛ sɛ wɔ ɔman biara mu no, wɔhwɛ kwan sɛ baguam ɔkasafo bɛhwɛ n’atiefo anim kakra.

W’atiefo anim a wobɛhwɛ no kyerɛ pii sen sɛ wode w’ani bekyinkyin afi ɔfã biako akɔ foforo kɛkɛ. Fi obu mu hwɛ obi anim wɔ atiefo no mu, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ka kasamu biako kyerɛ no. Na san hwɛ obi foforo anim na ka kasamu biako anaa abien kyerɛ saa nipa no. Nhwɛ obi anim bere tenteenten mma no nyɛ basaa, na mfa w’adwene nsi nnipa kakraa bi pɛ so wɔ atiefo no nyinaa mu. Kɔ so fa w’ani kyini atiefo no anim wɔ saa kwan yi so, nanso bere a worekasa akyerɛ nipa biako no, yɛ sɛnea worekasa akyerɛ saa nipa no ankasa na hwɛ ne nneyɛe ansa na woakɔhwɛ onipa foforo anim.

Ɛsɛ sɛ wode wo krataa no to ɔpon a wogyina akyi kasa no so, anaa wukura anaa wode hyɛ wo Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahwɛ mu bere ne bere mu. Sɛ ɛho hia sɛ wusi wo ti ase hwɛ mu a, ɛbɛma w’atiefo anim a wobɛhwɛ no ho aba asɛm. Ɛsɛ sɛ wususuw mpɛn dodow a wohwɛ mu ne bere a ɛsɛ sɛ wode hwɛ mu no ho. Sɛ worehwɛ mu bere a worewie wo kasa no a, ɛremma wunhu nea w’atiefo no bɛyɛ wɔ ho na ɛbɛma wo kasa no mu anigye nso so atew. Saa ara nso na, sɛ wotaa hwɛ wo kyerɛwtohɔ no mu pii a, worentumi nhwɛ w’atiefo no anim.

Sɛ wotow bɔɔl ma obi a, wohwɛ sɛ onii no akyere no anaa. Aba biara a ɛwɔ wo kasa no mu no yɛ nea woahyɛ da “atow” ama w’atiefo no. Wɔn nneyɛe—wɔn ti nko a wɔbɛbɔ, serew a wɔbɛserew, anaa hwɛ a wɔbɛhwɛ wo yiye no betumi akyerɛ sɛ “wɔakyere no.” Sɛ wokɔ so hwɛ atiefo anim yiye wɔ ɔkwan pa so a, ɛbɛboa wo ma woahu sɛ atiefo no “akyere” adwene a ɛwɔ wo kasa no mu no.

Sɛ wɔma wo dwumadi sɛ kenkan kyerɛ asafo no a, so ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ atiefo no anim bere a worekenkan no? Sɛ atiefo no redi w’akenkan no akyi wɔ Bible no mu a, wɔn mu pii ani remma wɔn ho so sɛ worehwɛ wɔn anaa wonhwɛ wɔn. Nanso w’atiefo anim a wobɛhwɛ no bɛboa ma ahoɔden aba w’akenkan no mu efisɛ ɛbɛma woahu sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ ho no yiye. Ɛdefa wɔn a wɔwɔ atiefo no mu a wonni Bible na ebia wɔn adwene rekyinkyin ho no, sɛ wɔhwɛ ɔkasafo no anim a ɛbɛboa ma wɔn adwene asan aba nea wɔrekenkan no so. Ɛwom wubetumi ama wo ti so ahwɛ atiefo no bere tiaa mu, nanso ɛnsɛ sɛ woyɛ no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma w’ano afomfom wɔ w’akenkan no mu. Ne saa nti ɛyɛ papa sɛ wubekura Bible no wɔ wo nsam na woama wo ti so, a w’abogye nhwɛ wo koko so.

Ɛtɔ mmere bi a, wɔde ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa ma mpanyimfo sɛ wɔmma wɔ nhyiam ase. Eyi a wɔbɛyɛ no gye ahokokwaw, ahosiesie a edi mu, ne sua a wobesua no mpɛn pii. Ɛwom, ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa a wɔma no mma wontumi nhwɛ atiefo anim mpɛn pii. Nanso sɛ ɔkasafo no asiesie ne ho yiye a, ɛsɛ sɛ otumi hwɛ atiefo no anim bere ne bere mu a n’ani mpa faako a wadu wɔ krataa no so no so. Saa a ɔbɛyɛ no bɛma atiefo no ayɛ aso atie no, na aboa wɔn ma wɔanya honhom fam akwankyerɛ a wɔde rema no so mfaso.

NSƐM A ƐSƐ SƐ WOMA ƐTRA W’ADWENEM

  • Da wo nkate ankasa ne adamfofa su adi, fi komam nya wɔn a wokasa kyerɛ wɔn no ho anigye.

  • Sɛ worekenkan ade a, kura nea worekenkan no wɔ wo nsam na ma wo ti so sɛnea ɛbɛyɛ a worennan wo ti, na mmom wobɛdannan w’aniwa.

DWUMADI: Nkɔmmɔ biara a wo ne abusuafo anaa nnamfo bɛbɔ no, bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ afoforo anim, na yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrentõ mo hɔnom amanne biara so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena