“Wɔanhu”
SƐ YƐANTIE kɔkɔbɔ a, ebetumi adi yɛn awu.
Ná nnipa a wɔwɔ Australia kuropɔn Darwin mu resiesie wɔn ho ama afahyɛ bi a wɔrebedi wɔ 1974 mu bere a na wɔde kɔkɔbɔ ama sɛ ahum kɛse bi rebetu. Nanso na bɛyɛ mfe 30 ni a ahum a ɛsɛe ade biara ntui wɔ Darwin. So na ebetu saa bere yi? Nnipa dodow no ara amma kɔkɔbɔ no anhia wɔn kosii sɛ ahum a ano yɛ den hyɛɛ ase popaa adan so na edwiriw adan a na nnipa abobɔ dɔmpem wom no gui. Ade kyee no, na kurow no ayɛ amamfõ.
Ogya bepɔw bi paee wɔ Colombia wɔ November 1985 mu. Ɔhyew no maa sukyerɛma ne nsukyenee nanee, na ɛtwee atɛkyɛ bɛkataa nnipa bɛboro 20,000 a na wɔte Armero kurow mu no so. So wɔammɔ wɔn kɔkɔ? Ná bepɔw no awosow asram pii. Nanso esiane sɛ na wɔte beae a ogya bepɔw taa paapae nti, nnipa a wɔte Armero no dodow ara amfa anyɛ hwee. Aban mpanyimfo tee kɔkɔbɔ a ɛfa asiane a na ɛnkyɛ ebesi no ho, nanso wɔammɔ ɔmanfo kɔkɔ ahe biara. Wɔnam radio so bɔɔ ɔmanfo amanneɛ sɛ asiane a ɛte saa no rensi. Wɔka kyerɛɛ nnipa wɔ asɔredan mu sɛ wɔmma wɔn ho mpopo. Nanso eduu anwummere no, ogya mmepɔw abien paapaee. Wowɔ hɔ a, anka wubegyaw w’ahonyade hɔ aguan? Nnipa kakraa bi na wɔbɔɔ mmɔden yɛɛ saa kosii sɛ nneɛma kaa akyi dodo.
Mpɛn pii no, abo ho animdefo tumi kyerɛ beae a asasewosow besi ma ɛbam pɛpɛɛpɛ. Nanso ɛyɛ a wontumi nkyerɛ bere pɔtee a ebesi no. Wɔ 1999 mu no, asasewosow a esisii wiase nyinaa no kunkum nnipa bɛyɛ 20,000. Wɔn a wowui no mu pii susuwii sɛ na entumi nto wɔn da.
Dɛn na Woyɛ wɔ Kɔkɔbɔ a Efi Onyankopɔn Ankasa Hɔ no Ho?
Bere tenten ni a Bible no kaa nneɛma a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu ho asɛm. Ne saa nti, ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw “Noa nna no” ho. “Nna a edi nsuyiri anim no,” ɛwom sɛ na basabasayɛ a abu so no haw ɔmanfo de, nanso na nneɛma a wɔtaa yɛ wɔ asetram no ama nnipa nni adagyew. Wɔ kɔkɔbɔ a Onyankopɔn nam n’akoa Noa so de mae nyinaa akyi no, “wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.” (Mateo 24:37-39) Wowɔ hɔ bi a, anka wubetie kɔkɔbɔ no? So woreyɛ saa nnɛ?
Sɛ anka na wote Sodom a ɛbɛn Po a Awu ho no mu wɔ Abraham wɔfase Lot nna no mu nso ɛ? Na kurow no nkuraase te sɛ paradise. Na nnipa a wɔte kurow no mu di yiye. Na nnipa no asom dwo wɔn. Wɔ Lot nna no mu no, “wodidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, woduae, na wɔtotoo adan.” Ná nnipa a ɔne wɔn te no nso bra asɛe koraa. So anka wubegye nneyɛe bɔne ho kɔkɔbɔ a na Lot de rema no atom? So anka wubetie bere a ɔka kyerɛɛ wo sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sodom kurow no? Anaa anka wobɛfa no sɛ agoru sɛnea mmarima a na wɔbɛyɛ Lot nsenom no yɛe no? Ebia anka wubefi ase aguan na afei watwa w’ani ahwɛ w’akyi sɛnea Lot yere yɛe no? Ɛwom sɛ afoforo annye kɔkɔbɔ no antom de, nanso da a Lot fii Sodom kɔe no, “ogya ne sufre fi soro tɔe, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.”—Luka 17:28, 29.
Nnipa pii a wɔwɔ yɛn nna yi mu no nso nhu. Nanso wɔakora saa nhwɛso horow yi so wɔ Onyankopɔn Asɛm mu de ayɛ kɔkɔbɔ ama yɛn, na ahyɛ yɛn nkuran ma YƐAKƆ SO AWƐN!
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]
So Wiase Nyinaa Nsuyiri Bi Bae Ampa?
Akyinnyegyefo pii ka sɛ Dabi. Nanso Bible ka sɛ Yiw.
Yesu Kristo ankasa kaa ho asɛm, esiane sɛ bere a nsuyiri no bae no, na ɔte soro rehwɛ.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]
So Sodom ne Gomora Sɛee Ampa?
Fam tutufo di eyi ho adanse.
Wɔka ho asɛm wɔ abakɔsɛm nhoma mu.
Yesu Kristo foaa eyi so, na wɔka nea esii no ho asɛm wɔ Bible nhoma ahorow 14 mu.