Dwom 103
‘Afie Afie’
Nea Yɛaprente
1. Afie afie, apon ano,
Yɛka asɛmpa no.
Nkurow mu ne mfuw mu,
Yɛhwɛ Yehowa nguan.
Ahenni ho asɛmpa no,
Sɛnea Kristo kae no,
Aman nyinaa mu, baabiara,
Kristofo ka asɛm.
2. Afie afie, apon ano,
Yɛka nkwagye asɛm.
Yɛka kyerɛ wɔn a wɔbɔ
Yɛn Nyankopɔn din no.
Nanso wɔbɛyɛ dɛn afrɛ
Obi a wɔnnim no?
Enti afie, apon ano,
Yɛbɔ din kronkron no.
3. Enti yɛkɔ apon ano,
Yɛka Ahenni no.
Ebi betie, ebi rentie,
Yebegyae ama wɔn.
Yɛbɛbɔ Yehowa din no
Aka ne nokware.
Yɛbɛkɔ pon biara ano,
Yebehu ne nguan no.
(Hwɛ Aso. 2:21; Rom. 10:14 nso.)