Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 5 kr. 32-36
  • ‘Oyi Ne Me Ba’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Oyi Ne Me Ba’
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Kristo​—Sɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛkae No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Wɔwo Yesu Mmoadan Mu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yesu Suaa Osetie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Ɔbɔfo Ba Maria Nkyɛn
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 5 kr. 32-36

Ti 5

‘Oyi Ne Me Ba’

SƐ MMOFRA yɛ nneɛma pa a, wɔn a wɔhwɛ wɔn so no ani gye. Sɛ abeawa bi yɛ nneɛma pa a, n’agya ani gye sɛ ɔbɛka akyerɛ afoforo sɛ: “Me babea ni.” Anaa sɛ abarimaa bi yɛ nea ɛteɛ a, n’agya tumi de anigye ka sɛ: “Me babarima ni.”

Yesu yɛ nea ɛsɔ N’agya ani bere nyinaa. Enti N’agya ani gye ne ho. So wokae nea Yesu Agya yɛe da bi bere a na Yesu ne n’akyidifo baasa bi wɔ hɔ no?— Onyankopɔn fi soro tɔnn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.”—Mateo 17:5.

Yesu ani gye bere nyinaa sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛsɔ N’agya ani. Wunim nea enti a ɛte saa? Efisɛ ɔdɔ N’agya yiye. Sɛ obi yɛ biribi esiane sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti ara kɛkɛ a, ɛma ne yɛ yɛ den. Nanso sɛ ofi ne pɛ mu na ɛyɛ a, ɛnyɛ den. Sɛ wɔka sɛ obi fi ne pɛ mu na ɛyɛ ade a, so wote ase?— Ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ade ko no ankasa.

Ansa na Yesu reba asase so mpo no, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribiara a N’agya bɛka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɛte saa efisɛ ɔdɔ N’agya, Yehowa Nyankopɔn. Ná Yesu wɔ gyinabea a ɛyɛ anigye wɔ N’agya nkyɛn wɔ soro. Nanso na Onyankopɔn wɔ adwuma titiriw bi ma Yesu a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ na Yesu bɛyɛ saa adwuma no a, na ɛsɛ sɛ ofi soro. Na ɛsɛ sɛ wɔwo no sɛ akokoaa wɔ asase so. Na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ eyi, efisɛ na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ saa.

Nea ɛbɛyɛ na wɔawo Yesu sɛ akokoaa wɔ asase so no, na ɛsɛ sɛ onya maame. Wunim onipa a ɔbɛyɛɛ ne maame no?— Ná wɔfrɛ no Maria. Yehowa somaa ne bɔfo Gabriel ma ofi soro bɛkasa kyerɛɛ Maria. Gabriel ka kyerɛɛ no sɛ ɔrebɛwo ɔbabanin. Wɔbɛfrɛ akokoaa no Yesu. Na hena na ɔbɛyɛ abofra no papa?— Ɔbɔfo no kae sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔbɛyɛ abofra no Papa. Ɛno nti na na wɔbɛfrɛ Yesu Onyankopɔn Ba no.

Wususuw sɛ Maria tee nka dɛn wɔ eyi ho?— So ɔkae sɛ, “Mempɛ sɛ mɛyɛ Yesu maame”? Dabi, ná Maria asiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Nanso na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi awo Onyankopɔn Ba a ɔwɔ soro no sɛ akokoaa wɔ asase so? Ɔkwan bɛn so na Yesu awo no yɛ soronko wɔ nkokoaa a aka nyinaa de ho? So wunim?—

Wiɛ, Onyankopɔn yɛɛ yɛn awofo a wodi kan Adam ne Hawa sɛnea ɛbɛyɛ a wobehyia wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Ɛno akyi no, na akokoaa betumi afi ase anyin wɔ ne maame yam. Nkurɔfo ka sɛ eyi yɛ anwonwade! Migye di sɛ wo ne wɔn bɛyɛ adwene.

Afei Onyankopɔn yɛɛ ade bi a ɛyɛ nwonwa sen saa mpo. Oyii ne Ba no nkwa fii soro bɛhyɛɛ Maria yafunu mu. Ná Onyankopɔn nyɛɛ saa da, na efi ɛno so no ɔnyɛɛ saa bio. Esiane anwonwade yi nti, Yesu fii ase nyinii wɔ Maria yafunu mu sɛnea mmofra afoforo nyin wɔ wɔn maamenom yafunu mu no. Ɛno akyi no, Maria waree Yosef.

Bere a eduu sɛ wɔbɛwo Yesu no, ná Maria ne Yosef rekɔ Betlehem kurow no mu. Nanso na nnipa pii ahyɛ mu ma. Na dan biara mpo nni hɔ a Maria ne Yosef betumi atra mu, enti na ɛsɛ sɛ wɔtra faako a wɔde mmoa gu. Ɛhɔ na Maria woo Yesu, na wɔde no too mmoa adididaka mu, sɛnea wuhu wɔ ha no. Mmoa adididaka yɛ ade a wɔde aduan gu mu ma anantwi ne mmoa foforo di.

Nneɛma a ɛyɛ nwonwa pii sisii anadwo a wɔwoo Yesu no. Ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ nguanhwɛfo bi wɔ baabi a ɛbɛn Betlehem. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Yesu yɛ onipa titiriw. Ɔbɔfo no kae sɛ: ‘Hwɛ! Mereka asɛmpa a ɛbɛma nkurɔfo ani agye akyerɛ mo. Ɛnnɛ wɔawo obi a obegye nkurɔfo.’—Luka 2:10, 11.

Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ nguanhwɛfo no sɛ wobehu Yesu wɔ Betlehem sɛ ɔda mmoa adididaka mu. Afei mpofirim ara, abɔfo foforo a wɔwɔ soro no bɛkaa ɔbɔfo a odi kan no ho ma woyii Onyankopɔn ayɛ. Abɔfo no too dwom sɛ, “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”—Luka 2:12-14.

Bere a abɔfo no kɔe no, nguanhwɛfo no kɔɔ Betlehem kohuu Yesu. Woduu hɔ no, wɔkaa nneɛma pa a wɔate no nyinaa ho asɛm kyerɛɛ Yosef ne Maria. So wubetumi abu anigye a Maria nyae sɛ ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ Yesu maame no?

Akyiri yi no, Yosef ne Maria faa Yesu de no kɔɔ Nasaret kurom. Ɛhɔ na Yesu nyinii. Bere a onyinii no, ofii ne nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse no ase. Ná eyi ka adwuma a Yehowa Nyankopɔn pɛe sɛ ne Ba no yɛ wɔ asase so no ho. Na Yesu pɛ sɛ ɔyɛ saa adwuma no efisɛ na Yesu dɔ ne soro Agya no yiye.

Ansa na Yesu befi n’adwuma ase sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no, Osuboni Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. Afei biribi a ɛyɛ nwonwa sii! Bere a Yesu fi nsu no mu reba no, Yehowa kasa fii soro sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:17) Sɛ w’awofo ka kyerɛ wo sɛ wɔdɔ wo a, so w’ani nnye?— Yebetumi agye adi sɛ Yesu nso ani gyei.

Yesu yɛɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Wamfa sɛnea ɔte ankasa ansie. Wanka ankyerɛ nkurɔfo sɛ ɔyɛ Onyankopɔn. Na ɔbɔfo Gabriel aka akyerɛ Maria sɛ wɔbɛfrɛ Yesu Onyankopɔn Ba. Yesu ankasa kae sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Na wanka ankyerɛ nkurɔfo sɛ onim ade sen N’gya. Ɔkae sɛ: “Agya no yɛ kɛse sen me.”—Yohane 14:28.

Bere a na Yesu wɔ soro mpo no, sɛ N’agya ma no adwuma sɛ ɔnyɛ a, na ɔyɛ. Wanka sɛ ɔbɛyɛ, na akyiri yi wakɔyɛ biribi foforo. Na ɔdɔ N’agya. Enti otiee nea N’agya kae no. Enti bere a Yesu baa asase so no, ɔyɛɛ nea ne soro Agya somaa no sɛ ɔmmɛyɛ no. Wansɛe ne bere amfa anyɛ biribi foforo. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa ani gye ne Ba no ho no!

Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani, ɛnte saa?— Ɛnde ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yetie Onyankopɔn ampa sɛnea Yesu yɛe no. Onyankopɔn nam Bible so kasa kyerɛ yɛn. Ɛrenyɛ nea ɛteɛ sɛ yɛbɛboapa ayɛ sɛ yetie Onyankopɔn, nanso yɛagye biribi foforo adi na yɛayɛ nneɛma a ɛne Bible no nhyia, ɛnte saa?— Na kae sɛ, sɛ yɛdɔ Yehowa ampa a, yɛde anigye bɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.

Afei kenkan Bible kyerɛw nsɛm afoforo a ɛkyerɛ nea ehia sɛ yehu fa Yesu ho na yegye di no: Mateo 7:21-23; Yohane 4:25, 26; ne 1 Timoteo 2:5, 6.

[Mfonini wɔ kratafa 33]

Dɛn na ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria?

[Mfonini wɔ kratafa 34]

Adɛn nti na wɔde Yesu reto mmoa adididaka mu?

[Mfonini wɔ kratafa 35]

Asɛmpa bɛn na abɔfo yi mu biako aka akyerɛ nguanhwɛfo no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena