Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 70 kr. 166-kr. 167 nky. 2
  • Yesu Saa Obi a Wɔwoo No Onifuraefo Yareɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Saa Obi a Wɔwoo No Onifuraefo Yareɛ
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Farisifo no Yeree Onifuraefo a Yesu Saa no Yareɛ No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Saa Yare Homeda
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Boa Anifuraefo Ma Wɔnhu Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nkurɔfo Aniwa a Wobue wɔ Asɛmpa no Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 70 kr. 166-kr. 167 nky. 2
Onifuraefo bi a ɔkɔhohoroo n’ani so wɔ Siloa tadeɛ mu maa ɔhuu ade

TI 70

Yesu Saa Obi A Wɔwoo No Onifuraefo Yareɛ

YOHANE 9:1-18

  • ƆSAA ONIFURAEFO BI A ƆSRƐSRƐ ADE YAREƐ

Ɛduu Homeda no, na Yesu da so wɔ Yerusalem. Bere a ɔne n’asuafo nam kuro no mu no, wɔhuu obi a wɔwoo no onifuraefo sɛ ɔresrɛsrɛ ade. Asuafo no bisaa Yesu sɛ: “Rabi, hwan na ɔyɛɛ bɔne, ɔbarima yi anaa n’awofoɔ, a enti wɔwoo no nifirani yi?”—Yohane 9:2.

Ná asuafo no nim sɛ ɔbarima no nni ɔkra bi a ɛte baabi ansa na wɔrewo no, nanso ebia na wɔpɛ sɛ wɔhu sɛ abofra hyɛ yafunu mu a, ɔbɛtumi ayɛ bɔne anaa. Yesu buaa wɔn sɛ: “Ɔbarima yi anaa n’awofoɔ mu biara nyɛɛ bɔne, na mmom sɛdeɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne fam ntira.” (Yohane 9:3) Enti, ɔbarima no anifurae no, na ɛmfiri bɔne pɔtee bi a n’awofo ayɛ. Nea ɛwom ne sɛ, Adam de bɔne awo yɛn nyinaa, enti wɔtumi de yareɛ te sɛ anifurae wo yɛn. Nanso ɔbarima no anifurae no maa Yesu akwannya a ɔde bɛda Onyankopɔn nnwuma adi na wasa no yareɛ sɛnea na wasa ebinom yareɛ no.

Yesu sii so dua sɛ ɛnsɛ sɛ ɔtoto saa adwuma no ase koraa. Ɔkaa sɛ: “Adekyeeɛ wɔ hɔ yi, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara rentumi nyɛ adwuma. Berɛ tenten a mewɔ wiase yi deɛ, mene wiase hann.” (Yohane 9:4, 5) Ná aka kakra ama Yesu awu, na ɔwu nso a, ɔbɛkɔ adamena mu ama ayɛ sɛnea ɔhyɛ sum mu a ɔntumi nyɛ hwee. Ɔnnya nkɔe no deɛ, na ɔyɛ wiase hann.

Yesu de ntasuo fraa dɔteɛ de yɛɛ onifuraefo bi no ani

Yesu saa ɔbarima no yareɛ anaa? Sɛ saa a, sɛn na ɔyɛɛ no? Ɔtee ntasuo too fam, na ɔde fraa dɔteɛ de yɛɛ onifuraefo no ani kaa sɛ: “Kɔhohoro no Siloa tadeɛ” no mu. (Yohane 9:7) Ɔbarima no kɔe; ɔkɔhohoroe no, n’ani buei. Ɛfiri bere a wɔwoo no, na ɔnhuu ade da. Enti hwɛ sɛnea n’ani bɛgye afa!

Wɔn a wɔnim ɔbarima no ne nnipa a wɔte bɛn no no ho dwirii wɔn. Ebinom bisaa sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima a na ɔtaa tena ase srɛsrɛ adeɛ no nie?” Ebinom nso buaa sɛ: “Ɔno a.” Nanso ebinom annye anni, enti wɔkaa sɛ: “Dabi, mmom ɔsɛ no.” Ɛnna ɔbarima no ankasa kaa sɛ: “Ɛyɛ me a.”—Yohane 9:8, 9.

Afei wɔbisaa no sɛ: “Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na w’ani bueeɛ?” Ɔbuaa sɛ: “Obi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfraa dɔteɛ de sraa m’ani so ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ Siloa mu kɔhohoro.’ Enti mekɔhohoroeɛ na mehunuu adeɛ.” Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Ɔwɔ he?” Ɔbarima no buaa sɛ: “Mennim.”—Yohane 9:10-12..

Nkurɔfo no de no kɔɔ Farisifo no hɔ, na wɔn nso bisaa no sɛnea ɛyɛe a n’ani buei. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔde dɔteɛ yɛɛ m’ani so, ɛnna mehohoroeɛ a mehunu adeɛ yi.” Anka ɛsɛ sɛ Farisifo no ani gye sɛ ɔbarima no anya ayaresa, nanso wɔn mu bi kasa tiaa Yesu. Wɔkaa sɛ: “Onipa yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ ɔnni Homeda.” Wɔn mu binom nso kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔyɛ ɔbɔnefoɔ atumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte saa?” (Yohane 9:15, 16) Ná wɔn mu akyɛ.

Bere a obiara kaa nea ɔbɛka wiei no, wɔbisaa ɔbarima a wɔasa no yareɛ no sɛ: “Berɛ a wabue w’ani yi, ɛdeɛn na woka fa ne ho?” Ɔno nso deɛ, na ɔgye Yesu di, enti ɔkaa sɛ: “Ɔyɛ odiyifoɔ.”—Yohane 9:17.

Farisifo no annye anni. Ebia ɛyɛɛ wɔn sɛ Yesu ne ɔbarima no ahyehyɛ ho pɛ sɛ wɔdaadaa nkurɔfo. Wɔyɛɛ sɛ wɔbɛma ɔbarima no awofo aba asɛm no mu bi, na ebia ɛno bɛma wɔahu asɛm no mu nokware.

  • Ɔbarima no anifurae no, na ɛfiri n’awofo anaa? Anifurae no fi dɛn?

  • Bere a onifuraefo no nyaa ayaresa no, dɛn na wɔn a wɔnim no no kae?

  • Ɔbarima no nyaa ayaresa no, nsɛm bɛn na Farisifo no kekae a ɛkyerɛ sɛ na wɔn mu akyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena