Ɔfã 1—Nhyira a Yehowa Dɔ Ho Anisɔ De Ba
1 Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Yɛdɔ, efisɛ ɔno [Yehowa] na ɔdɔɔ yɛn kan.” (1 Yoh. 4:19) Sɛ yesusuw nea Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa ho a, ɛma yɛn nso yefi yɛn pɛ mu kyerɛ ho anisɔ kɛse. Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso, denam osetie a ɔyɛe na odii Onyankopɔn din ne N’ahenni no ho adanse so. (Yoh. 14:31) Eye sɛ yebesusuw akwan a yebetumi afa so akyerɛ Yehowa dɔ ho anisɔ ne nhyira a yenya fi mu ho.
2 Afie Afie Asɛnka: Yesu kyerɛɛ n’asuafo no ɔkwan a wɔmfa so nka Ahenni ho asɛm no. Akwankyerɛ a ɔde mae no kyerɛ pefee sɛ wɔkɔɔ afie afie kɔkaa asɛmpa no. (Luka 9:1-6; 10:1-7) Sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa a, yentumi nkɔ afie afie bere a nkurɔfo yɛ anibiannaso na wɔsɔre tia yɛn no. Bere a yegu so yɛ saa no, yɛn ankasa nya so mfaso efisɛ ɛma yɛn gyidi, ahotoso a yɛwɔ, ne yɛn anidaso, mu yɛ den.
3 Bere a yɛyɛ adwuma wɔ abɔfo akwankyerɛ ase no, yɛanya nnipa pii a nokware no ho kɔm ne nsukɔm de wɔn. (Adi. 14:6) Afiewuranom aka sɛ na wɔrebɔ mpae de ahwehwɛ mmoa bere a Adansefo baa wɔn fie no. Na Adansefo baanu ne abofra bi rekɔ afie afie asɛnka wɔ Caribbean supɔw no so. Bere a mpanyimfo no kae sɛ bere aso sɛ wɔpɔn no, abofra no nkutoo kɔbɔɔ ɔpon a edi hɔ no mu. Ababaa bi buee pon no. Bere a mpanyimfo no huu saa no, wɔne no kɔkasae. Ɔma wɔtraa ase na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ na ogu so rebɔ Onyankopɔn mpae sɛnea ɛbɛyɛ a Adansefo no bɛba abɛkyerɛkyerɛ no Bible no!
4 Abɔnten So Adansedi: Esiane sɛ ɛyɛ den ankasa wɔ mmeae bi sɛ yɛbɛto ebinom wɔ fie nti, abɔnten so adansedi yɛ ɔkwan a etu mpɔn a yɛnam so di nkurɔfo adanse. Afei nso, nnipa pii tete adan a wɔbɔ ho ban kɛse mu ma enti yentumi nkɔ hɔ. Nanso, Yehowa dɔ ho anisɔ a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛfa kwan biara a yebenya so a abɔnten so adansedi ka ho, ka Ahenni asɛm no kyerɛ nkurɔfo.—Mmeb. 1:20, 21.
5 Sankɔhwɛ: Ɛnam sɛ yɛrehwehwɛ nkurɔfo a ‘honhom fam nneɛma ho hia wɔn’ nti, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara na ama yɛatumi adi ahiade a ɛte saa ho dwuma. (Mat. 5:3) Eyi hwehwɛ sɛ yɛsan kogugu nokware aba a yɛadua no so. (1 Kor. 3:6-8) Onuawa bi a ɔwɔ Australia maa ɔbea bi a na ɛte sɛ nea onni asɛm no ho anigye biara kratawa. Nanso, onuawa no san kɔ kɔhwehwɛɛ ne fie bio. Akyiri yi a onuawa no huu no no, ohui sɛ bere a edi kan a ɔkɔɔ hɔ akyi no, ɔbea no kɔtɔɔ Bible bi a ne bo yɛ den. Onuawa no ne no fii adesua ase!
6 Bible Adesua: Eyi betumi ayɛ yɛn som adwuma no fa a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so kɛse. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔasua Yehowa ho ade, na wɔayɛ nsakrae a ɛsɔ n’ani wɔ wɔn asetram, na afei yɛahu sɛ wɔde Kristofo asubɔ yɛ wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn ho nsɛnkyerɛnne!—1 Tes. 2:20; 3 Yoh. 4.
7 Wɔ Yɛn Ahenni Som foforo a ɛbɛba mu no, yebesusuw Yehowa dɔ ho anisɔ a yɛkyerɛ no ho nhyira pii a yenya ho.