Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Wɔn Anim a Wobɛhwɛ So
1 Sɛ yɛredi adanse wɔ mmɔnten so ne afie afie mu a, yɛtaa hwɛ nkurɔfo anim ansa na yɛafi ase akasa. Wɔ saa bere tiaa no mu no, yebetumi agyina wɔn anim yɛbea so ahu adwene a wokura wɔ yɛn ho ne tebea mpo a wɔwɔ mu. Saa ara na wɔn nso, wobetumi ahu nneɛma pii wɔ yɛn ho. Ɔbea bi kaa Ɔdansefo bi ho asɛm sɛ: “Nea mekae wɔ n’anim a na ɛyɛ sereserew no ho ne sɛnea na odwo no. Me ho dwiriw me.” Eyi buee kwan maa ɔbea no tiee asɛmpa no.
2 Afoforo anim a yɛbɛhwɛ no yɛ ɔkwan a etu mpɔn a yɛfa so di adanse bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no wɔ mmɔnten so ne mmeae afoforo a nnipa pii wɔ hɔ no. Onua barima bi taa hwɛ wɔn a ɔne wɔn hyia no anim. Sɛ wɔn ani tɔ n’anim ara pɛ a, ɔserew na ɔde nsɛmma nhoma no kyerɛ wɔn. Ɔnam saayɛ so ne afoforo pii bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye na ɔma nhoma pii nso.
3 Hu Afoforo Nkate: Sɛ yɛhwɛ afoforo anim a, ɛboa yɛn ma yehu sɛnea wɔte nka. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi nte asɛm a yɛreka no ase yiye anaasɛ ɔne yɛn nyɛ adwene wɔ nsɛm bi a yɛaka ho a, mpɛn pii no ɔde n’anim yɛbea na ɛkyerɛ. Sɛ onipa no nni adagyew anaa ne bo reyɛ afuw a, n’anim yɛbea bɛma yɛahu. Sɛ ɛba saa a, yebetumi ayɛ nsakrae anaa yɛatwa asɛm a yɛreka no so ma afata. Afoforo nkate a yebesusuw ho no yɛ ɔkwampa a yɛfa so kyerɛ wɔn ho anigye.
4 Adwempa ne Ahotoso: Wɔ aman pii so no, sɛ obi ne obi rekasa na ɔhwɛ n’anim a, wobu no sɛ okura adwempa. Bere a Yesu asuafo bisaa no sɛ: “Hena koraa na obetumi anya nkwa?” no, hyɛ ɔkwan a ɔfaa so buaa wɔn no nsow. Bible no bɔ amanneɛ sɛ: “Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Nnipa fam de eyi nyɛ yiye, nanso Onyankopɔn fam de biribiara betumi ayɛ yiye.’” (Mat. 19:25, 26) Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu anim yɛbea ne ahotoso a ɔde kasae no ma wonyaa n’asɛm no mu gyidi. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛne afoforo rekasa na yɛhwɛ wɔn anim a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde adwempa ne ahotoso aka Ahenni nkrasɛm no akyerɛ wɔn.—2 Kor. 2:17; 1 Tes. 1:5.