Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 85 kr. 198-kr. 199 nky. 1
  • Yesu Saa Yare Homeda

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Saa Yare Homeda
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Farisifo no Yeree Onifuraefo a Yesu Saa no Yareɛ No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Saa Obi a Wɔwoo No Onifuraefo Yareɛ
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Dɛn na na Mmara Ma Ho Kwan Homeda?
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Munsua Me”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 85 kr. 198-kr. 199 nky. 1
Farisifo no rebisabisa aberante bi a na n’ani afura nsɛm

ADESUA 85

Yesu Saa Yare Homeda

Ná Farisifo no mpɛ Yesu asɛm koraa, enti na wɔrepɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so akyere no. Wɔka kyerɛɛ no sɛ mma ɔnsa obiara yare Homeda. Homeda bi, Yesu huu aberante bi a n’ani afura sɛ ɔresrɛsrɛ ade wɔ abɔnten. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Monhwɛ sɛnea Onyankopɔn nam ne tumi so bɛboa aberante yi.’ Yesu tee ntasu guu fam de fraa dɔte na ɔde sraa aberante no ani so. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Kɔhohoro wɔ ɔtare Siloam mu.’ Efi bere a wɔwoo aberante no, na onhuu ade da, nanso ɔkɔyɛɛ nea Yesu kae no, enti ohuu ade.

Ɛyɛɛ nkurɔfo nwanwa. Wɔkekaa sɛ: ‘Ɛnyɛ aberante a na ɔte ha srɛsrɛ ade no ni? Anaa ɔsɛ no kɛkɛ?’ Ɛnna aberante no kaa sɛ: ‘Me na yɛwoo me no na m’ani afura no!’ Ɛnna nkurɔfo no bisaa no sɛ: ‘Ɛyɛɛ dɛn na wuhu ade yi?’ Bere a ɔkaa nea ɛyɛe a ohu ade no, wɔde no kɔmaa Farisifo no.

Aberante no ka kyerɛɛ Farisifo no sɛ: ‘Yesu de dɔte srasraa m’ani so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔhohoro. Mekɔhohoroe, na afei mihu ade.’ Ɛnna Farisifo no kaa sɛ: ‘Sɛ Yesu sa yare Homeda a, ɛnde ne tumi no mfi Onyankopɔn.’ Afoforo nso kaa sɛ: ‘Sɛ ne tumi no mfi Onyankopɔn a anka ɔrentumi nsa yare koraa.’

Farisifo no kɔfrɛɛ aberante no awofo bae, na wɔbisaa wɔn sɛ: ‘Ɛyɛɛ dɛn na afei de mo ba yi hu ade?’ Ná n’awofo no suro sɛ wɔbɛka nokware, efisɛ na Farisifo no aka sɛ obiara a obegye Yesu adi no, wɔbɛpam no afi asɔrefie hɔ. Enti awofo no kaa sɛ: ‘Yennim nea ɛyɛe a ohu ade. Mummisa ɔno ara.’ Farisifo no bisabisaa aberante no nsɛm bebree. Afei ɔkaa sɛ: ‘Maka nea minim nyinaa akyerɛ mo dedaw. Adɛn na mugu so rebisabisa me nsɛm?’ Ɛnna Farisifo no bo fuwii, na wɔpam no fii hɔ.

Yesu kɔhwehwɛɛ aberante no, na bere a ohuu no no, obisaa no sɛ: ‘Wugye Mesia no di?’ Aberante no kaa sɛ: ‘Sɛ mihu no a, megye no adi.’ Ɛnna Yesu kaa sɛ: ‘Mene Mesia no.’ Wunhu sɛ Yesu yɛɛ ade paa? Ɔsaa aberante no yare, na ɔsan boaa no ma onyaa gyidi.

“Moredi mfomso, efisɛ munnim Kyerɛwnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi.”—Mateo 22:29

Nsɛmmisa: Dɛn na Yesu yɛ de boaa aberante a na n’ani afura no? Adɛn nti na na Farisifo no tan Yesu?

Yohane 9:1-41

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena