Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 9 kr. 20-21
  • Yeremia Annyae Yehowa Ho Asɛm Ka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yeremia Annyae Yehowa Ho Asɛm Ka
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Somaa Yeremia Sɛ Ɔnkɔka Asɛm
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Mede Me Nsɛm Ahyɛ W’anom”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • “Mintumi Nyɛ Komm”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • “Ka Asɛm Yi Kyerɛ Wɔn”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 9 kr. 20-21

ADESUA 9

Yeremia Annyae Yehowa Ho Asɛm Ka

Yeremia a nkurɔfo a wɔn bo afuw atwa ne ho ahyia

Dɛn nti na nkurɔfo no bo afuw Yeremia?

Yeremia a wɔreyi no afi amoa tenteenten bi a atɛkyɛ wom mu

Yehowa gyee Yeremia

Sɛ yɛka Yehowa ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛtɔ mmere bi a wodi yɛn ho fɛw anaa wɔn bo fuw yɛn. Anhwɛ a eyi bɛma yɛayɛ yɛn adwene sɛ yebegyae Onyankopɔn ho asɛm ka. So woate nka saa pɛn?​— Bible ka aberante bi a na ɔdɔ Yehowa ho asɛm kyerɛ yɛn. Anka ɔreyɛ agyae Yehowa ho asɛm ka. Ne din de Yeremia. Ma yensua ne ho nsɛm pii.

Bere a na Yeremia yɛ aberante no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ne nkurɔfo no sɛ wonnyae nneɛma bɔne yɛ. Ná saa adwuma yi yɛ den paa ma Yeremia, na ehu kaa no. Yeremia ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Minnim nea mɛka. Meyɛ abofra.’ Nanso, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nsuro, mɛboa wo.’

Enti Yeremia fii ase ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ, sɛ wɔannyae bɔne a wɔreyɛ no a, wɔbɛtwe wɔn aso. Sɛ wohwɛ a, nkurɔfo no tiee asɛm a Yeremia kae no?​— Dabi, wɔantie. Wodii ne ho fɛw anaa wɔn bo fuw no paa. Ná ebinom mpo pɛ sɛ wokum no! Sɛ wohwɛ a, Yeremia tee nka dɛn?​— Ehu kaa no, na ɔkae sɛ: ‘Merenka Yehowa ho asɛm bio.’ So ogyaee Yehowa ho asɛm ka ampa?​— Dabi, wannyae. Ná ɔdɔ Yehowa paa ma enti na ɔrentumi nnyae Yehowa ho asɛm ka. Na esiane sɛ Yeremia annyae Yehowa ho asɛm ka nti, Yehowa bɔɔ no ho ban.

Sɛ nhwɛso no, bere bi, nnipa bɔne bi tow Yeremia too amoa tenteenten bi a atɛkyɛ wom mu. Wannya aduan anni, na saa ara nso na wannya nsu annom. Ná saa nkurɔfo no pɛ sɛ Yeremia wu wɔ saa amoa no mu. Nanso, Yehowa boaa no, enti wanwu!

Dɛn na wubetumi asua afi Yeremia ho asɛm no mu?​— Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na ehu ka Yeremia de, nanso wannyae Yehowa ho asɛm ka. Sɛ woka Yehowa ho asɛm a, ebia nkurɔfo bedi wo ho fɛw anaa wɔn bo befuw wo. W’ani betumi awu anaa ehu aka wo mpo. Nanso, nnyae Yehowa ho asɛm ka da. Ɔbɛboa wo bere nyinaa sɛnea ɔboaa Yeremia no.

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • Yeremia 1:4-8; 20:7-9; 26:8-19, 24; 38:6-13

NSƐMMISA:

  • Dɛn na Yehowa kae sɛ Yeremia nyɛ?

  • Dɛn nti na anka Yeremia reyɛ agyae Yehowa ho asɛm ka?

  • Dɛn na Yehowa yɛe de boaa Yeremia?

  • Dɛn na woasua afi Yeremia ho asɛm no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena