Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anifere Kwan So
1 Bere a yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu anaa yehyia wɔn wɔ mmorɔn so, wɔ aguadidan horow mu anaa mmeae afoforo no, ɛho hia sɛ yɛyɛ anifere. Dɛn ntia? Efisɛ yɛte “nna a edi akyiri” ne ne “mmere a emu yɛ den” no mu. Paulo kyerɛwee sɛ nnipa a wɔte nna yi mu bɛyɛ “ahohoahoafo, ahantanfo, . . . apamsɛefo, . . . wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, . . . anuɔdenfo.” (2 Tim. 3:1-4) Enti ɛda adi sɛ mmere yi hwehwɛ sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ anifere bere a wɔreka asɛmpa no akyerɛ.
2 Nanso dɛn ne anifere? Nkyerɛkyerɛmu a nsɛm asekyerɛ nhoma biako de ma ne: “Adwene a ɛne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ anaa wɔka wɔ tebea a emu yɛ den anaa ɛho asɛm yɛ ka nã mu sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne afoforo benya abusuabɔ pa anaa wumpira wɔn.” Sɛ Kristofo no, yɛpɛ sɛ yɛne nkurɔfo nya abusuabɔ pa a yɛnnyɛ biribi a ɛbɛhaw wɔn. Enti, yɛn fam de, yɛne nnipa nyinaa bɛtra asomdwoe mu wɔ asɛm ne nneyɛe mu.’—Rom. 12:18.
3 Ɛboa, sɛ yetumi de yɛn ho si onipa a yɛrekasa akyerɛ no no ananmu a. Ebia bere a yɛkɔe no ogyaee biribi a ɛho hia a ɔreyɛ. Mpɛn pii ofiewura no nhwɛ kwan sɛ obi bɛba ne fi. Enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifere, susuw nneɛma ho, kyerɛ onipa no ho anigye kɛse a ɔpɛ a efi ɔdɔ mu sɛ yɛbɛboa ka ho.
4 Paulo yɛ Kristoni dansefo a ɔyɛɛ anifere a wɔde di dwuma ho nhwɛso fɛfɛ. Yɛkae sɛ bere a ɔrekasa akyerɛ Atenefo no, wanyeyaw wɔn na wankasa antia wɔn wɔ wɔn ahonisom ne atoro anyame pii a wɔsom wɔn no ho, ɛwom sɛ nneɛma yi yɛɛ ne honhom ahi de. (Aso. 17:16) Wɔ anifere mu no Paulo de wɔn ani a egye anyame pii som ho no dii dwuma sɛ nnianim asɛm fɛfɛ wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ Atenefo no mu.—Aso. 17:22-31.
5 Yɛn nso yebehyia nnipa a wɔwɔ wɔn som, na wɔbɛka akyerɛ yɛn saa. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛde anifere di dwuma. Ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn, yɛne wɔn ko anaa yɛkasa tia wɔn. Mmom no, sɛ ebetumi a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nea wɔne yɛn adwene hyia wom na yedi akyi. Ɛho nhia sɛ yɛkyerɛ sɛ nea obi a ɔmpɛ yɛn asɛm a yɛka no ka biara nyɛ nokware anaasɛ yɛgye ho akyinnye.
6 Anifere a wode bedi dwuma hwehwɛ nso sɛ wobɛyɛ otiefo pa. Ɛdenam ofiewura no adwene a yebetie na yɛasusuw ho so no, yebehu nea ɔresusuw. Mpɛn pii yebetumi afa anifere kwan so adi ne nsusuwii no akyi ma ɛde nkɔmmɔbɔ pa aba ma yɛadi no adanse. Nsemmisa boa, nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na anhyɛ ofiewura aniwu. Mmom no, ɛsɛ sɛ ɛma ɔkasa na wohu n’adwene. Ɛnde na yebetumi adi Paulo nhwɛso no akyi sɛ: “Mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa.”—1 Kor. 9:22.
7 Ɛsɛ sɛ yɛn nsɛm no yɛ nea yɛahyɛ da apaw sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrempira obi bere nyinaa. (Mmeb. 25:11) Ɛnde ofiewuranom behu sɛ yɛde asɛm a ɛhyɛ nkuran reba wɔn nkyɛn wɔ adamfofa kwan so. Sɛ yɛn nsɛm ne yɛn anim tebea kyerɛ sɛ yɛwɔ obiara ho anigye, ayamye ne adamfofa su a, nnipa pii behu eyi na wobetie asɛm no mpɛn pii. Kae Paulo afotu no: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”—Kol. 4:6.
8 Sɛ nnipa no ani nnye ho koraa mpo a, anifere kwan a yɛnam so no remma yɛnnyɛ nea ɛbɛhaw wɔn. Ɛnam eyi so no ebetumi ama wɔanya yɛn ho adwempa na yɛbɛbɔ kwan ama Ɔdansefo foforo a ɔbɛkɔ hɔ. Momma yɛnkɔ so nka asɛmpa no nkyerɛ wɔ anifere kwan so sɛnea ɛbɛyɛ a ebia yɛde nea eye na ɔdom wom bɛhyɛ wɔn a wotie yɛn no mu.—Efe. 4:29.