Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 1 kr. 4-5
  • Ahintasɛm Bi a Yɛn Ani Gye Ho sɛ Yebehu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahintasɛm Bi a Yɛn Ani Gye Ho sɛ Yebehu
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2018
  • Ahintasɛm Bi a Kristofo Ntumi Nkora So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ahintasɛm Kronkron Bi Mu Da Hɔ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • “Onyankopɔn Nyansa a Wada No Adi Wɔ Ahintasɛm Kronkron Bi Mu”
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 1 kr. 4-5
Abɔfo no retie Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a Yesu reka kyerɛ nkurɔfo no

ADESUA 1

Ahintasɛm Bi a Yɛn Ani Gye Ho sɛ Yebehu

So obi aka ahintasɛm bi akyerɛ wo pɛn?​—a Bible ka ahintasɛm soronko bi ho asɛm. Wɔfrɛ no “ahintasɛm kronkron.” Ɛyɛ kronkron efisɛ efi Onyankopɔn hɔ. Nea enti a wɔfrɛ no ahintasɛm ne sɛ na onipa biara nnim ho asɛm. Ná abɔfo mpo pɛ sɛ wohu ɛho nsɛm pii. So wopɛ sɛ wuhu saa ahintasɛm no?​—

Sɛ wohwɛ a, dɛn na abɔfo no pɛ sɛ wohu?

Bere tenteenten bi a atwam no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan. Ná wɔfrɛ wɔn Adam ne Hawa. Onyankopɔn maa wɔn fie fɛfɛ bi. Ná wɔfrɛ hɔ Eden turom. Sɛ Adam ne Hawa tiee Onyankopɔn asɛm a, anka wɔne wɔn mma betumi ama asase nyinaa ayɛ paradise te sɛ saa turo no. Anka wobetumi atena Paradise hɔ daa. Nanso, wokae nea Adam ne Hawa yɛe no?​—

Adam ne Hawa antie Onyankopɔn asɛm; ɛno nti na ɛnnɛ yɛnte Paradise no. Nanso, Onyankopɔn kae sɛ, ɔbɛyɛ asase nyinaa fɛfɛɛfɛ. Ɔbɛma obiara atena ase daa ma n’ani agye. Ná ɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Bere tenten bi a atwam no, na onipa biara nnim ho asɛm. Ná ɛyɛ ahintasɛm.

Bere a Yesu baa asase so no, ɔkaa saa ahintasɛm yi ho nsɛm pii kyerɛɛ nkurɔfo. Ɔkae sɛ, ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho. Yesu kae sɛ yɛmmɔ mpae mma saa Ahenni no mmra. Ahenni no bɛma asase ayɛ paradise fɛfɛɛfɛ.

So wopɛ paa sɛ wuhu saa ahintasɛm no?​— Kae sɛ, wɔn a wotie Yehowa asɛm nkutoo na wɔbɛtena Paradise. Mmarima ne mmea pii a wotiee Yehowa asɛm ho nsɛm wɔ Bible mu. So wopɛ sɛ wote wɔn ho nsɛm?​— Ma yensua wɔn mu bi ho ade, na yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ de asuasua wɔn.

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • Marko 4:11

  • 1 Petro 1:12

  • Genesis 1:26-28; 2:8, 9; 3:6, 23

  • Mateo 6:9, 10

  • Dwom 37:11, 29

a Wɔ nhomawa yi mu nyinaa no, wubehu sɛ wɔde saa ahyɛnsode yi (​—) ahyɛ nsɛmmisa no bi awiei. Sɛ wudu hɔ a, twɛn kakra, na ma wo ba no mma mmuae.

NSƐMMISA:

  • Dɛn nti na ɛnnɛ asase nyɛ paradise?

  • Ahintasɛm soronko bɛn na Bible ka ho asɛm?

  • Ahintasɛm yi ho asɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo?

  • Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woakɔ Paradise?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena