Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 4 kr. 10-11
  • Ɔmaa Ne Papa ne Yehowa Ani Gyei

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmaa Ne Papa ne Yehowa Ani Gyei
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yedi Nokware a, Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Yefta Bɔhyɛ No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yefta Bɔhyɛ No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yefta Dii Bɔ A Ɔhyɛɛ Yehowa No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 4 kr. 10-11
Ná Yefta nya bere ma ne babea no bere a na ɔyɛ abeawa no

ADESUA 4

Ɔmaa Ne Papa ne Yehowa Ani Gyei

Yefta rebɔ Yehowa mpae bere a Israel asraafo ne wɔn atamfo reko no

Ɛbɔ bɛn na Yefta rehyɛ Yehowa?

Yefta akɔ ɔko resan aba fie, wayɛ ne babea a wabehyia no no atuu

Ná ɛyɛ den ma Yefta babea no de, nanso odii ɛbɔ a ne papa hyɛe no so

So woahu abeawa a ɔwɔ mfonini no mu no?​— Ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yefta babea. Bible mmɔ ne din, nanso yenim sɛ ɔmaa ne papa ne Yehowa ani gyei. Ma yensua ɔne ne papa Yefta ho nsɛm.

Ná Yefta yɛ onipa pa, na ɔde bere pii kyerɛkyerɛɛ ne babea no Yehowa ho ade. Ná ɔyɛ ɔbarima a ne ho yɛ den, na na onim sɛnea wodi nnipa dodow anim ma wɔyɛ ade. Enti Israelfo no ka kyerɛɛ no sɛ onni wɔn anim ma wɔne wɔn atamfo nkɔko.

Yefta bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa no mma onni nkonim. Yefta hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ, sɛ odi nkonim na ɔresan aba fie a, ɔde onipa biara a obedi kan afi ne fie abehyia no no bɛma Yehowa. Ná onipa a obedi kan abehyia no no bɛkɔ akɔtena Onyankopɔn asɔrefie ayɛ adwuma wɔ hɔ ne nkwa nna nyinaa. Saa bere no, na asɔrefie hɔ ne baabi a nkurɔfo kɔsom Onyankopɔn. Yefta dii nkonim wɔ ɔko no mu! Bere a Yefta resan aba fie no, so wunim onipa a odii kan fii ne fie behyiaa no?​—

Ɛyɛ Yefta babea no! Ná ɔno nko ara ne Yefta ba, nanso na ɛsɛ sɛ ɔma no kɔtena asɔrefie hɔ. Asɛm yi maa Yefta werɛ howee paa. Nanso kae sɛ, na wahyɛ Yehowa bɔ. Ɛhɔ ara na ne babea no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Paapa, wohyɛɛ Yehowa bɔ, enti ɛsɛ sɛ wudi so.’

Yefta babea no resesaw nnyina akɔ ntamadan no mu; ne nnamfonom abɛsra no

Afe biara, na Yefta babea no nnamfo kɔsra no

Yefta babea no nso werɛ howee. Sɛ ɔkɔtena asɔrefie hɔ a, na ɔrentumi nware nnwo mma. Nanso, na ɔpɛ paa sɛ odi ɛbɔ a ne papa ahyɛ no so na ɔma Yehowa nso ani gye. Ná eyi ho hia no paa sen aware anaa mma a ɔbɛwo. Enti, ofii ne fie kɔtenaa asɔrefie hɔ ne nkwa nna nyinaa.

Sɛ wohwɛ a, nea ɔyɛe no maa ne papa ne Yehowa ani gyei anaa?​— Yiw, ɛmaa wɔn ani gyei! Sɛ wodɔ Yehowa na wutie n’asɛm a, wubetumi ayɛ sɛ Yefta babea no. Wo nso wobɛma w’awofo ne Yehowa ani agye paa.

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • Deuteronomium 6:4-6

  • Atemmufo 11:30-40

  • 1 Korintofo 7:37, 38

NSƐMMISA:

  • Ná Yefta yɛ onipa bɛn? Ɛbɔ bɛn na ɔhyɛɛ Yehowa?

  • Dɛn nti na na ɛyɛ den ma Yefta babea no sɛ obedi ɛbɔ a na ne papa ahyɛ no so?

  • Dɛn na na ehia Yefta babea no paa sen biribiara?

  • Dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua Yefta babea no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena