MOMFA NKYERƐKYERƐ MO MMA
Yesu Kristo—Sɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛkae No?
Sɛ edu December mu a, Yesu mfonini a nkurɔfo ayeyɛ nyɛ na koraa. Wɔyɛ no sɛ akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu. Nanso wohwɛ a, bere biara a yɛbɛkae Yesu no, ɛsɛ sɛ yɛkae no sɛ akokoaa anaa?—a Momma yɛnhwɛ ɔkwampa a yebetumi afa so akae no. Ná nguanhwɛfo bi wɔ nwuram rehwɛ wɔn nguan anadwo wɔ Betlehem mpɔtam, na bere a wɔwɔ hɔ no, asɛm bi sii a yebetumi asua biribi afi mu.
Nguanhwɛfo no wɔ hɔ ara na ɔbɔfo bi puee hɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo no.” Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ wɔn sɛ wobehu Yesu sɛ “wɔde ntama akyekyere no ho sɛ ɔda mmoa adididaka mu.” Ɛhɔ ara na abɔfo pii baa hɔ ‘beyii Onyankopɔn ayɛ.’
Sɛ wowɔ hɔ bi na wuhui sɛ abɔfo reyi Onyankopɔn ayɛ a, anka wobɛte nka sɛn?— Nguanhwɛfo no ani gyei papa! Wɔkae sɛ: “Momma yensim nkɔ Betlehem nkɔhwɛ nea asi.” Wɔkɔe no, wɔkɔtoo “Maria ne Yosef, ne akokoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.”
Ankyɛ na afoforo nso baa Maria ne Yosef nkyɛn wɔ Betlehem. Nguanhwɛfo no kaa nea asi nyinaa kyerɛɛ nkurɔfo no, na wɔn nyinaa ani gyei paa. Saa anigyesɛm yi ama wo nso w’ani agye anaa?— Yɛn nyinaa dɔ Onyankopɔn, enti yɛn ani gye ho. Afei, momma yɛnhwɛ nea enti a Yesu awo no maa nnipa ani gyei saa. Nea ɛbɛboa yɛn wɔ asɛm yi mu no, momma yɛnkɔhwɛ bere a na Maria nnya nwaree no.
Da koro ɔbɔfo bi a ne din de Gabriel kɔsraa Maria. Ɔbɔfo no hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛwo abofra bi a “ɔbɛyɛ kɛse na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba.” Gabriel toaa so sɛ: “Obedi . . . hene, na n’ahenni remma awiei.”
Saa bere no, na Maria ne ɔbarima biara nnae da, enti na ɔpɛ sɛ ohu sɛnea ɔbɔfo no asɛm no bɛba mu. Ɛno maa Gabriel kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so,” na “wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.” Onyankopɔn yii ne Ba no nkwa fii soro de hyɛɛ Maria yam ma ɔwoo no sɛ akokoaa. Ná eyi yɛ anwonwade kɛse paa!
Nkurɔfo ayeyɛ mfonini bi a “anyansafo baasa” ne nguanhwɛfo bi akɔsra abofra Yesu. Woahu saa mfonini no bi da?— Buronya bere na yɛtaa hu saa mfonini no paa. Nanso mfomso wɔ saa mfonini no ho. Saa “anyansafo baasa” no, na wɔyɛ nsoromma mu ahwɛfo; Onyankopɔn nso kyi nsoromma mu hwɛ. Bere a wokoduu hɔ no, ma yɛnhwɛ nea esii. Bible ka sɛ: “Bere a wɔkɔɔ fie no mu no, wohuu abofra kumaa no ne ne maame Maria.” Enti woahu, bere a wɔkɔɔ hɔ no, na Yesu nyɛ akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu. Mmom na ɔyɛ abofra kumaa a ɔne Yosef ne Maria te fie bi mu!
Ɛyɛɛ dɛn na nsoromma mu ahwɛfo no huu Yesu?— “Nsoromma” bi na edii wɔn anim kɔe. Nanso amfa wɔn ankɔ Betlehem tee, na mmom edii kan de wɔn kɔɔ Ɔhene Herode hɔ wɔ Yerusalem. Bible kyerɛ sɛ na Herode repɛ Yesu akum no. Afei dwen asɛm yi ho hwɛ. Nsoromma mu ahwɛfo no, wohwɛ a, hena na ɔde saa nsoromma no kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ Herode hɔ?— Ɛnyɛ nokware Nyankopɔn Yehowa, na mmom ɛyɛ ne tamfo kɛse Satan Ɔbonsam!
Ɛnnɛ, Satan pɛ sɛ ɔma nkurɔfo nya adwene sɛ Yesu yɛ akokoaa a ontumi nyɛ ne ho hwee. Nanso ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria sɛ: “Obedi . . . hene, na n’ahenni remma awiei.” Enti seesei Yesu redi hene wɔ soro, na ɛrenkyɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn atamfo nyinaa. Saa na ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu na yɛka ne ho asɛm kyerɛ afoforo nso.
Fa wo Bible na kenkan
a Sɛ worekenkan akyerɛ abofra na wuhu sɛ wɔasan baabi sei (—) a, ɛkyerɛ sɛ gyina na ma abofra no nkyerɛ n’adwene.