Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 14 kr. 17
  • Ma Nsɛntitiriw a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Nsɛntitiriw a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛntitiriw a Wɔma Ɛda Adi
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Kratasin a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa Mu Nsɛm a Wobɛhyehyɛ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Asɛmti Ho Dwumadi
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Kaakae Nsɛntitiriw No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 14 kr. 17

ADESUA 14

Ma Nsɛntitiriw a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Kyerɛwsɛm

Hebrifo 8:1

NSƐNTITIRIW: Boa w’atiefo ma wonni wo kasa no akyi, na ma wonhu no pefee sɛ asɛntitiriw biara a woreka ho asɛm no, ɛne wo kasa no botae hyia, na ɛne w’asɛmti no nso hyia.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Hu wo kasa no botae. Wo kasa no atirimpɔw ne sɛn? Ɛrekyerɛkyerɛ asɛm bi mu? Ɛreboa w’atiefo ma wɔagye asɛm bi atom anaa wɔasesa wɔn adwene wɔ ho? Anaa ɛrekanyan wɔn ma wɔayɛ biribi? Sɛ wuhu botae no a, afei siesie wo kasa no ma ɛne no nhyia. Hwɛ hu sɛ nsɛntitiriw no nyinaa bɛboa wo ma woadu wo botae no ho.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Bisa wo ho sɛ: ‘Asɛm a merekɔka yi, nsɛm bɛn na m’atiefo betumi abisa afa ho, na dɛn na wobetumi aka de abɔ nea merekɔka no agu? Wɔn nsɛmmisa, ne nea wɔbɛka de abɔ me nsɛm agu no, mehwɛ a sɛn na wɔbɛhyehyɛ no?’ Afei hyehyɛ wo nsɛm no wɔ saa kwan no ara so, na aboa w’atiefo ma wɔadi akyi, wɔate ase, na wɔagye asɛm no atom.

  • Si wo kasa no asɛmti so dua. Twe adwene si asɛmti no so wɔ wo kasa no nyinaa mu. Nea ɛbɛboa ma woatumi ayɛ saa no, tĩ asɛmti no mu nsɛmfua titiriw no mu, anaa fa nsɛmfua foforo a ɛne no sɛ tĩ mu.

  • Ma wo nsɛntitiriw no mu nna hɔ, na mma ɛnyɛ bebree. Nsɛntitiriw a ɛne w’asɛmti no hyia a wubetumi akyerɛkyerɛ mu yiye wɔ bere a wɔde ama wo no mu no, ɛno nkutoo na ka ho asɛm. Nka nsɛntitiriw pii ho asɛm. Ka asɛntitiriw biara ma emu nna hɔ. Sɛ wufi asɛntitiriw baako so rekɔ foforo so a, gyina kakra. Afei nso sɛ wufi asɛntitiriw baako so rekɔ foforo so a, ka biribi a ɛbɛma atoa mu kama.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Wo kasa no nnianim nsɛm mu no, wubetumi abobɔ nsɛntitiriw no so na aboa atiefo no ma wɔadi akyi, anaasɛ worebewie wo kasa no a, wubetumi atĩ nsɛntitiriw no mu na aboa atiefo no ma wɔakae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena