Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jr ti 8 kr. 92-102
  • So ‘Wobɛtena Nkwa Mu’ Te Sɛ Yeremia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So ‘Wobɛtena Nkwa Mu’ Te Sɛ Yeremia?
  • Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AHYƐDE SORONKO BI
  • SUA BIRIBI FI YEREMIA SIGYADI NO MU
  • MA AFOFORO ANI NNYE NA AMA WO NSO W’ANI AGYE
  • Asigyafo a Wɔwɔ Abotɔyam Wɔ Yehowa Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Sigyadi Ne Aware Ho Afotu Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sigyadi—Asetra Kwan a Ennye Asabawmu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Mede Me Nsɛm Ahyɛ W’anom”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
jr ti 8 kr. 92-102

Ti Awotwe

So ‘Wobɛtena Nkwa Mu’ Te Sɛ Yeremia?

1, 2. Dɛn nti na ɛfata sɛ yesusuw ankorankoro ne mmusua ho?

BERE a Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔmpaw onii a wɔbɛsom no no akyi no, ɔkae sɛ: “Me ne me fie de, yɛbɛsom Yehowa.” (Yos. 24:15) Ná Yosua asi ne bo sɛ obedi Onyankopɔn nokware, na na ɔwɔ ahotoso paa sɛ n’abusua nso bedi nokware. Mfe pii akyi, bere a na aka kakra ma wɔasɛe Yerusalem no, Yeremia ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia sɛ sɛ ɔde ne ho kɔma Babilonfo no a, ‘ɔne ne fiefo bɛtena nkwa mu.’ (Yer. 38:17) Gyinae pa a ɔhene no ansi no de ɔhaw baa ɔno, ne yerenom, ne ne mma so. Babilonfo no kunkum ne mma wɔ n’anim; afei wɔbobɔɔ n’aniwa de no kɔɔ nkoasom mu.—Yer. 38:18-23; 39:6, 7.

2 Wɔ nsɛm abien a wɔakyerɛw akyeakyea no no mu biara mu no, wɔtwee adwene sii onipa biako so tẽẽ. Na wɔkaa n’abusua nso ho asɛm. Eyi yɛ nea ɛfata. Efisɛ obiara a wanyin bebu n’akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Ne nyinaa akyi no, Israelfo dodow no ara wareware nyaa mmusua. Na mmusua ho hia Kristofo nso. Nea ɛma yehu eyi ne aware, mmofra ntetee, ne abusua mufo a yɛbɛda obu adi akyerɛ wɔn a yɛkenkan ho nsɛm wɔ Bible mu ne susuw a yesusuw ho wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no.—1 Kor. 7:36-39; 1 Tim. 5:8.

AHYƐDE SORONKO BI

3, 4. Akwan bɛn so na na Yeremia tebea no yɛ soronko wɔ nnipa dodow no ara de ho, na mfaso bɛn na onya fii so?

3 Yeremia ‘tenaa nkwa mu’ wɔ ne bere so. Onyaa ne ti didii mu wɔ Yerusalem sɛe no mu, nanso ɔno de, na ne tebea no yɛ soronko wɔ nnipa dodow no ara de ho. (Yer. 21:9; 40:1-4) Ná Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔware anaasɛ ɔwo mma, na na ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ nneɛma bi a na Yudafo no taa yɛ wɔ saa bere no mu mu.—Monkenkan Yeremia 16:1-4.

4 Wɔ Yeremia bere so no, na ɛyɛ wɔn amammerɛ sɛ obi bɛware awo mma. Yudafo mmarima dodow no ara waree, na wɔwoo mma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so akora wɔn agyanom nsase so wɔ wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua mu.a (Deut. 7:14) Dɛn nti na wɔamma Yeremia anware anwo mma? Esiane nea na ɛrebobɔ ba no nti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ɔmmfa ne ho nnhyɛ awerɛhodi anaa anigyede a na ɛkɔ so saa bere no mu. Ná ɛnsɛ sɛ ɔkyekye wɔn a wɔredi awerɛhow werɛ anaasɛ ɔne wɔn didi bere a wɔayɛ ayi awie no; saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ anigye a na ɛkɔ so wɔ Yudafo ayeforohyia ase no mu. Ná ɛrenkyɛ na apontow ne anigye a ɛte saa no abɔ wɔn nyinaa. (Yer. 7:33; 16:5-9) Ná nea Yeremia reyɛ no betumi aboa afoforo ma wɔagye n’asɛm atom, na na ɛbɛma wɔahu sɛnea atemmu a na ɛreba no bɛyɛ hu afa. Awiei koraa no, saa mmusu no baa wɔn so. So wubetumi ahu sɛnea na wɔn a ahokyere nti wɔrewe wɔn yɔnko nnipa nam anaa wɔn a wɔde wɔn ani huu wɔn adɔfo afunu sɛ ahuhuru gu mmɔnten so no bɛte nka? (Monkenkan Yeremia 14:16; Kwa. 2:20.) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛma Yeremia a wanware no ho yɛ yɛn mmɔbɔ. Ɛwom sɛ ná asram 18 a wɔde twaa kurow no ho hyiae ne nnipa a wokunkum wɔn wom no tɔree mmusua ase de, nanso na Yeremia nni yere anaa mma a obedi wɔn wu ho yaw.

5. Akwankyerɛ a ɛwɔ Yeremia 16:5-9 no fa Kristofo ho dɛn?

5 So yebetumi aka sɛ asɛm a ɛwɔ Yeremia 16:5-9 no fa yɛn ho? Dabi. Efisɛ wɔka kyerɛ Kristofo sɛ ‘wɔnkyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu no werɛ,’ na wɔne wɔn a “wodi ahurusi nni ahurusi.” (2 Kor. 1:4; Rom. 12:15) Yesu kɔɔ ayeforohyia ase, na ɔboae ma ɛhɔ yɛɛ anigye. Nanso, nea ɛreba wiase bɔne yi so no yɛ hu. Kristofo mpo betumi akɔ amanehunu ne ahokyere mu. Yesu sii so dua sɛ ɛho hia sɛ yesiesie yɛn ho na yɛyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛatumi agyina na yɛakɔ so adi nokware sɛnea yɛn nuanom a woguan fii Yudea no yɛe wɔ afeha a edi kan no mu no. Enti, sɛ́ obi bedi sigya, ɔbɛware, anaasɛ ɔbɛwo mma no yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ osusuw ho yiye.—Monkenkan Mateo 24:17, 18.

Kratafa 94 mfonini

6. Henanom na wobetumi asusuw Onyankopɔn akwankyerɛ a ɔde maa Yeremia no ho na wɔanya so mfaso?

6 Dɛn na yebetumi asua afi ahyɛde a Onyankopɔn de maa Yeremia sɛ ɛnsɛ sɛ ɔware anaasɛ ɔwo mma no mu? Ɛnnɛ, Kristofo anokwafo binom nwaree anaasɛ wonni mma. Dɛn na wobetumi asua afi Yeremia asɛm no mu? Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔaware na wɔwɔ mma no susuw asɛm a ɛfa Yeremia asetena ho yi ho?

7. Dɛn nti na ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yesusuw ahyɛde a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ Yeremia wo mma no ho?

7 Nea edi kan no, kae sɛ na ɛnsɛ sɛ Yeremia wo mma. Yesu anka ankyerɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔwo mma. Nanso, ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yesu ka too hɔ sɛ mmea a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma wɔn mma nufu “nnue” wɔ bere a ɔsɛe bɛba Yerusalem so wɔ afe 66-70 Y.B. mu no. Sɛ yɛhwɛ wɔn tebea no a, na saa bere no bɛyɛ den ama wɔn paa. (Mat. 24:19) Ahohiahia kɛse a ɛsen saa da yɛn anim. Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo a wɔpɛ sɛ wɔwo mma no susuw nneɛma ho kɔ akyiri. So wunnye ntom sɛ ɛte sɛ nea sɛe ara na nneɛma rekɔ so sɛe wɔ mmere a emu yɛ den yi mu? Na awarefo gye tom sɛ ayɛ den paa sɛ wɔbɛtete wɔn mma ma wɔakɔ so ‘atena nkwa mu’ wɔ wiase a ɛwɔ hɔ yi awiei mu. Ɛwom sɛ ɛyɛ awarefo biara na ɛsɛ sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛwo mma de, nanso mfaso wɔ so sɛ wosusuw Yeremia asɛm yi ho. Na Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ Yeremia ware mpo no nso ɛ?

Ahyɛde soronko bɛn na wɔde maa Yeremia, na dɛn na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn ma yesusuw ho?

SUA BIRIBI FI YEREMIA SIGYADI NO MU

8. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ enhia sɛ obi ware ansa na watumi asɔ Onyankopɔn ani?

8 Ɛwom sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɛnsɛ sɛ ɔware de, nanso na ɛno nyɛ ahyɛde a ɔde rema n’asomfo nyinaa. Aware yɛ adepa. Yehowa hyehyɛɛ aware sɛ nnipa mfa so nwo nhyɛ asase so ma, na ɛnsan mma wonnya akomatɔyam ne anigye pii. (Mmeb. 5:18) Nanso, na ɛnyɛ Yeremia beresofo no nyinaa na na wɔaware. Ebetumi aba sɛ na ayitotofo bi wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu bere a na Yeremia rehyɛ nkɔm no.b Bio nso, ɛnyɛ dɛn ara a na akunafo mmarima ne mmea nso wɔ hɔ. Enti na ɛnyɛ Yeremia nkutoo ne Onyankopɔn somfo nokwafo a na onni ɔhokafo. Nanso, ɔno de, biribi nti na na ɔnwaree, na saa ara na ɛte wɔ Kristofo binom fam nnɛ.

9. Onyankopɔn afotu a ɛfa aware ho bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye?

9 Kristofo pii ware, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa. Wunim sɛ Yesu anware, na ɔkae sɛ n’asuafo binom betumi afi wɔn adwene ne wɔn koma mu ‘agye’ akyɛde a ɛne sigyadi “atom.” Ɔka kyerɛɛ wɔn a wobetumi adi sigya no sɛ wɔnyɛ saa. (Monkenkan Mateo 19:11, 12.) Enti, ɛyɛ papa sɛ yɛkamfo obi a ɔde ne sigyadi reyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu no sen sɛ yebedi no ho fɛw. Nokwarem no, esiane tebea ahorow bi nti, Kristofo binom di sigya kosi bere bi. Sɛ nhwɛso no, ebia wonnyaa Kristoni hokafo a ɔfata, nanso wɔasi wɔn bo sɛ wobedi Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ wɔnware “Awurade mu nkutoo” no so ma enti wɔfata nkamfo. (1 Kor. 7:39) Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn asomfo binom yɛ akunafo mmarima ne mmea, enti wɔyɛ asigyafo.c Ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi da sɛ Onyankopɔn (ne Yesu) fi bere tenten adwen asigyafo a wɔte saa no ho.—Yer. 22:3; monkenkan 1 Korintofo 7:8, 9.

10, 11. (a) Dɛn na ɛboaa Yeremia ma otumi dii sigya? (b) Ɔkwan bɛn so na osuahu ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ si so dua sɛ wɔn a wodi sigya no asetena betumi ayɛ nea mfaso wɔ so?

10 Enti bere a na Yeremia redi sigya no, na obetumi de ne ho ato Onyankopɔn so ma waboa no. Ɔkwan bɛn so? Kae sɛ, na Yeremia ani gye Yehowa asɛm ho. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno na ɛhyɛɛ Yeremia den ma onyaa awerɛhyem wɔ mfe pii a ɔde yɛɛ ɔsom adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ ne nsa no mu no. Afei nso, ɔbɔɔ mmɔden paa sɛ ɔne wɔn a na wobetumi adi ne ho fɛw sɛ ɔyɛ osigyani no remmɔ. Ná n’ani gye ho sɛ ‘ne nkutoo bɛtena’ mmom sen sɛ ɔne nnipa a wɔte saa no bɛbɔ.—Monkenkan Yeremia 15:17.

11 Kristofo a wɔyɛ asigyafo pii—mmarima ne mmea, sɛ́ wɔyɛ mmabun anaasɛ wɔn mfe akɔ anim no—resuasua Yeremia nhwɛso pa no. Osuahu ahorow kyerɛ sɛ mfaso wɔ so paa sɛ obi de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn som adwuma mu kɛse na wayɛ nneɛma pii a mfaso wɔ so wɔ Yehowa som mu. Sɛ nhwɛso no, Ɔdansefo bi a ɔwɔ asafo a wɔka China kasa mu ka sɛ: “Akwampae adwuma no ma mihu sɛnea ɛsɛ sɛ mebɔ me bra. Sɛ́ onuawa a meyɛ osigyani no, minni adagyew, na esiane sɛ mewɔ biribi yɛ da biara nti, ɛmma menyɛ ankonam. Esiane sɛ mitumi hu sɛ asɛnka adwuma a mereyɛ no boa nkurɔfo ankasa nti, da biara anwummere mete nka sɛ mewɔ akomatɔyam. Eyi ma m’ani gye paa.” Ɔkwampaefo bi a wadi mfe 38 ka sɛ: “Misusuw sɛ nea ɛma obi ani gye ne sɛ ɔbɛma n’ani agye mfaso a ɛwɔ tebea biara a ɔwom no ho.” Kristoni sigyani bi a ɔwɔ Europa anafo fam kaa no pefee sɛ: “Ebia ɛnyɛ nea mepɛ na manya wɔ asetena mu de, nanso m’ani gye, na m’ani bɛkɔ so ara agye.”

Kratafa 97 mfonini

12, 13. (a) Dɛn ne adwene a ɛfata sɛ yenya wɔ sigyadi ne aware ho? (b) Dɛn na Paulo nhwɛso ne n’afotu no si so dua wɔ sigyadi ho?

12 So ebetumi aba sɛ bere a Yeremia renyin no, ohui sɛ nneɛma ankɔ so sɛnea na ɔpɛ wɔ n’asetena mu? Nanso, ɛbɛyɛ sɛ ɔde n’ani too fam hui sɛ saa ara na ɛte wɔ nnipa pii a wɔware na wɔwo mma no nso fam. Ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Spain ma yehu saa nokwasɛm yi. Ɔka sɛ: “Minim awarefo a wɔwɔ anigye ne awarefo nso a wonni anigye. Saa nokwasɛm yi ma mihu sɛ anigye a menya nnyina ware a mɛware daakye anaasɛ merenware no so.” Akyinnye biara nni ho sɛ, Yeremia ne afoforo mpempem pii asetena ma yehu sɛ osigyani betumi anya asetena a anigye ne abotɔyam wom ankasa. Ɔsomafo Paulo nsɛm ne ne nhwɛso nso si saa asɛm yi so dua. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meka kyerɛ wɔn a wɔnwaree ne akunafo sɛ eye ma wɔn sɛ wɔbɛtena hɔ sɛnea mete yi.” (1 Kor. 7:8) Ɛbɛyɛ sɛ na Paulo yɛ okunafo. Sɛnea ɛte biara no, bere a na ɔreyɛ pii wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu no, na ɔnyɛ ɔwarefo. (1 Kor. 9:5) So ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ na mfaso wɔ sigya a odii no so? Sigya a odii no ma otumi ‘som Awurade daa a biribiara annye n’adwene,’ ma enti otumi yɛɛ nnwuma pa pii.—1 Kor. 7:35.

“Mmere a ɛsom bo ma me paa no mu biako ne bere a me nkutoo mewɔ baabi. Mitumi ne Yehowa di nkitaho wɔ mpaebɔ mu. Mitumi dwinnwen nneɛma ho, na misua ade a biribiara ntwetwe m’adwene. . . . Sigyadi aboa me pii ma m’ani agye.”—Babette

13 Honhom kaa Paulo ma ɔde asɛm foforo kaa ho sɛ: “Wɔn a [wɔware] no ho behiahia wɔn ɔhonam mu.” Onyankopɔn maa Paulo de saa nokwasɛm a emu dɔ yi kaa ho sɛ: “Sɛ obi asi gyinae ne koma mu . . . sɛ ɔbɛtena ne baabunyɛ mu a, wayɛ no yiye. Na nea ɔde ne baabunyɛ ma aware nso ayɛ no yiye, nanso nea ɔmfa mma aware no ayɛ no yiye sen no.” (1 Kor. 7:28, 37, 38) Yeremia ankenkan saa asɛm no da, nanso mfe pii a ɔde somee no ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ obi ma sigyadi sɛe anigye a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn som mu. Nokwasɛm ne sɛ, ebetumi aboa paa ma obi anya asetena a abotɔyam wom wɔ nokware som mu. Ɛwom sɛ na Ɔhene Sedekia aware de, nanso wantie Yeremia afotu ma enti wankɔ so ‘antena nkwa mu’; nanso odiyifo a na ɔnwaree no yɛɛ nneɛma a ɛma otumi tenaa nkwa mu.

Dɛn na wubetumi asua afi sigya a Yeremia kɔɔ so dii no mfe pii no mu?

MA AFOFORO ANI NNYE NA AMA WO NSO W’ANI AGYE

14. Dɛn na ayɔnkofa a Akwila abusua ne Paulo nyae no si so dua?

14 Sɛnea yɛadi kan ahu no, mmarima ne mmea dodow no ara a na wɔwɔ Yeremia bere so no waree, na wɔwoo mma. Saa ara na na ɛte wɔ Paulo bere so. Akyinnye biara nni ho sɛ, Kristofo dodow no ara a wɔwɔ mmusua no ntumi nkɔ aman foforo so nkɔyɛ ɔsom adwuma no sɛnea Paulo yɛe no, nanso wobetumi ayɛ pii wɔ baabi a wɔte no. Nea wobetumi ayɛ no bi ne mmoa a wɔde bɛma anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ asigyafo no. Kae sɛ bere a Paulo kɔɔ Korinto no, Akwila ne Priskila gyee no kɔɔ wɔn fie, na wɔne no boom yɛɛ adwuma a na wɔreyɛ no bi. Nanso anso hɔ ara. Akyinnye biara nni ho sɛ, ayɔnkofa a Akwila abusua ne Paulo nyae no maa n’ani gyei. Wo de, susuw aduan a ɛyɛ dɛ a wɔboom dii ne fekubɔ a wonyae wɔ mmere foforo mu no ho hwɛ. So Yeremia nyaa fekubɔ a ɛte saa? Ɛwom sɛ na ɔde ne sigyadi no reyɛ Onyankopɔn som adwuma de, nanso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ na ɔyɛ obi a ɔmpɛ nnipa. Ebetumi aba sɛ na ɔne mmusua a emufo mfa Onyankopɔn som nni agoru te sɛ Baruk, Ebed-Melek, anaa afoforo mmusua nya fekubɔ a ɛyɛ anigye.—Rom. 16:3; monkenkan Asomafo Nnwuma 18:1-3.

15. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmusua betumi aboa Kristofo a wɔyɛ asigyafo no kɛse?

15 Kristofo a wɔyɛ asigyafo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso betumi anya fekubɔ a ɛyɛ anigye te sɛ nea Akwila abusua ne Paulo nyae no bi. Sɛ wowɔ abusua a, so wobɔ mmɔden sɛ wobɛma wɔn a wɔnwaree ne w’abusua anya fekubɔ? Onuawa bi kaa ne koma mu asɛm sɛ: “Mafi wiase no mu na mempɛ sɛ mɛsan akɔ m’akyi. Nanso, m’ani gye ho sɛ afoforo bedwen me ho na wɔada ɔdɔ adi akyerɛ me. Mebɔ mpae sɛ Yehowa mma yɛn a yɛyɛ Kristofo a yɛnwaree no honhom fam aduan ne nkuranhyɛ pii. Yehia mmoa, yɛmpɛ sɛ afoforo bebu wɔn ani agu yɛn so, na ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛware. Nanso, ɔkwan bi so no, ɛte sɛ nea yenni ɔboafo biara. Ɛwom sɛ yebetumi ne Yehowa adi nkitaho bere nyinaa de, nanso sɛ ehia sɛ yɛne afoforo bɔ a, so yebetumi anya yɛn nuanom Kristofo ne wɔn abɔ nkɔmmɔ?” Anuanom mmarima ne mmea mpempem pii a wɔyɛ asigyafo betumi aka paa sɛ ɛte saa. Wonya fekubɔ a ɛte saa wɔ wɔn asafo mu. Ɛnyɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔne wɔn bɔ tipɛn nkutoo na wɔne wɔn fa nnamfo. Esiane sɛ wɔpɛ nnipa nti, wɔn ani gye ho sɛ wɔne nnipa a ɛsono mfe a wɔadi—wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaa mmabun—bɛfa nnamfo wɔ Kristofo asafo no mu.

Kratafa 100 mfonini

16. Nneɛma nketenkete bɛn na wubetumi ayɛ ama Kristofo a wɔnwaree a wɔwɔ w’asafo mu ma wɔn ani agye?

16 Sɛ wudi kan susuw nneɛma ho a, wubetumi ama asigyafo ani agye denam nsa a wobɛto afrɛ wɔn mmere bi ma wɔabɛka w’abusua ho ma moayɛ nneɛma bi te sɛ Abusua Som a wɔyɛ no anwummere. Sɛ woto nsa frɛ onuabarima anaa onuawa bi a ɔyɛ osigyani ma ɔne w’abusua bedidi a, ebetumi ama n’ani agye paa asen aduan a ɛyɛ dɛ a obedi no. So wubetumi ato nsa afrɛ osigyani bi ma ɔne wo akɔ asɛnka? Na nsa a wobɛto afrɛ Kristoni bi a ɔnwaree ma wabɛka w’abusua ho ma ɔne mo akosiesie Ahenni Asa so, anaa ɛtɔ mmere bi a ɔne wo akɔtotɔ nneɛma nso ɛ? Kristofo binom to nsa frɛ akunafo mmarima ne mmea, anaa asigyafo a wɔyɛ akwampaefo ma wɔne wɔn tu kwan kɔ ɔmantam nhyiam anaa wɔne wɔn kɔ baabi kogye wɔn ani. Osuahu kyerɛ sɛ fekubɔ a ɛte saa ma obiara ani gye.

17-19. (a) Dɛn nti na ehia sɛ mmofra fi ɔdɔ mu toto nneɛma bere a wɔreyɛ nhyehyɛe de ahwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim anaa wɔyare no? (b) Asuade a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi anya afi Yesu hɔ wɔ nhyehyɛe a ɔyɛ ma wɔhwɛɛ ne maame no mu?

17 Ade foforo a yebesusuw ho no fa asigyafo mmarima ne mmea a wɔwɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔbɛhwɛ wɔn no ho. Wɔ Yesu bere so no, Yudafo atitiriw binom faa anifere kwan so buu wɔn ani guu wɔn papanom ne wɔn maamenom a na wɔbɛhwɛ wɔn no so. Ná wɔkyerɛ sɛ ɔsom mu asɛyɛde ahorow a na wɔn ankasa afa ato wɔn ho so no ho dwuma a wobedi no ho hia sen asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔnhwɛ wɔn awofo no. (Mar. 7:9-13) Ɛnsɛ sɛ ɛba saa da wɔ Kristofo mmusua mu.—1 Tim. 5:3-8.

18 Na sɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim no wɔ mma pii a wɔyɛ Kristofo nso ɛ? Sɛ wɔn mma no mu biako nwaree a, so ɔno na ɛsɛ sɛ ɔtena wɔn ho hwɛ wɔn ɔkwan biara so? Onuawa bi a ofi Japan ka sɛ: “Mepɛ sɛ meware, nanso esiane sɛ merehwɛ m’awofo nti, mintumi nware. Migye di paa sɛ Yehowa nim sɛnea obi awofo a ɔbɛhwɛ wɔn no yɛ den ne ɛyaw a asigyafo di wɔ wɔn koma mu no.” So ebetumi aba sɛ ɔwɔ anuanom mmarima ne mmea a wɔaware a wɔayɛ wɔn adwene sɛ ɔno a ɔnwaree no na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn awofo no bere a wɔne no nsusuw ho? Wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu no, hyɛ no nsow sɛ na Yeremia nso wɔ nuabarimanom a wɔne no anni no yiye.—Monkenkan Yeremia 12:6.

19 Yehowa te asigyafo ase, na ɔte nka ma wɔn a wɔrefa tebea ahorow a emu yɛ den mu no. (Dw. 103:11-14) Nanso, mmofra no nyinaa yɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim anaa wɔyare no mma na ɛnyɛ wɔn a wɔnwaree no nkutoo. Nokwarem no, ebia na wɔn mma no bi awareware a wɔn ankasa nso wɔ wɔn mma. Nanso, ɛno nsɛe ɔdɔ a ɛda wɔne wɔn awofo ntam no, na saa ara nso na enyi asɛyɛde a Kristofo wɔ sɛ wɔhwɛ wɔn awofo bere a ɛho behia sɛ wɔyɛ saa no mfi wɔn so. Yɛkae sɛ bere mpo a na Yesu sɛn dua so a na ɔreyɛ awu no, ohui sɛ ɔwɔ asɛyɛde sɛ ɔhwɛ ne maame, na ɔyɛɛ ho biribi. (Yoh. 19:25-27) Bible mma yɛn nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a ɛfa sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim anaa wɔyare no ho; saa ara nso na ɛnka sɛ ɔkwan biara so no, wɔn a wɔnwaree no na wɔwɔ asɛyɛde kɛse sɛ wɔhwɛ wɔn awofo. Wɔ tebea a ɛho asɛm ka yɛ den yi mu no, ɛsɛ sɛ wɔn a ɛyɛ wɔn asɛyɛde no nyinaa de ntease ne biakoyɛ susuw nneɛma ho, na wɔkae nhyehyɛe a Yesu yɛe de hwɛɛ ne maame no.

20. Wote nka dɛn wɔ Kristofo a wɔnwaree a wɔwɔ w’asafo mu a wo ne wɔn bɛbɔ fekuw no ho?

20 Honhom kaa Yeremia ma ɔka too hɔ sɛ: “Obi renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio sɛ, ‘Munhu Yehowa!’ Efisɛ wɔn nyinaa behu me.” (Yer. 31:34) Saa ara na seesei yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ asigyafo renya fekubɔ titiriw a ɛte saa wɔ Kristofo asafo no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛne yɛn nuanom a wɔyɛ asigyafo no bom gye yɛn ani na yehu sɛ wɔn a wɔte saa no ‘retena nkwa mu.’

Dɛn bio na wubetumi ayɛ ama anuanom mmarima anaa mmea a wɔnwaree no ani agye, na ama wo nso w’ani agye?

a Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wonni asɛmfua a egyina hɔ ma “sigyani.”

b Yesaia hyɛɛ ayitotofo a na wɔwɔ ne bere so a na wonni hokwan pii wɔ Israelfo som mu no ho nkɔm. Ɔkae sɛ sɛ ayitotofo no yɛ osetie a, na wobenya “nea ɛsen mmabarima ne mmabea,” ne “edin a ɛwɔ hɔ daa” wɔ Onyankopɔn fie.—Yes. 56:4, 5.

c Afoforo nso, nea enti a wɔn nkutoo te ne sɛ ebia na wɔn ahokafo a wonnye nni ne wɔn atetew mu anaasɛ wɔagyae wɔn aware wɔ mmara kwan so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena