Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 33 kr. 197-kr. 200 nky. 4
  • Anifere ne Pintinn a Wobɛyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anifere ne Pintinn a Wobɛyɛ
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anifere Kwan So
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nnamyɛ So, Nanso Wɔ Anifere Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Sua a Yebesua sɛ Yɛbɛyɛ Anifere
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhumu So
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 33 kr. 197-kr. 200 nky. 4

ADESUA 33

Anifere ne Pintinn a Wobɛyɛ

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Nea ɛbɛyɛ na womfom afoforo sɛnea ɛmfata no, fa anidahɔ di dwuma wɔ asɛm a woka ne afei ɔkwan a wofa so ka no ne bere a wobɛka ho.

Dɛn nti na ɛho hia?

Sɛ wode anifere di dwuma a, ebetumi akanyan afoforo ma wɔde adwenemtew atie asɛmpa no. Anifere nso bɛboa wo ma wo ne mfɛfo Kristofo ntam abusuabɔ ayɛ papa.

ANIFERE yɛ ɔkwan a wɔfa so ne afoforo di nsɛm a ɛmma womfom wɔn sɛnea ɛmfata. Ɛhwehwɛ sɛ wubehu sɛnea wobɛkasa ne bere a ɛsɛ sɛ woka nsɛm. Eyi nkyerɛ sɛ wubebu w’ani agu nea ɛteɛ so anaasɛ wubekyinkyim nokwasɛm ahorow. Ɛnsɛ sɛ yedi mfomso susuw sɛ anifere kyerɛ onipa ho suro.—Mmeb. 29:25.

Honhom aba no ma yenya nea yebegyina so ada anifere adi. Enti obi a ofi ɔdɔ mu yɛ ade no mpɛ sɛ ɔbɛhyɛ afoforo abufuw; ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. Obi a ne yam ye na odwo no tɔ ne bo ase wɔ ne nneyɛe mu. Obi a ɔpɛ asomdwoe no hwehwɛ akwan a ɔbɛfa so ne afoforo ntam abusuabɔ ayɛ papa. Sɛ ɛba mpo sɛ nkurɔfo de abufuw yɛ ade a, onipa a ɔwɔ abodwokyɛre no da odwo adi.—Gal. 5:22, 23.

Nanso, ɛmfa ho ɔkwan biara a yɛbɛfa so aka Bible mu asɛm no, ɛrenyɛ nnipa binom dɛ. Esiane sɛ na afeha a edi kan mu Yudafo no pii komam nsusuwii nye nti, Yesu Kristo bɛyɛɛ ‘hintibo ne hintiduato botan maa wɔn.’ (1 Pet. 2:7, 8) Yesu ka faa Ahenni asɛnka adwuma a na ɔyɛ no ho sɛ: “Mebae sɛ mebɛma ogya asɔ asase so.” (Luka 12:49) Yehowa Ahenni ho asɛm a ɛfa hia a ehia sɛ nnipa gye Ɔbɔadeɛ no amansan tumidi tom ho no da so ara yɛ asɛnhia ma adesamma. Asɛm a ɛne sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni beyi mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi afi hɔ no hyɛ nnipa pii abufuw. Nanso, esiane osetie a yɛyɛ ma Onyankopɔn nti, yɛkɔ so ka asɛm no. Nanso bere a yɛreyɛ saa no, yɛma Bible mu afotu yi tra yɛn adwenem: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—Rom. 12:18.

Da Anifere Adi Bere a Woredi Adanse. Yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo wɔ tebea horow pii mu. Ɛwom, yɛyɛ saa bere a yɛwɔ asɛnka mu, nanso yɛsan hwehwɛ hokwan ahorow bere a yɛwɔ yɛn abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, ne mfɛfo sukuufo ntam no. Wɔ tebea horow yi nyinaa mu no, anifere ho hia.

Sɛ yɛka Ahenni asɛm no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma afoforo ate nka sɛ yɛreka wɔn anim a, ebia wɔn ani rennye ho. Sɛ wɔnhwehwɛɛ mmoa na sɛ ebia wɔte nka sɛ wonhia mmoa biara a, asɛm a yɛbɛka a ɛbɛkyerɛ sɛ ehia sɛ wɔteɛ wɔn akwan no betumi ahyɛ wɔn abufuw. Yɛbɛyɛ dɛn akwati sɛ yɛremma wonnya yɛn ho adwemmɔne? Sua a yebesua sɛnea yɛbɛbɔ nkɔmmɔ adamfofa kwan so no betumi aboa.

Bɔ mmɔden sɛ wubefi nkɔmmɔbɔ no ase denam asɛm a onipa a wo ne no rekasa no ani gye ho a wode bɛba so. Sɛ saa nipa no yɛ obusuani, yɔnko dwumayɛni, anaa sukuuni a, ebia na wunim nea n’ani gye ho dedaw. Sɛ mpo wunhyiaa onipa no pɛn a, wubetumi afa asɛm bi a nsɛm ho amanneɛbɔ de too gua anaa wokenkanee wɔ atesɛm krataa mu aka. Mpɛn pii no, nsɛm a ɛte saa no kyerɛ nea ɛwɔ nnipa pii adwenem. Sɛ woreyɛ afie afie adwuma a, hyɛ nneɛma nsow. Nneɛma a wɔde asiesie fie, agode a ɛwɔ adiwo, ɔsom ho nneɛma, ne nkrataa a ɛtetare kar ho wɔ kwan nkyɛn nso betumi akyerɛ wo nea ofiewura no ani gye ho. Sɛ ofiewura no behyia wo a, tie nsɛm a ɔka no. Nea ɔka no betumi asi nea wususuw no so dua anaasɛ asesa adwene a wowɔ wɔ nneɛma a n’ani gye ho ne ne nsusuwii ho no ho, na ɛbɛma woahu nneɛma foforo a ehia sɛ wususuw ho na ama woatumi adi no adanse.

Bere a nkɔmmɔbɔ no kɔ so no, ka Bible anaa Bible ho nhoma mu nsɛm a ɛfa asɛmti no ho. Nanso, nnye nkɔmmɔbɔ no mmɔ so. (Ɔsɛnk. 3:7) Sɛ wo fiewura no pɛ sɛ onya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa a, ma no kwan ma ɔnkasa. Kyerɛ ne nsusuwii ne adwene a okura ho anigye. Eyinom betumi ama woahu nneɛma a ehia na ama woatumi ada anifere adi.

Ansa na wobɛka asɛm bi no, susuw adwene a onipa foforo no benya no ho. Mmebusɛm 12:8 kamfo ‘ano a ɛda nimdeɛ adi.’ Hebri asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no ne nhumu ne anitew na ɛnam. Enti, anidahɔ kyerɛ ahwɛyiye a wɔde kasa esiane susuw a obi susuw asɛm bi ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ na ama watumi ayɛ ade nyansam. Saa Mmebusɛm ti no ara nkyekyem 18 bɔ “nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe” no kɔkɔ. Wubetumi ada Bible mu nokware adi a worenhyɛ obiara abufuw.

Nhumu a wobɛda no adi wɔ nsɛm a wopaw mu no betumi aboa wo ma woakwati sɛ wobɛka nsɛm a ɛbɛyɛ akwanside ama afoforo sɛnea ɛmfata. Sɛ asɛm “Bible no” na ɛhaw adwene a, wubetumi aka asɛm te sɛ “kyerɛw kronkron” anaa “nhoma a wotintim wɔ kasa bɛboro 2,000 mu nnɛ.” Sɛ wotwe adwene si Bible so a, wubetumi abisa onipa no adwene a ɔwɔ wɔ ho na afei woagyina nea ɔbɛka no so anwene wo nsɛm wɔ mo nkɔmmɔbɔ no fã a aka no mu.

Anifere a wobɛda no adi no taa kyerɛ sɛ wubehu bere a ɛfata sɛ woka nsɛm bi. (Mmeb. 25:11) Ebia ɛnyɛ nsɛm a onipa no bɛka nyinaa na wo ne no bɛyɛ adwene, nanso enhia sɛ wokasa tia asɛm biara a ɔbɛka a ennyina Kyerɛwnsɛm so no. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛka biribiara akyerɛ ofiewura no prɛko pɛ. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren.”—Yoh. 16:12.

Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fi komam kamfo wɔn a wo ne wɔn kasa no. Sɛ mpo ofiewura no yɛ okyinnyegyefo a, wubetumi akamfo no ara wɔ adwene bi a okura ho. Ɔsomafo Paulo yɛɛ eyi bere a na ɔrekasa akyerɛ nyansapɛfo no wɔ Areopago a ɛwɔ Atene no. Ná nyansapɛfo no ne no redi “anobaabae.” Na ɔbɛyɛ dɛn aka n’asɛm a ɔnhyɛ wɔn abufuw? Ná wadi kan ahwɛ afɔremuka ahorow a wɔasisi ama wɔn anyame no. Sɛ́ anka ɔbɛkasa atia Atenefo no wɔ wɔn abosonsom ho no, ɔde anifere kamfoo wɔn wɔ ɔsom ho anigye a emu yɛ den a na wɔwɔ no ho. Ɔkae sɛ: “Mahu sɛ nneɛma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa.” Ɔkwan a ɔfaa so yi maa onyaa kwan kaa n’asɛm a ɛfa nokware Nyankopɔn ho no. Eyi maa ebinom begye dii.—Aso. 17:18, 22, 34.

Sɛ obi kasa tia wo a, mma wo bo mmfuw. Tɔ wo bo ase. Bu eyinom sɛ hokwan a ɛbɛma woahu onipa no adwene. Wubetumi ada no ase sɛ wakyerɛ n’adwene. Na sɛ ofiti prɛko pɛ ka sɛ: “Mewɔ m’asɔre a mekɔ” nso ɛ? Wubetumi abisa wɔ anifere kwan so sɛ: “So wufi wo mmofraase na akɔ asɔre anaa?” Afei sɛ oyi ano wie a, fa ka ho sɛ: “Wususuw sɛ bere bi bɛba a adesamma nyinaa bɛkɔ asɔre biako?” Eyi betumi abue nkɔmmɔbɔ pii ho kwan.

Adwempa a yebenya no betumi aboa yɛn ma yɛada anifere adi. Yɛwɔ teɛ a Yehowa akwan teɛ ne nokware a N’asɛm yɛ no mu ahotoso pintinn. Yɛde ahotoso na ɛka eyinom ho asɛm. Nanso biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma yɛyɛ yɛn ho atreneefo dodo. (Ɔsɛnk. 7:15, 16) Yɛn ani gye sɛ yɛahu nokware no na yɛwɔ Yehowa nhyira, nanso yenim yiye sɛ ɛnam ne mmoborohunu ne Kristo mu gyidi so na yenya n’anim dom, emfi yɛn ankasa asɛntrenee. (Efe. 2:8, 9) Yehu hia a ehia sɛ ‘yɛkɔ so sɔ yɛn ho hwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa, na yɛkyerɛ nipa ko a yɛyɛ.’ (2 Kor. 13:5) Enti sɛ yɛkasa kyerɛ nkurɔfo wɔ hia a ehia sɛ wodi Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow so ho a, yɛn nso yefi ahobrɛase mu de Bible afotu no di dwuma bi. Ɛnyɛ yɛn adwuma sɛ yebebu yɛn yɔnko nipa atɛn. Yehowa de “atemmu nyinaa ahyɛ ɔba no nsa,” na n’atemmu agua no anim na ɛsɛ sɛ yebu yɛn nneyɛe ho atɛn.—Yoh. 5:22; 2 Kor. 5:10.

Yɛne Abusua ne Mfɛfo Kristofo. Ɛnyɛ asɛnka mu nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛda anifere adi. Esiane sɛ anifere yɛ Onyankopɔn honhom aba no ho ade nti, ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ fie bere a yɛne yɛn abusuafo redi nsɛm no. Ɔdɔ bɛka yɛn ma yɛasusuw afoforo nkate ho. Ná Ɔhemmaa Ester kunu nyɛ Yehowa somfo, nanso ɔdaa obu ne nhumu kɛse adi bere a na ɔreka nsɛm a ɛfa Yehowa asomfo ho akyerɛ ne kunu no. (Ester, ti 3-8) Ɛtɔ mmere bi a, anifere a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo mu no bɛhwehwɛ sɛ yɛma yɛn nneyɛe kamfo nokware no kyerɛ sen sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu de akamfo akyerɛ wɔn.—1 Pet. 3:1, 2.

Saa ara na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yenim asafo no mufo yiye no nkyerɛ sɛ yebetumi aka nsɛm asi wɔn anim penpen anaasɛ yɛbɛteatea wɔn. Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ esiane sɛ wɔn ho akokwaw nti, ɛsɛ sɛ wotumi gyina ano. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yeyi yɛn ho ano ka sɛ: “Saa ara na mete.” Sɛ yehu sɛ ɔkwan a yɛfa so kasa no haw afoforo a, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nsakrae. Ɛsɛ sɛ ‘ɔdɔ a emu yɛ den a yɛde dodɔ yɛn ho’ no ka yɛn ma ‘yɛyɛ wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no yiye.’—1 Pet. 4:8, 15; Gal. 6:10.

Bere a Yɛrekasa Akyerɛ Nnipadɔm. Ehia sɛ wɔn a wogyina asɛnka agua so kasa no nso yɛ anifere. Atiefo yɛ nnipa a wofi mmeae ne tebea ahorow mu. Wɔn nyinaa honhom fam nkɔso nyɛ pɛ. Ebia eyi ne bere a edi kan a ebinom de aba Ahenni Asa so. Ebia na afoforo wɔ ahohia bi mu paa a ɔkasafo no nnim. Dɛn na ebetumi aboa ɔkasafo no na wamfom n’atiefo no?

Nea ɛne ɔsomafo Paulo afotu a ɔde kɔmaa Tito hyia no, ma ɛnyɛ wo botae sɛ ‘wuntwiri obi, wobɛda ntease ne odwo adi akyerɛ nnipa nyinaa.’ (Tito 3:2) Kwati sɛ wode nsɛm a wiase no ka de bu abusua, wɔn a wɔka kasa bi, anaa wofi ɔman bi so animtiaa no bedi dwuma. (Adi. 7:9, 10) Ka Yehowa ahwehwɛde ho asɛm pefee na kyerɛ nyansa a ɛwom sɛ wɔde bedi dwuma no; nanso kwati sɛ wobɛka nsɛm a ɛmfata afa wɔn a wonnya mfaa Yehowa kwan so no ho. Mmom no, hyɛ obiara nkuran ma onhu Onyankopɔn apɛde na ɔnyɛ nea ɛsɔ n’ani. Fa nsɛm a ɛhyɛ nkuran na efi komam ka nsɛm a wode tu fo no ho. Ɛdenam ɔkwan a wofa so kasa ne ɛnne a wode kasa so no, da onuadɔ a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya ma yɛn ho yɛn ho no adi.—1 Tes. 4:1-12; 1 Pet. 3:8.

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Wo ne nkurɔfo mmɔ nkɔmmɔ sen sɛ wobɛka wɔn anim.

  • Susuw sɛnea onipa foforo no bebu asɛm a wopɛ sɛ woka no ho yiye.

  • Ansa na wobɛkasa no, susuw ho sɛ ebia bere a ɛfata sɛ wususuw asɛm no ho ni anaa.

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fi komam fa nkamfo ma.

  • Sɛ wɔkasa tia wo a, mma wo bo mmfuw.

  • Kwati sɛ wobɛyɛ wo ho ɔtreneeni dodo; mmu afoforo atɛn.

DWUMADI: Kenkan Bible mu nsɛm a edidi so yi yiye: 2 Samuel 12:1-9; Asomafo no Nnwuma 4:18-20. Wɔ emu biara mu no, hyɛ (1) anifere a ɛwom, ne (2) nsɛm a ɛda Yehowa trenee akwan a wodi akyi pintinn adi, no nsow.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena