Dwom 52
Bɔ Wo Koma Ho Ban
Nea Yɛaprente
1. Onua, bɔ wo koma ho ban.
Mfa bɔne kwan so.
Nyankopɔn hwɛ wo koma mu;
Ohu sɛnea wote.
Koma ho yɛ ahometew;
Ɛma yɛyɛ bɔne.
Enti kyerɛ wo koma kwan.
Fa Yehowa kwan so.
2. Fa wo koma ma Nyankopɔn.
Kɔ n’anim mpaebɔ mu.
Kamfo Yehowa daa nyinaa.
Fa wo haw to n’anim.
Nea Yehowa kyerɛ yɛn no,
Ɛbɛbɔ yɛn ho ban.
Enti ma wo koma mu ntew,
Na yɛ n’apɛde daa.
3. Yi wo koma fi bɔne ho;
Dwen adepa ho daa.
Ma Asɛm no nka wo koma;
Na ma ɛnhyɛ wo den.
Yehowa dɔ n’anokwafo;
Ɔrennaadaa wɔn da.
Enti fi koma mu dɔ no;
Ɔyɛ w’adamfo pa.
(Hwɛ Dw. 34:1; Filip. 4:8; 1 Pet. 3:4 nso.)