ADESUA 37
Nsɛntitiriw a Wɔma Ɛda Adi
DƐN ne ɔkasa mu nsɛntitiriw no? Eyi nyɛ kasa no mu nsɛm a ɛyɛ anigye a wɔka kɛkɛ. Ɛyɛ nsɛm a ɛho hia a wosusuw ho kɔ akyiri. Ɛyɛ nsɛm a ɛbɛboa wo ma woadu wo botae ho.
Ade titiriw a ehia na ama wo kasa mu nsɛntitiriw ada adi ne sɛ wobɛhyehyɛ wo nsɛm no nyansam. Mpɛn pii no, nhwehwɛmu a wobɛyɛ wɔ ɔkasa bi ho no bɛma woanya nsɛm a ɛdɔɔso sen nea wode bedi dwuma. Wobɛyɛ dɛn ahu nsɛm a ɛsɛ sɛ wode di dwuma?
Nea Edi Kan, susuw w’atiefo no ho. So wonnim w’asɛmti no ho hwee koraa, anaa wonim ɛho biribi? So wɔn mu dodow no ara gye nea Bible no ka fa ho no tom, anaasɛ wɔn mu binom adwenem yɛ wɔn nãã? Sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nea Bible no ka fa asɛm no ho bedi dwuma a, asetram nsɛnnennen bɛn na wohyia? Nea Ɛto so Abien, sɛ worema ɔkasa no a, hwɛ hu sɛ wobɛma botae a enti worekasa akyerɛ saa atiefo no wɔ asɛm a wopɛ sɛ woka no ho no atra w’adwenem. Bere a wode akwankyerɛ abien yi redi dwuma no, susuw w’asɛm no ho na fa nea ɛfata no nkutoo.
Sɛ wɔama wo ɔkasa kratasin a asɛmti ne nsɛntitiriw wom a, fa di dwuma. Nanso, sɛ woma nsɛntitiriw a ɛwɔ atifi ha yi tra w’adwenem bere a woresiesie asɛntitiriw biara no a, ɛso mfaso bɛyɛ kɛse.
Sɛ wunni kratasin biara a wobɛhwɛ so ama ɔkasa no a, ɛyɛ w’ankasa asɛyɛde sɛ wopaw nsɛntitiriw no.
Sɛ wunya hyehyɛ wo nsɛm no yiye a, bere kakraa bi na wubehia de asiesie wo ho, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo nso sɛ wobɛma. Ɛda adi sɛ w’atiefo ani begye kasa no ho yiye na wɔasua pii afi mu.
Akwan Horow a Wobɛfa so Ahyehyɛ Wo Nsɛm. Wubetumi afa akwan horow so ahyehyɛ wo kasa mu nsɛm nyinaa. Bere a wuhu nsɛm no yiye no, wubehu sɛ ɛdenam wo botae so no, emu pii betumi atu mpɔn.
Ɔkwan biako a ɛyɛ fakaa ne sɛ wobɛkyekyɛ asɛm no mu ayɛ no nsɛmti nketenkete. (Asɛntitiriw biara ho hia efisɛ ɛboa ma w’atiefo no te w’asɛm no ase anaa ɛboa ma wudu wo kasa no botae ho.) Ɔkwan foforo nso ne mmerebu. (Nsɛm a esisii ansa na Nsuyiri no reba, sɛ nhwɛso no, betumi adi nsɛm a esisii ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ 70 Y.B. no anim, na nsɛm a esisi wɔ yɛn bere yi so no nso adi so.) Ɔkwan a ɛto so abiɛsa ne nea ɛde biribi ba. (Wubetumi asiesie eyi wɔ ɔkwan biara so. Sɛ nhwɛso no, wubetumi de tebea a ɛwɔ hɔ seesei afi ase, nea afi mu aba, na afei woakyerɛ nea ɛde bae.) Ɔkwan a ɛto so anan ne nsɛm a ɛbɔ ne ho abira. (Wubetumi de papa atoto bɔne ho anaa nokware atoto atoro ho.) Ɛtɔ mmere bi a, wɔde nea ɛboro biako di dwuma wɔ ɔkasa mu.
Bere a wɔbɔɔ Stefano atoro sobo wɔ Yudafo Sanhedrin no anim no, ɔnam mmerebu so maa ɔkasa bi a etu mpɔn. Bere a wokenkan Asomafo no Nnwuma 7:2-53 no, wubehu sɛ ntease wɔ nsɛm a ɔpawee no mu. Stefano dii kan maa emu daa hɔ sɛ ɔreka abakɔsɛm a na n’atiefo no ntumi nnye ho kyim. Ɛnna ɔkae sɛ ɛwom sɛ Yosef nuanom no poo no de, nanso Onyankopɔn de no dii dwuma ma ogyee wɔn. Nea edi hɔ no, ɔkyerɛe sɛ Yudafo no antie Mose a na Onyankopɔn nam no so redi dwuma no. Ɔde n’asɛm no baa awiei denam si a osii so dua sɛ wɔn a wɔma wokum Yesu Kristo no nso daa suban a kan Yudafo awo ntoatoaso no daa no adi no ara bi adi so.
Mpaw Nsɛntitiriw Pii Dodo. Nneɛma a ɛho hia kakraa bi pɛ na wubehia bere a worepaw asɛmti bi no. Wɔ nsɛm pii mu no, ebia wubehia nsɛntitiriw bɛyɛ anum bi pɛ. Eyi te saa ɛmfa ho sɛ wode simma 5, simma 10, simma 30, anaa nea ɛboro saa na ɛbɛkasa no. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛma nsɛntitiriw pii dodo ada adi. Nsɛm a ɛda nsow kakraa bi pɛ na w’atiefo betumi afa afi ɔkasa biako mu. Na sɛnea ɔkasa no tenten te no, saa ara na ɛsɛ sɛ emu nsɛntitiriw no kanyan adwene na emu da hɔ nso.
Ɛmfa ho nsɛntitiriw dodow a wode bedi dwuma no, hwɛ hu sɛ wobɛka emu biara ho asɛm yiye. Ma atiefo no bere a ɛsɛ mfa nhwehwɛ asɛntitiriw biara mu na ama aka wɔn adwene mu yiye.
Ɛsɛ sɛ woma ɛda adi sɛ wo kasa no nyɛ den. Eyi ntaa nnyina nsɛm dodow a wobɛka so. Sɛ wohyehyɛ wo nsɛntitiriw ma emu da hɔ wɔ nsɛmti kakraa bi ase, na wusiesie no nnidiso nnidiso a, ɛrenyɛ den sɛ wobedi wo kasa no akyi na wɔakae.
Ma Wo Nsɛntitiriw no Nna Adi. Sɛ woahyehyɛ wo nsɛm no yiye a, ɛrenyɛ den sɛ wonam wo kasa no so bɛhyɛ hia a wo nsɛntitiriw no ho hia mu den.
Ɔkwan titiriw a wubetumi afa so ama wo nsɛntitiriw no ada adi ne sɛ wobɛma ɛho adanse, kyerɛw nsɛm, ne nsɛm afoforo a ɛfa ho no ada adi wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛtwe adwene asi adwene titiriw a ɛwom no so na emu ada hɔ yiye. Ɛsɛ sɛ nsɛm a ɛbata ho nyinaa kyerɛkyerɛ asɛntitiriw no mu ma emu da hɔ yiye. Mfa nsɛm a ɛho nhia nhyehyɛ mu esiane sɛ ɛyɛ anigye nti. Sɛ worehyehyɛ nsɛm a ɛbata ho no a, ma abusuabɔ a ɛne asɛntitiriw a ɛkyerɛkyerɛ mu no wɔ no nna adi. Nnyaw mma atiefo no sɛ wɔnhwehwɛ. Wonam nsɛmfua titiriw a ɛtwe adwene kɔ adwene titiriw a ɛwom so a wubetĩ mu bere ne bere mu no so betumi ama abusuabɔ a ɛwom no ada adi.
Akasafo binom hyɛ nsɛntitiriw nsow denam ne dodow a wɔkyerɛ so. Bere a ɛno yɛ ɔkwan biako a wɔfa so si nsɛntitiriw so dua no, ɛnsɛ sɛ yɛde si asɛm no ankasa a yɛde ahwɛyiye ahyehyɛ no nnidiso nnidiso no ananmu.
Wubetumi apaw sɛ wubedi kan ada wo nsɛntitiriw no adi ansa na wode nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu no ama. Eyi bɛboa atiefo no ma wɔahu nea edi so reba no, na ɛno nso besi asɛntitiriw no so dua. Wubetumi ahyɛ asɛm no mu den denam bɔ a wobɛbɔ no mua bere a woasiesie ɔkasa no awie no so.
Wɔ Asɛnka Mu. Nnyinasosɛm a yɛasusuw ho wɔ atifi hɔ no mfa ɔkasa a wɔma nkutoo ho na mmom ɛfa nkɔmmɔ a wɔbɔ wɔ asɛnka mu nso ho. Sɛ woresiesie wo ho a, susuw tebea titiriw bi a nnipa a wɔwɔ mo hɔnom no dwen ho no ho. Paw asɛmti bi a ɛbɛma woanya hokwan akyerɛ sɛnea Bible mu anidaso no bedi saa tebea no ho dwuma mu. Paw nsɛntitiriw bɛyɛ abien bi fa kyerɛkyerɛ saa asɛmti no mu. Si kyerɛw nsɛm a wode bedi dwuma de akyerɛkyerɛ nsɛntitiriw no mu ho gyinae. Na afei dwen sɛnea wubefi wo nkɔmmɔbɔ no ase ho. Ahosiesie a ɛte saa no ma wutumi yɛ fakaa sɛnea ehia wɔ nkɔmmɔbɔ mu. Afei nso ɛboa wo ma woka asɛm bi a afiewuranom bɛkae.