Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 47 kr. 244-249
  • Sɛnea Yebetumi Ahu sɛ Harmagedon Abɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yebetumi Ahu sɛ Harmagedon Abɛn
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wiase Awiei” Abɛn!
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Bere Bɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛba Abedi Asase So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • So Wuhu Yesu Mmae Ho Sɛnkyerɛnne No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Paradise Abɛn!
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 47 kr. 244-249

Ti 47

Sɛnea Yebetumi Ahu sɛ Harmagedon Abɛn

WUNIM ade a wɔfrɛ no sɛnkyerɛnne, ɛnte saa?— Wɔ Ti 46 no, yɛkenkan sɛnkyerɛnne a Onyankopɔn de mae a ɛkyerɛ sɛ ɔremfa nsuyiri nsɛe wiase bio no ho asɛm. Afei nso asomafo no bisaa sɛnkyerɛnne a ɛbɛma wɔahu sɛ Yesu asan aba, na wiase, anaa nneɛma nhyehyɛe awiei abɛn no ho asɛm.—Mateo 24:3.

Esiane sɛ na Yesu bɛwɔ soro a wɔrenhu no nti, na sɛnkyerɛnne bi ho behia na ama nkurɔfo ahu sɛ wafi ase redi tumi. Enti Yesu kaa nneɛma a ɛsɛ sɛ n’asuafo no hwɛ kwan wɔ asase so ha ho asɛm. Sɛ saa nneɛma no sisi a, ɛbɛkyerɛ sɛ wasan aba, na wafi ase redi tumi wɔ soro sɛ Ɔhene.

Nea ɛbɛyɛ na Yesu akyerɛkyerɛ n’asuafo no hia a ɛho hia sɛ wɔwɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa! Sɛ enya fefɛw na mohwɛ a, mo ankasa muhu sɛ ahohuru bere anya abɛn.’ Wunim sɛnea wobɛkyerɛ sɛ ahohuru bere abɛn. Na sɛ wohwɛ nneɛma a ɛresisi a Yesu kaa ho asɛm no a, wubetumi akyerɛ bere a Harmagedon abɛn.—Luka 21:29, 30.

Yɛrebɛhwɛ nneɛma a Yesu kae sɛ ɛbɛka sɛnkyerɛnne ahorow a ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni abɛn ho no ho mfonini wɔ kratafa yi ne nea edi so no. Sɛ nneɛma yi nyinaa ba mu a, Onyankopɔn Ahenni a Kristo yɛ so Sodifo no bebubu aban ahorow nyinaa ma asa, sɛnea yɛkenkan wɔ Ti 46 no.

Enti tɔ wo bo ase hwɛ mfonini ahorow a ɛwɔ nkratafa abien a yefi hɔ ansa na yɛreba kratafa yi so no, na yɛbɛka ho asɛm. Wubetumi akenkan nea wubehu wɔ mfonini ahorow yi mu no ho asɛm wɔ Mateo 24:6-14 ne Luka 21:9-11. Afei nso hyɛ nɔma ketewa a ɛwɔ mfonini biara ho no nsow. Wubehu nɔma koro no ara wɔ nkyekyɛm a ɛka saa mfonini no ho asɛm no mfiase. Afei ma yɛnhwɛ sɛ sɛnkyerɛnne a Yesu de mae a ɛwɔ afã pii no renya mmamu nnɛ anaa.

(1) Yesu kae sɛ: ‘Mobɛte ɔko ne akosɛm; ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.’ So woate akodi ho nsɛm?— Wɔkoo wiase nyinaa ko a edi kan no fi afe 1914 kosii 1918, na ɛno akyi no, wɔkoo Wiase Ko II fi 1939 kosii 1945. Ansa na saa bere no reba no, na wɔnkoo wiase nyinaa ko a ɛtete saa pɛn! Ɛnnɛ, ɔko rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Ɛte sɛ nea daa yɛte ɔko ho nsɛm wɔ TV so, radio so, ne atesɛm krataa mu.

(2) Yesu kae nso sɛ: ‘Ɔkɔm bɛba mmeaemmeae.’ Sɛnea ebia wunim no, ɛnyɛ obiara na onya aduan a ɛsɛ di. Daa nnipa mpempem pii wuwu esiane sɛ wonnya aduan a ɛsɛ nni nti.

(3) Yesu de kaa ho sɛ: ‘Ɔyaredɔm bɛba mmeaemmeae.’ So wunim ade a wɔfrɛ no ɔyaredɔm?— Ɛyɛ yare a ekunkum nnipa pii. Owuyare bi a na wɔfrɛ no Spania influensa kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 20 wɔ afe biako pɛ anaa nea ɛte saa mu. AIDS betumi akunkum nnipa a wɔdɔɔso sen saa wɔ yɛn bere yi mu. Na nyarewa te sɛ kokoram, komayare, ne nyarewa foforo a ekunkum nnipa mpempem pii afe biara nso wɔ hɔ.

(4) Yesu de sɛnkyerɛnne no fã foforo nso mae, na ɔkae sɛ: ‘Asasewosow bɛba mmeaemmeae.’ So wunim ade a wɔfrɛ no asasewosow?— Asasewosow ma asase wosow ma wote wɔ wo nan ase. Ɛma adan bubu gu fam, na ɛtaa kunkum nnipa. Efi afe 1914 reba no, asasewosow pii sisi afe biara. So woate asasewosow ho asɛm pɛn?—

(5) Yesu kae sɛ sɛnkyerɛnne no fã foforo ne sɛ ‘amumɔyɛ bɛdɔɔso.’ Ɛno nti na korɔnbɔ ne basabasayɛ adɔɔso saa no. Nnipa a wɔwɔ baabiara suro sɛ ebia obi bebu aba wɔn afie mu abewia wɔn. Amumɔyɛ ne basabasayɛ bebrebe a ɛte saa mmae wɔ wiase nyinaa saa da.

(6) Yesu de sɛnkyerɛnne no fã foforo a ehia paa mae bere a ɔkae sɛ: ‘Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba’ no. (Mateo 24:14) Sɛ wugye “asɛmpa yi” di a, ɛnde ɛsɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ afoforo. Saa kwan no so no, wubetumi anya saa sɛnkyerɛnne no mmamu mu kyɛfa.

Ebia nnipa bi bɛka sɛ nneɛma a Yesu kaa ho asɛm no sisi daa. Nanso ɛmmae da sɛ nneɛma a ɛte saa nyinaa besi wɔ wiase mmeae pii wɔ bere koro mu. Enti wote nea sɛnkyerɛnne no kyerɛ ase?— Ɛkyerɛ sɛ sɛ yehu sɛ nneɛma yi nyinaa resisi a, na ɛrenkyɛ na Onyankopɔn wiase foforo no abesi wiase bɔne yi ananmu.

Bere a Yesu de sɛnkyerɛnne yi mae no, ɔsan kaa afe no mu bere titiriw bi ho asɛm. Ɔkae sɛ: ‘Mommɔ mpae na bere a mode beguan no amma awɔw bere’ mu. (Mateo 24:20) Wususuw sɛ na ɔrepɛ akyerɛ dɛn?—

Wiɛ, sɛ ɛsɛ sɛ obi guan fi asiane bi mu wɔ awɔw bere mu, bere a wim tebea ma ɛyɛ den anaasɛ mpo ɛyɛ hu sɛ obi betu kwan no a, dɛn na ebetumi asi?— Sɛ onya ne ti didi mu koraa a, ɔbɛbrɛ ansa. So ɛrenyɛ awerɛhow sɛ obi bewu wɔ awɔw bere mu mframa mu esiane sɛ nneɛma foforo amma wannya adagyew amfi n’akwantu ase ntɛm nti?—

So woate nea na Yesu repɛ akyerɛ denam ka a na ɔreka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtwɛn kosi awɔw bere ansa na wɔaguan no ase?— Na ɔreka kyerɛ yɛn sɛ esiane sɛ yenim sɛ Harmagedon abɛn nti, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛyɛ biribi de akyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn denam som a yɛbɛsom no so. Sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase a, ebia ɛbɛka akyiri dodo ama yɛn. Enti yɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔwɔ hɔ wɔ Nsuyiri bere no so a wɔtee Noa asɛm no nanso wɔankɔ adaka no mu no ara pɛ.

Nea edi hɔ no, ma yɛnka sɛnea nneɛma bɛyɛ bere a Harmagedon ko kɛse no aba awiei no ho asɛm. Yebehu nea Onyankopɔn asiesie ama yɛn a yɛdɔ no na yɛpɛ sɛ yɛsom no nnɛ no nyinaa.

Nea edidi so yi yɛ kyerɛw nsɛm foforo a ɛkyerɛ sɛ Harmagedon abɛn: 2 Timoteo 3:1-5; ne 2 Petro 3:3, 4.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 244-246]

Bere a Yesu kaa borɔdoma dua ho asɛm no na asuade bɛn na ɔde rema?

[Mfonini wɔ kratafa 249]

Bere a Yesu kaa mmɔden a wɔbɔ sɛ wobeguan awɔw bere ho asɛm no, na asuade bɛn na ɔde rema?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena