Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 7/15 kr. 8-9
  • Asigyafo a Wɔwɔ Abotɔyam Wɔ Yehowa Som Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asigyafo a Wɔwɔ Abotɔyam Wɔ Yehowa Som Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sigyadi a Ɛwɔ Atirimpɔw Pa
  • Tebea a Ɛma Ebinom Di Sigya
  • Yehowa De Mmoa Pii Ma
  • Sigyadi—Asetra Kwan a Ennye Asabawmu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Sigyadi Ne Aware Ho Afotu Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Fa Wo Sigyadi Di Dwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • So ‘Wobɛtena Nkwa Mu’ Te Sɛ Yeremia?
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 7/15 kr. 8-9

“Me Mmoa Fi Yehowa”

Asigyafo a Wɔwɔ Abotɔyam Wɔ Yehowa Som Mu

KRISTONI bea bi a ɔwɔ Spain kae sɛ: “Yɛn mu pii nwaree nanso yɛn ani gye paa.” Dɛn na ɛma no abotɔyam saa? “Yɛn ani gye sɛ aware mu dadwen nkyekyeree yɛn, na ɛma yetumi som Yehowa Nyankopɔn yiye.”

Nsɛm a ɛte saa ne nea Onyankopɔn Asɛm ka fa sigyadi ho no hyia. Bere a ɔsomafo Paulo susuw aware mu nsɛm ho no, ɔde afotu a efi honhom mu yi mae sɛ: “Meka kyerɛ wɔn a wɔnwaree ne akunafo sɛ eye ma wɔn sɛ wɔbɛtra hɔ sɛnea mete yi.” Na Paulo ankasa nwaree. Ɛnde atirimpɔw bɛn nti na ɔkamfoo sigyadi? Ɔkyerɛe sɛ ɔwarefo dwene ɔne ne hokafo ho na ɔbarima anaa ɔbea a ɔnwaree “dwene Awurade nneɛma ho.” (1 Korintofo 7:8, 32-34) Yehowa som titiriw na ɛma osigyani nya anigye ne abotɔyam.

Sigyadi a Ɛwɔ Atirimpɔw Pa

Nsɛm a Paulo kae no asete betumi ayɛ den ama wɔn a wɔn amammerɛ hyɛ aware ne abawo ho nkuran no. Nanso, Yesu Kristo a na ɔnwaree nso ɔwɔ anigye ne abotɔyam no kaa atirimpɔw pa a Kristofo a wɔnwaree wɔ no ho asɛm sɛ: “Ayitotofo bi wɔ hɔ a ɔsoro ahenni no nti na wɔayɛ wɔn ho ayitotofo. Obiara a obetumi agye eyi atom no, ma no nyɛ saa.”—Mateo 19:12.

Nea ɛne saa nsɛm no hyia no, asigyafo pii ahu sɛ sigyadi ama wotumi som Nyankopɔn a ahokyere a abu so wɔ aware pii mu no bi nka wɔn. (1 Korintofo 7:35) Kristofo mpempem pii a wɔnwaree de anigye resom Yehowa, na wɔn ani gye sɛ wɔde nsiyɛ reboa afoforo.a

Kristofo pii a wɔnwaree hu sɛ ɛnyɛ awarefo nkutoo na wɔwɔ anigye, ɛnna ɛnyɛ asigyafo nyinaa nso na wodi awerɛhow. Ɛtɔ mmere bi a afanu no nyinaa mu binom ani tumi gye anaa wodi awerɛhow. Nokwarem no, Bible no ka sɛ aware ankasa de ‘honam mu ahohia’ ba.—1 Korintofo 7:28.

Tebea a Ɛma Ebinom Di Sigya

Asigyafo bi wɔ hɔ a ɛnyɛ wɔn na wɔapaw sɛ wobedi sigya na mmom tebea bi nti. Wɔn kɔn betumi adɔ anigye, ayɔnkofa, ne ɔdɔ a ɛwɔ aware nhyehyɛe mu no. Nanso wɔ ebinom fam no, sikasɛm anaa nsɛm afoforo betumi ayi wɔn adwene afi aware so ansa. Kristofo a wɔn mu pii yɛ anuanom mmea a wɔbɔ mmɔden wɔ Onyankopɔn som mu no akɔ so adi sigya esiane wɔn bo a wɔasi sɛ wobedi Bible afotu a ɛka sɛ “Awurade mu nkutoo” na wɔnware so nti. (1 Korintofo 7:39) Wɔde nokwaredi hwehwɛ aware mu ahokafo wɔ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu nkutoo mu.

Ɛtɔ mmere bi a, saafo yi mu bi yɛ ankonam. Bere a Kristoni bea bi a ɔyɛ sigyani gye toom sɛ ɔte nka saa no, ɔkae sɛ: “Yenim Yehowa mmara na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛrensɔ Yehowa ani wɔ ɔkwan biara so. Yɛpɛ sɛ yenya aware mu ayɔnkofa de, nanso ɛmfa ho mpɛn dodow a nkurɔfo a wɔnyɛ gyidifo bɛbɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛhwehwɛ ɔhokafo ama yɛn’ no, yɛbɛkɔ so agyina sigyadi mu pintinn. Yɛmpɛ mpo sɛ yɛne mmarima ne mmea a wɔnsom Nyankopɔn bɛbɔ.” Ɛsɛ sɛ yɛkamfo Kristofo a wɔte saa sɛ wɔde Bible mu afotu di dwuma na wokura abrabɔ a ɛkorɔn mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Yehowa ani ɛmfa ho nkate fam ahohia a wɔfa mu no.

Yehowa De Mmoa Pii Ma

Yehowa yɛ ɔnokwafo ma wɔn a wodi no nokware wɔ nsɛm te sɛ po a wɔpo sɛ wɔbɛware wɔn a wɔnsom no no ho. Ɔhene Dawid fi n’ankasa suahu mu kae sɛ: ‘Nokwaredifo na wo Yehowa ne no bedi no nokware mu.’ (Dwom 18:25) Na Onyankopɔn hyɛ wɔn a wofi nokwaredi mu tie no no bɔ sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.” (Hebrifo 13:5) Yebesuasua Yehowa denam ayamye mu a yebefi akamfo Kristofo asigyafo a ɛsono mfe a wɔn mu biara adi a wɔde nokwaredi di Nyankopɔn Asɛm so no. Yebetumi abɔ mpae nso sɛ Yehowa nhyɛ wɔn den ma wontumi nnyina wɔn nsɛnnennen ano.—Atemmufo 11:30-40.

Kristofo asigyafo pii hu sɛ wɔn ho a wɔde hyɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma mu no ma wonya atirimpɔw wɔ asetram. Sɛ nhwɛso no, susuw Patricia, ɔbea bi a wadi bɛyɛ mfe 35 a ɔyɛ ɔkwampaefo anaa bere nyinaa ɔsɛmpakafo no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Ɛwom sɛ sɔhwɛ pii wɔ sigyadi mu de, nanso ama manya hokwan de ayɛ daa kwampaefo. Esiane sɛ meyɛ osigyani nti, mitumi yɛ me bere nhyehyɛe mu nsakrae ma minya bere pii de sua ade. Masua nso sɛ mede me ho bɛto Yehowa so kɛse, titiriw bere a nneɛma mu yɛ den ma me no.”

Nsusuwii a ɛte saa no gyina Bible bɔhyɛ a ahotoso wom yi so: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa, NW] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” (Dwom 37:5) Nokwarem no, Yehowa asomfo anokwafo a wɔaware anaa wɔyɛ asigyafo nyinaa betumi anya awerɛkyekye ne denhyɛ afi nsɛm a efi honhom mu yi mu: ‘Me mmoa fi Yehowa.’—Dwom 121:2.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ 2005 Calendar of Jehovah’s Witnesses, July/August.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Ɔbarima a ɔnwaree da dwene Awurade nneɛma ho, sɛnea ɔbɛsɔ Awurade ani.”—1 KORINTOFO 7:32

[Adaka wɔ kratafa 8]

NEA ƐBƐMA SIGYADI SO ABA MFASO

Yesu a wanware da no kae sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na mawie n’adwuma.”—Yohane 4:34.

Filipo mmabea baanan a na wɔnwaree no de nsi ‘hyɛɛ nkɔm.’—Asomafo Nnwuma 21:8, 9.

Kristofo mmea asigyafo a wɔka Ahenni no ho asɛm no ka ‘mmea a wɔka nkonim asɛmpa no’ ho.—Dwom 68:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena