Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • od ti 2 kr. 12-16
  • Gye Dibea a Onyankopɔn De Ama Kristo No Tom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gye Dibea a Onyankopɔn De Ama Kristo No Tom
  • Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DIBEA A WƆDE AMA KRISTO
  • NEA YƐBƐYƐ DE AKYERƐ SƐ YEGYE KRISTO DIBEA NO TOM
  • Nkrasɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛka
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yedi “Kristo No”akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Sɛnea Yesu Kristo Betumi Aboa yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Onyankopɔn Atirimpɔw Rebɛn ne Mmamu
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
od ti 2 kr. 12-16

TI 2

Gye Dibea a Onyankopɔn De Ama Kristo No Tom

“MFIASE no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” Biribiara a ɔbɔe no, na “eye paa.” (Gen. 1:1, 31) Bere a Yehowa bɔɔ nnipa no, na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya asetena pa. Nanso atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden no maa nneɛma totoe kakra. Ne nyinaa akyi no, nea enti a Yehowa bɔɔ nnipa ne asase no ansesa. Onyankopɔn kaa sɛ Adam asefo a wobetie no no, obegye wɔn. Wɔbɛsan de nokware som asi hɔ, na Onyankopɔn bɛsɛe Satan Ɔbonsam ne ne nnwuma bɔne nyinaa. (Gen. 3:15) Owie a, biribiara bɛsan ayɛ papa bio. Yehowa nam ne Ba Yesu Kristo so na ɛbɛyɛ wei nyinaa. (1 Yoh. 3:8) Enti, ɛho hia paa sɛ yegye dibea a Onyankopɔn de ama Kristo no tom.—Aso. 4:12; Filip. 2:9, 11.

DIBEA A WƆDE AMA KRISTO

2 Sɛ yɛhwɛ dwuma a Kristo di wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu a, yehu sɛ ɛwɔ afã pii. Yesu yɛ adesamma Gyefo, Ɔsɔfo Panyin, Kristofo asafo no Ti, na seesei ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene. Sɛ yedwinnwen dibea ahorow a Kristo wɔ yi ho a, ɛma yɛkyerɛ Onyankopɔn nhyehyɛe ho anisɔ kɛse, na ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo Yesu no nso mu yɛ den. Bible kyerɛkyerɛ ne dibea yi bi mu.

Yesu titiriw na Yehowa nam no so bɛma nea ɔde ahyɛ adesamma bɔ no abam

3 Bere a Kristo reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, ɛbɛdaa adi sɛ wɔnam no so na ebesiesie nnipa asoɔmmerɛwfo ne Onyankopɔn ntam. (Yoh. 14:6) Esiane sɛ Yesu yɛ adesamma Gyefo nti, ɔde ne kra yɛɛ agyede de gyee nnipa bebree. (Mat. 20:28) Enti Yesu nyɛ onipa pa bi kɛkɛ. Mmom, ɔno titiriw na Yehowa nam no so bɛma nea ɔde ahyɛ adesamma bɔ no abam. Sɛ yɛbɛsan anya Onyankopɔn anim dom bio a, Yesu nkutoo na obetumi aboa yɛn. (Aso. 5:31; 2 Kor. 5:18, 19) Yesu nkwa a ɔde bɔɔ afɔre ne ne wusɔre nti, nnipa a wotie Yehowa benya nhyira afebɔɔ wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no ase.

4 Esiane sɛ Yesu yɛ Ɔsɔfo Panyin nti, ‘ɔte yɛn mmerɛwyɛ ase,’ na ɔpata ma n’akyidifo anokwafo a wɔwɔ asase so no. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔsɔfo panyin a yɛwɔ no nyɛ obi a ontumi nte yɛn mmerɛwyɛ ase, na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara, nanso bɔne nni ne ho.” Afei Paulo hyɛɛ wɔn a wɔkyerɛ Yesu Kristo mu gyidi nyinaa nkuran sɛ nhyehyɛe a wɔnam so pata yɛne Onyankopɔn ntam no, ɛnsɛ sɛ wɔtoto no ase koraa. Ɔkaa sɛ: “Enti momma yɛmfa ahotoso mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborɔhunu na yɛahu adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.”—Heb. 4:14-16; 1 Yoh. 2:2.

5 Bio nso, Yesu yɛ Kristofo asafo no Ti. Ná tete Kristofo no nhia ɔkannifo a ɔyɛ onipa. Saa ara na ɛte nnɛ. Yɛn nso, yenhia ɔkannifo a ɔyɛ onipa. Yɛwɔ ahwɛfo a wɔhwɛ Onyankopɔn nguankuw no so. Wɔhyɛ Yesu ase, na wobebu wɔn adwuma no ho akontaa akyerɛ Yesu ne ne soro Agya no. Enti, Yesu nam honhom kronkron ne ahwɛfo yi so de akwankyerɛ ma nguankuw no. (Heb. 13:17; 1 Pet. 5:2, 3) Yehowa hyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ: “Hwɛ, mede no ayɛ amanaman dansefo, amanaman kannifo ne ɔsahene.” (Yes. 55:4) Yesu kaa asɛm bi kyerɛɛ n’asuafo no, na esii so dua sɛ nkɔmhyɛ yi fa ne ho. Ɔkaa sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo ‘akannifo,’ efisɛ mo Kannifo yɛ biako, ɔne Kristo.”—Mat. 23:10.

6 Yesu to nsa frɛ obiara sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa yɛ hare.” Wei ma yehu adwene a Yesu kura ne sɛnea ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. (Mat. 11:28-30) Sɛnea Yesu Kristo yɛ Kristofo asafo no brɛbrɛ no ma yenya abotɔyam. Ɛma yehu sɛ ɔyɛ “oguanhwɛfo pa” te sɛ ne soro Agya Yehowa Nyankopɔn.—Yoh. 10:11; Yes. 40:11.

7 Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ Yesu Kristo dibea foforo bi mu wɔ krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu. Ɔkaa sɛ: “Etwa sɛ odi hene kosi sɛ Onyankopɔn de atamfo nyinaa begu ne nan ase. Na sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, afei Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Nea ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa ama obiara.” (1 Kor. 15:25, 28) Yesu ne Onyankopɔn abɔde a odi kan, na ansa na ɔreba asase so no, na ɔsom sɛ Onyankopɔn ‘dwumayɛni a ne ho akokwaw.’ (Mmeb. 8:22-31) Bere a Onyankopɔn somaa Yesu baa asase so no, ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde bere nyinaa. Ogyinaa sɔhwɛ a ano yɛ den sen biara ano, na odii n’Agya nokware kosii owu mu. (Yoh. 4:34; 15:10) Esiane sɛ Onyankopɔn Ba no dii nokware kosii owu mu nti, Onyankopɔn nyan no kɔɔ soro na ɔmaa no tumi sɛ onni ɔsoro Ahenni no so Hene. (Aso. 2:32-36) Wei nti, Onyankopɔn ama Kristo Yesu adwuma kɛse sɛ onni abɔfo ɔpepem huhaa no anim ma wɔnsɛe nnipa nniso nyinaa na wɔmpra abɔnefosɛm mfi asase so korakora. (Mmeb. 2:21, 22; 2 Tes. 1:6-9; Adi. 19:11-21; 20:1-3) Sɛ ɛba saa a, Onyankopɔn soro Ahenni a ɛhyɛ Kristo nsa no nkutoo na ebedi tumi wɔ asase nyinaa so.—Adi. 11:15.

NEA YƐBƐYƐ DE AKYERƐ SƐ YEGYE KRISTO DIBEA NO TOM

8 Yesu Kristo yɛ pɛ, na wayɛ nhwɛso pa ama yɛn. Onyankopɔn de yɛn ahyɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ yɛn so. Esiane sɛ Yesu dɔ yɛn nti, ɔma n’ani kũ yɛn ho. Nanso sɛ yebenya ne dɔ no so mfaso a, gye sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware, na yɛne Yehowa ahyehyɛde a ɛrenya nkɔanim no bɔ anan.

9 Tete Kristofo no gyee dibea a Onyankopɔn de ama Kristo no toom paa. Wɔbɔɔ mu yɛɛ adwuma wɔ Kristo tiyɛ ase, na wogyee akwankyerɛ a ɔnam honhom kronkron so de maa wɔn no toom. (Aso. 15:12-21) Ɔsomafo Paulo kaa baakoyɛ a ɛwɔ Kristofo a wɔasra wɔn no ntam ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Momma yɛnka nokware mfa ɔdɔ so nnyin wɔ nneɛma nyinaa mu nkɔ Kristo a ɔne ti no mu. Ne mu na nipadua no nyinaa akeka atoatoam pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ adwuma bom ma kwaa biara de nea ehia ma sɛnea kwaa biara dwumadi te, na ama nipadua no anyin ayɛ den wɔ ɔdɔ mu.”—Efe. 4:15, 16.

10 Sɛ asafo no mufo nyinaa bom yɛ adwuma wɔ Kristo tiyɛ ase a, ɛma asafo no nya nkɔso, na ɔdɔ a ɛne “pɛyɛ hama” no mu yɛ den.—Kol. 3:14; 1 Kor. 12:14-26.

11 Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nyinaa kyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ renya mmamu. Ɛma yehu pefee sɛ efi afe 1914 no, Onyankopɔn ama Yesu Kristo tumi sɛ onni hene. Seesei, Kristo redi hene wɔ n’atamfo mfinimfini. (Dw. 2:1-12; 110:1, 2) Dɛn na eyi kyerɛ ma nnipa a wɔte asase so nnɛ? Ɛrenkyɛ koraa, Yesu bebu n’atamfo atɛn, na wobehu sɛ ɔno ne ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade. (Adi. 11:15; 12:10; 19:16) Bere a nnipa yɛɛ asoɔden wɔ Eden turo mu hɔ ara pɛ na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ obegye wɔn a wobetie no no. Sɛ Kristo bu n’atamfo atɛn wie a, wɔn a wɔwɔ ne nifa so no benya bɔhyɛ yi so mfaso. (Mat. 25:34) Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ yɛagye dibea a Onyankopɔn de ama Kristo no atom! Enti momma yɛmfa baakoyɛ nni Kristo akyi wɔ nna a edi akyiri yi mu, na yɛnyɛ asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena