ADESUA 31
Obu a Wɔkyerɛ Ma Afoforo
KYERƐWNSƐM no ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yenni nnipa ahorow nyinaa ni’ na ‘yenntwiri obiara.’ (1 Pet. 2:17; Tito 3:2) Nokwarem no, ‘wɔayɛ nnipa a yehyia wɔn nyinaa Onyankopɔn suban so.’ (Yak. 3:9) Onipa biara yɛ obi a Kristo wu maa no. (Yoh. 3:16) Na ehia sɛ obiara te nsɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bedi dwuma na wɔagye no nkwa. (2 Pet. 3:9) Nnipa binom wɔ su horow bi anaa tumi bi a enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu soronko ma wɔn.
Dɛn nti na ebinom betumi abɔ mmɔden sɛ wɔremfa obu a Bible no hyɛ ho nkuran no nni dwuma? Amanne a ɛwɔ beae a yɛwɔ no betumi akyerɛ nea ɔfata sɛ wobu no sɛnea anuonyam a ɔwɔ, ne honam ani hwɛbea, ne bɔbeasu, n’akwahosan, mfe a wadi, n’ahonyade, anaa n’asetram gyinabea te. Amumɔyɛ a abu so wɔ aban mpanyimfo mu no asɛe obu a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ma tumidi no. Wɔ nsase bi so no nkurɔfo ani nsɔ wɔn asetram gyinabea, ebia wɔde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma ansa na wɔn nsa aka nneɛma titiriw bi a wobehia kɛkɛ, na wɔne nnipa a wɔnna obu adi na ɛte. Mmofra hyia atipɛnfo nhyɛso a ɛbɛma wɔatew atua atia akyerɛkyerɛfo a wɔnte wɔn ase ne atumfo afoforo. Television so dwumadi a ɛkyerɛ mmofra a wosisi wɔn awofo na wɔfa wɔn so no nya mmofra pii so nkɛntɛnso. Egye mmɔdenbɔ na yɛatumi ayi saa wiase nsusuwii yi afi hɔ na ansɛe obu a ɛsɛ sɛ yenya ma afoforo no. Nanso, sɛ yedi nnipa ni a, ɛma obiara tumi kyerɛ n’adwene.
Obu So a Yɛbɛda Yɛn Ho Adi. Wɔhwɛ kwan sɛ obi a ɔreyɛ nyamedwuma no nam n’hosiesie so bɛda obu adi, na wayɛ n’ade sɛnea ɛfata. Ɛsono sɛnea wobu ahosiesie a eye wɔ mmeae ahorow. Ebinom bu ɛkyɛw a wobɛhyɛ ne wɔn akasa anaa wo nsa a wode bɛhyɛ wo kotoku mu no sɛ animtiaabu. Wɔ mmeae afoforo no, ebinom bɛpene adeyɛ a ɛte saa so. Susuw sɛnea mo mpɔtam hɔfo nkate te ho sɛnea ɛbɛyɛ a wonto afoforo hintidua. Saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woakwati asɛmpa no a wobɛka ma atu mpɔn no ho akwanside ahorow no.
Saa ara nso na ɛte wɔ ɔkwan a yɛfa so ne afoforo kasa, titiriw wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho. Wobu no sɛ ɛnkyerɛ obu sɛ mmofra de mpanyimfo din a edi kan bɛfrɛ wɔn gye sɛ wɔma wɔn kwan sɛ wɔmfrɛ wɔn saa ansa. Wɔ mmeae bi no wɔnhwɛ kwan sɛ mpanyimfo nso de ahɔho din a edi kan bɛfrɛ wɔn. Afei nso, kasa horow bi de “wo” di dwuma wɔ dodow kabea mu anaa wɔ ɔkwan foforo so de kyerɛ obu ma mpanyimfo anaa obi a ɔwɔ tumi.
Obu So a Yehyia Obi. Wɔ mmorɔn nketewa bi so no wɔhwɛ kwan sɛ wobɛkyerɛ obu bere a ebia woahyia obi wɔ kwan so anaa bere a worehyɛn ɔdan bi mu no. Wobɛyɛ eyi denam kyia a wubekyia no, serew a wobɛserew akyerɛ no, wo ti nko a wobɛbɔ, anaa w’ani akyi a wobɛpa akyerɛ no so. Wobu w’ani a wubebu agu obi so sɛ animtiaabu.
Nanso, ebinom betumi ate nka sɛ woabu w’ani agu wɔn so ɛmfa ho mpo sɛ ebia wohwɛɛ wɔn anim no. Ɔkwan bɛn so? Esiane adwene a wɔwɔ sɛ woannya wɔn ho adagyew sɛ ankorankoro no nti. Ɛtaa si sɛ wɔde biribi a ɛwɔ nnipa binom ho na ɛhyɛ wɔn nsow. Wɔtaa bu ani gu nnipa a wɔadi dɛm ne wɔn a wɔwɔ nyarewa ahorow no so. Nanso, Nyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn sɛnea yebetumi ne ankorankoro a wɔte saa no adi wɔ ɔdɔ ne obu mu. (Mat. 8:2, 3) Ɔkwan bi so no, yɛn nyinaa anya mmerɛwyɛ bi afi Adam bɔne no mu. Sɛ afoforo taa de wo mfomso na ɛka wo ho asɛm a, so wobɛte nka sɛ wobu wo? So ɛnyɛ su pa ahorow a wowɔ no na wobɛpɛ sɛ wɔde hu wo?
Obu hwehwɛ nso sɛ yɛbɛkyerɛ tiyɛ ho anisɔ. Wɔ mmeae bi no ehia sɛ wo ne abusua ti a ɔwɔ fie hɔ di kan kasa ansa na woadi wɔn a aka wɔ fie hɔ no adanse. Ɛwom sɛ Yehowa na wama yɛn ahyɛde sɛ yɛnka asɛm no na yɛnkyerɛkyerɛ de, nanso yehu sɛ awofo na Nyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔntete wɔn mma na wɔnteɛ wɔn so na wɔnkyerɛ wɔn kwan. (Efe. 6:1-4) Enti sɛ wokɔ fie bi mu a, ɛtaa yɛ nea ɛfata sɛ wubedi kan ne awofo akasa ansa na wo ne mmofra no abɔ nkɔmmɔ biara.
Wɔn a wɔanyinyin no wɔ asetram osuahu a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma wɔn. (Hiob 32:6, 7) Eyi a onuawa kwampaefo kumaa bi a ɔwɔ Sri Lanka a ɔkɔɔ akwakoraa bi nkyɛn adansedi yɛe no boaa no. Mfitiase no, akwakoraa no ankyerɛ ne nsrahwɛ no ho anigye, na ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na abofra te sɛ wo akyerɛkyerɛ me Bible no?” Nanso onuawa no buae sɛ: “Nea ɛte ankasa ne sɛ mamma ha sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo na mmom sɛ merebɛka biribi a masua a m’ani agye ho paa a mepɛ sɛ meka kyerɛ afoforo na akyerɛ wo.” Ɔkwampaefo no mmuae a obu wom no kanyan papa no anigye ma obisae sɛ. “Ɛnde ka nea woasua no kyerɛ me ɛ.” Onuawa no buae sɛ: “Masua ɔkwan a wɔfa so tra ase daa.” Akwakoraa no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Ɛnyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim nyinaa na wobebue wɔn ano aka sɛnea wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ obu a ɛte saa ma wɔn, nanso wɔn mu dodow no ara ani begye ho saa.
Nanso, ebetumi aba sɛ wobɛda obu soronko a ɛte saa adi ma aboro so. Wɔ Pacific nsupɔw no so ne mmeae foforo bi no, obu ne amammerɛ kwan a wɔfa so kyia a Adansefo no de bedi dwuma bere a wɔrekɔ akuraa bi ase anaa mmusuakuw bi ahemfo nkyɛn no bɛboa ma wɔatie wɔn na wɔanya hokwan ne ahemfo ne nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn ase no nyinaa akasa. Nanso, ɛnyɛ papa na enhia sɛ wodɛfɛdɛfɛ obi. (Mmeb. 29:5) Saa ara nso na, kasa bi wɔ hɔ a wɔka no nidi so, nanso obu a ɛsɛ sɛ Kristofo da no adi no nhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ ma aboro so.
Obu So a Wɔkasa. Bible hyɛ yɛn sɛ yɛmfa “odwo ne ahobrɛase kɛse” nkyerɛ yɛn anidaso no ase. (1 Pet. 3:15, NW) Enti, ɛwom sɛ yebetumi ada mfomso a ɛwɔ obi adwenkyerɛ ho adi ntɛmntɛm de, nanso, so nyansa wom sɛ yɛyɛ saa wɔ ɔkwan a ebetumi agu n’anim ase so? So ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛto yɛn bo ase, na ebia yɛabisa no nea enti a ɔte nka saa, na afei yɛafi Kyerɛwnsɛm no mu ne no asusuw ne nkate no ho?
Obu a ɛte saa a yɛbɛkyerɛ bere a yɛne nipa biako rekasa no da adi bere a yɛrekasa akyerɛ atiefo wɔ asɛnka agua so no nso. Ɔkasafo a obu n’atiefo no renkasa ntia wɔn katee anaa ɔrenna su bi te sɛ: “Sɛ mopɛ a, mubetumi de eyi adi dwuma” adi. Saa kwan a wɔfa so kasa no bu nkurɔfo abam kɛkɛ. Hwɛ sɛnea ɛyɛ papa sɛ yebebu atiefo a wɔahyiam no sɛ nnipa a wɔdɔ Yehowa na wɔpɛ sɛ wɔsom no! Ɛsɛ sɛ yɛda ntease adi bere a yɛne wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom mu, wɔn a wonni osuahu pii, anaa wɔn a wontumi mfa Bible no nni dwuma yiye redi no de suasua Yesu.
Sɛ ɔkasafo no ma ɛda adi sɛ ɔno nso ka wɔn a ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm no di dwuma kosi ase no ho a, atiefo no behu sɛ obu wɔn. Enti, nyansa wom sɛ yɛkwati sɛ yɛde edin nsiananmu “wo” bedi dwuma bere a yɛde kyerɛwsɛm bi reka asɛm no. Sɛ nhwɛso no, hyɛ nsonsonoe a ɛda asɛmmisa te sɛ “So woreyɛ nea wubetumi nyinaa?” ne asɛm “Eye sɛ yɛn nyinaa bebisa yɛn ho sɛ: ‘So mereyɛ nea metumi nyinaa?’” no ntam no nsow. Asɛmmisa no nyinaa kura adwene biako de, nanso nea edi kan no ma ɛda adi sɛ ɔkasafo no mmu ne ho sɛ ɔne n’atiefo no yɛ pɛ. Nea ɛto so abien no hyɛ obiara a ɔkasafo no nso ka ho nkuran sɛ ɔnhwehwɛ ne ho mu nhwɛ n’ankasa tebea ne botae a okura mu.
Kwati sɛ wubeyi nsɛnkwaa sɛnea ɛbɛyɛ a atiefo no bɛserew kɛkɛ. Eyi bɛsɛe obu a Bible nkrasɛm no kura no. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ɔsom a yɛde ma Nyankopɔn no ho anisɔ. Ebetumi aba sɛ dwumadi a wɔde ama yɛn no afa bi bɛyɛ serew de. Nanso, sɛ yɛdan aniberesɛm a ɛwɔ asɛm no mu no aseresɛm a ɛrenkyerɛ obu mma atiefo no ne Nyankopɔn.
Ɛmmra sɛ yɛn nneyɛe, ne yɛn kasa bɛkyerɛ daa sɛ yebu afoforo sɛnea Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn sɛ yemmu wɔn no.