Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 36 kr. 88-kr. 89 nky. 1
  • Yefta Bɔhyɛ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yefta Bɔhyɛ No
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yefta Bɔhyɛ No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ɔmaa Ne Papa ne Yehowa Ani Gyei
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Yedi Nokware a, Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Yefta Dii Bɔ A Ɔhyɛɛ Yehowa No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 36 kr. 88-kr. 89 nky. 1
Bere a Yefta babea no behyiaa no no, Yefta tetew n’ataade mu

ADESUA 36

Yefta Bɔhyɛ No

Israelfo no san poo Yehowa, na wɔkɔsom abosom bio. Bere a Ammonfo bɛto hyɛɛ Israelfo so ne wɔn koe no, abosom no antumi ammoa Israelfo no. Israelfo no huu amane mfe pii. Akyiri yi koraa no, wɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Yɛayɛ bɔne. Yɛsrɛ wo, gye yɛn fi yɛn atamfo nsam.’ Israelfo no sɛee wɔn abosom no, na wɔfii ase som Yehowa bio. Ná Yehowa mpɛ sɛ wɔkɔ so hu amane.

Enti Yehowa paw ɔbarima bi a onim ɔko sɛ onni Israelfo no anim na wɔnkɔko ntia Ammonfo no. Ná yɛfrɛ ɔbarima no Yefta. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Sɛ woboa yɛn ma yedi nkonim wɔ ɔko yi mu a, mehyɛ wo bɔ sɛ, sɛ meba fie a, obiara a obedi kan afi me fie abehyia me no, mede no bɛma wo.’ Yehowa tiee Yefta mpaebɔ, na ɔboaa no ma odii nkonim wɔ ɔko no mu.

Bere a Yefta san baa fie no, ne babea na odii kan behyiaa no. Ná odi no bakoro. Yefta babea no de mpintin ne asaw na ebehyiaa no. Dɛn na na Yefta bɛyɛ? Ɔkaee ɛbɔ a wahyɛ Yehowa no, na ɔkaa sɛ: ‘Ao me ba! Woatew me koma. Mahyɛ Yehowa bɔ. Sɛ medi so a, gye sɛ mema wokɔsom wɔ asɔrefie wɔ Silo.’ Ne babea no nso ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Paapa, sɛ woahyɛ Yehowa bɔ a, ɛnde di so. Nea merebisa ara ne sɛ, ma me ne me nnamfo nkodi bosome mmienu wɔ mmepɔw so. Ɛno akyi no, mɛkɔ.’ Yefta babea no dii nokware, ɔsom wɔ asɔrefie hɔ ne nkwa nna nyinaa. Afe biara, na ne nnamfo kɔ Silo kɔsra no.

Yefta babea no nnamfo abɛsra no wɔ asɔrefie hɔ

“Nea ɔpɛ ne babarima anaa ne babea asɛm sen me no, ɔmfata sɛ ɔyɛ me suani.”—Mateo 10:37

Nsɛmmisa: Ɛbɔ bɛn na Yefta hyɛe? Dɛn na Yefta babea no yɛe wɔ ne papa bɔhyɛ no ho?

Atemmufo 10:6–11:11; 11:29-40; 1 Samuel 12:10, 11

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena