Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 57 kr. 138-kr. 139 nky. 1
  • Yehowa Somaa Yeremia Sɛ Ɔnkɔka Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Somaa Yeremia Sɛ Ɔnkɔka Asɛm
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yeremia Annyae Yehowa Ho Asɛm Ka
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • “Mintumi Nyɛ Komm”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Henanom Na Wobɛfa Wɔn Nnamfo?
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • “Mede Me Nsɛm Ahyɛ W’anom”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 57 kr. 138-kr. 139 nky. 1
Yeremia abɔ ahina no wɔ mpanyimfo no anim

ADESUA 57

Yehowa Somaa Yeremia Sɛ Ɔnkɔka Asɛm

Yehowa yii Yeremia sɛ ɔnyɛ odiyifo mma Yudafo no. Ɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnkasa nkyerɛ ɔman no, na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔnnyae bɔne yɛ. Nanso Yeremia kaa sɛ: ‘O Yehowa, meyɛ abofra. Minnim sɛnea mɛkasa akyerɛ ɔman no.’ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nsuro. Mɛkyerɛ wo nea wobɛka. Mɛboa wo.’

Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔmmoaboa ɔman mpanyimfo no ano. Afei ɔmmɔ ahina anaa kuku wɔ wɔn anim, na ɔnka sɛ: ‘Wɔbɛsɛe Yerusalem sɛnea mabɔ ahina yi.’ Bere a Yeremia yɛɛ nea Yehowa kae no, mpanyimfo no bo fuwii paa. Ɔsɔfo bi a yɛfrɛ no Pasur boroo Yeremia. Afei ɔbɔɔ tokuru wɔ dua mu, na ɔde Yeremia ti, ne nan, ne ne nsa hyehyɛɛ mu. Anadwo no nyinaa, Yeremia antumi anyɛ ne ho hwee. Ade kyee no, Pasur gyaee no. Yeremia kaa sɛ: ‘Afei de, mabrɛ. Megyae Yehowa asɛm no ka.’ Enti ogyaee ampa? Daabi. Bere a Yeremia dwinnwen asɛm no ho yiye no, ɔkaa sɛ: ‘Yehowa asɛm ayɛ sɛ ogya a ɛredɛw wɔ me mu. Merentumi nnyae asɛm no ka.’ Yeremia kɔɔ so bɔɔ ɔman no kɔkɔ.

Mfe pii twaam, na Yudafo no nyaa ɔhene foforo. Ná asɔfo ne atoro adiyifo no ani nnye asɛm a na Yeremia reka no ho. Wɔka kyerɛɛ ɔman mpanyimfo no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ ɔbarima yi wu.’ Yeremia kaa sɛ: ‘Sɛ mukum me a, na moakum obi a ɔnyɛɛ bɔne biara. Yehowa asɛm na meka, na ɛnyɛ me ara m’asɛm.’ Bere a ɔman no mpanyimfo tee asɛm no, wɔkaa sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ yekum ɔbarima yi.’

Yeremia kɔɔ so kaa asɛm no, na ɛmaa ɔman mpanyimfo no bo fuwii paa. Enti wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ onkum Yeremia. Ɔhene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, nea wɔpɛ sɛ wɔde yɛ Yeremia biara, wɔbetumi de ayɛ no. Ná wɔpɛ sɛ wɔkum no, enti wɔtoo no too abura tenten bi mu. Ná atɛkyɛ ayɛ mu mã. Afei Yeremia fii ase sɛ ɔremem.

Ebed-Melek ne mmarima a wɔka ne ho no retwe Yeremia afi abura mu

Ná Ebed-Melek yɛ ɔpanyin wɔ ahemfie hɔ. Ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Ɔman mpanyimfo no atow Yeremia ato abura mu! Sɛ yegyaw no wɔ hɔ a, obewu.’ Ɔhene no ka kyerɛɛ Ebed-Melek sɛ ɔmfa mmarima 30 nka ne ho na wɔnkoyi Yeremia mfi abura no mu. Biribiara amma Yeremia annyae asɛm no ka. Wunnye nni sɛ, ɛsɛ sɛ yesuasua no?

“Me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo, na nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”—Mateo 10:22

Nsɛmmisa: Bere a Yeremia yɛ abofra mpo no, adɛn nti na otiee Yehowa asɛm? Hena na na ɔpɛ sɛ ɔma Yeremia gyae asɛm no ka?

Yeremia 1:1-19; 19:1-11; 20:1-13; 25:8-11; 26:7-16; 38:1-13

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena