Nkekaho
Asɛm a Wɔde Ma Kristofo a Wɔyɛ Awofo:
Sɛ woyɛ ɔwofo a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani kũ wo mma ho, na wopɛ sɛ woboa wɔn ma wɔdɔ Yehowa na wohyira wɔn ho so ma no. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn na wɔatumi abɔ asu? Bere bɛn na mmofra no betumi asi gyinae a ɛho hia yi?
Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu.” (Mat. 28:19) Nea asɛm yi kyerɛ ne sɛ, ade a ɛho hia paa a ɛbɛma obi afata sɛ ɔbɔ asu ne sɛ obedi kan ayɛ osuani. Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔte Kristo nkyerɛkyerɛ ase, ogye di, na ɔde bɔ ne bra sɛnea ɛsɛ. Wei yɛ biribi a abofra mpo betumi ayɛ.
Twa sa pa ma wo mma, na fa Yehowa nkyerɛkyerɛ dua wɔn koma mu. (Deut. 6:6-9) Wubetumi ne wɔn asua Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no. Ɛbɛboa wɔn ama wɔahu nneɛma titiriw a Bible kyerɛkyerɛ, na wɔahu sɛnea wobesusuw Bible nnyinasosɛm ho na wɔde abɔ wɔn bra. Boa wo mma ma wɔn ankasa ntumi nkyerɛkyerɛ nneɛma a wogye di no mu. (1 Pet. 3:15) Nimdeɛ ne nkuranhyɛ a mmofra no nya fi wo hɔ, ne nea wonya fi asafo nhyiam ase, nnamfo pa nkyɛn, wɔn ankasa adesua, ne abusua som ase no bɛboa wɔn ma wɔanya nkɔanim na wɔafata ama asubɔ. Afei nso, fa botae sisi wɔn anim wɔ Onyankopɔn som mu.
Mmebusɛm 20:11 ka sɛ: “Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu sɛ ne nnwuma ho tew na ɛteɛ.” Nneyɛe bɛn na ɛbɛma yɛahu sɛ abarimaa anaa abeawa bi abɛyɛ Yesu Kristo suani na ɔfata sɛ wɔbɔ no asu?
Abofra a ɔrenya nkɔso a ɔfata sɛ wɔbɔ no asu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a otie n’awofo asɛm. (Aso. 5:29; Kol. 3:20) Bere a Yesu dii mfe 12 no, Bible ma yehu sɛ: “Ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ [n’awofo] ase.” (Luka 2:51) Ɛwom, worentumi nhwɛ kwan sɛ wo ba no bɛyɛ pɛ. Nanso sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu a, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obedi Yesu nhwɛso akyi, na obiara behu sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma n’awofo.
Bio nso, ne nneyɛe bɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ osua nokware a ɛwɔ Bible mu no. (Luka 2:46) Wo ba no ani gye ho sɛ ɔbɛkɔ asafo nhyiam anaa, na ɛyɛ a osiesie ne ho nya mu kyɛfa? (Dw. 122:1) Wohwɛ a, n’ani gye ho sɛ ɔbɛkenkan Bible daa, na ɔpɛ adesua?—Mat. 4:4.
Abofra a ɔrenya nkɔso a ɔfata sɛ wɔbɔ no asu no, ɔbɔ mmɔden de Ahenni nneɛma di kan wɔ n’asetena mu. (Mat. 6:33) Onim sɛ ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔka ne gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. Asɛnka adwuma no afã ahorow nyinaa ɔyɛ bi, na ɔmfɛre sɛ ɔbɛma n’akyerɛkyerɛfo ne ne sukuufo ahu sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo. Sɛ onya dwumadi wɔ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua mu a, ɔmfa nni agorɔ; ɔyɛ no kama.
Afei ɔyere ne ho bɔ bra pa ma enti ɔtwe ne ho fi fekubɔne ho. (Mmeb. 13:20; 1 Kor. 15:33) Wei nti wuhu sɛ ɛba nnwom, sini, television so dwumadi, video so agodi, ne Intanɛt so dwumadi a, oyiyi mu.
Mmofra pii amma wɔn awofo brɛ anyɛ ɔkwa. Wɔagye Yehowa nkyerɛkyerɛ atom de rebɔ wɔn bra, na wɔafata ama asubɔ. Yɛsrɛ Yehowa sɛ, biribiara a woreyɛ de aboa wo mma ma wɔatumi afata sɛ wɔbɔ wɔn asu no, onhyira so.
Asɛm a Wɔde Ma Ɔdawurubɔfo a Ɔmmɔɔ Asu:
Ɛyɛ hokwan kɛse na woanya sɛ woresom sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu wɔ asafo no mu. Nkɔso a woanya wɔ Onyankopɔn som mu nti, wofata nkamfo. Bible a woresua no ama woahu Onyankopɔn yiye, na woakyerɛ sɛ wugye ne bɔhyɛ ahorow di.—Yoh. 17:3; Heb. 11:6.
Ansa na wo ne Yehowa Adansefo refi ase asua ade no, ebia na wowɔ ɔsom bi mu anaasɛ wonkɔ asɔre biara. Sɛ ɛnte saa nso a, ebia na woyɛ nneɛma bi a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia. Nanso seesei, gyidi a woanya nti woanu wo ho paa wɔ nneyɛe bɔne a na woyɛ no ho. Afei nso, woasakra w’adwene, kyerɛ sɛ, wo kan abrabɔ no, woagyae, na wode asi w’ani so sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so.—Aso. 3:19.
Ebia wo de, wɔtetee wo wɔ Kristofo abusua mu. Ɛno nti, “wufi wo mmofraase” nim nkyerɛwee kronkron no, na abɔ wo ho ban afi nneyɛe a ɛmfata ne bɔne a emu yɛ duru ho. (2 Tim. 3:15) Woasua sɛ wobɛko atia atipɛnfo nhyɛso ne nneɛma foforo a ɛtwetwe obi ma ɔyɛ Yehowa ani so bɔne. Woakyerɛ sɛ wowɔ gyidi, efisɛ woagyina nokware som akyi pintinn, na nea wugye di no, woka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Wɔatete wo ma wutumi yɛ Kristofo som adwuma no. Afei de, woasi gyinae sɛ wobɛsom Yehowa sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu.
Sɛ wunyinii ansa na worehu Yehowa oo, sɛ nso wo mmofraase na wufii ase suaa Yehowa ho ade oo, saa bere yi de, worenya nkɔso wɔ Yehowa som mu, na ebia woresusuw ho sɛ wubetu anammɔn mmienu yi. Ɛne sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa na woabɔ asu. Sɛ wufi wo pɛ mu kɔ Yehowa anim, na woka kyerɛ no wɔ mpaebɔ mu sɛ wobɛsom no wo nkwa nna nyinaa a, ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so ama no. (Mat. 16:24) Nea ɛbɛma obiara ahu sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa no, ɛsɛ sɛ wobɔ asu. (Mat. 28:19, 20) Enti sɛ wunya hyira wo ho so na wobɔ asu a, na woabɛyɛ Yehowa Nyankopɔn somfo. Hokwan kɛse bɛn ara ni!
Sɛnea Bible a woresua no ama woahu no, wubetumi ahyia nsɛnnennen ahorow. Ɛba saa a, kae sɛ, bere a wɔbɔɔ Yesu asu akyi bere tiaa bi no, ‘honhom no de no kɔɔ sare so ma Ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛe.’ (Mat. 4:1) Wobɔ asu na wobɛyɛ Kristo suani a, akyiri yi wubetumi ahyia sɔhwɛ afoforo. (Yoh. 15:20) Ɛrenyɛ sɔhwɛ baako pɛ. Ebetumi aba sɛ w’abusuafo bɛsɔre atia wo. (Mat. 10:36) Ebia wo mfɛfo sukuufo, wo mfɛfo adwumayɛfo, ne nkurɔfo a kan no na wɔyɛ wo nnamfo no bedi wo ho fɛw. Nanso mma wo werɛ mmfi Yesu asɛm a ɛwɔ Marko 10:29, 30 yi da. Ɔkaa sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, obiara nni hɔ a wagyaw ofie anaasɛ nuabarimanom anaasɛ nuabeanom anaasɛ maame anaasɛ papa anaasɛ mma anaasɛ nsase, me ne asɛmpa no nti a ɔrennya afie ne nuabarimanom ne nuabeanom ne maamenom ne mma ne nsase mmɔho ɔha saa bere yi, a ɔtaa ka ho, ne daa nkwa wɔ bere a ɛreba no mu.” Enti kɔ so yere wo ho fa wo ho bata Yehowa ho na bɔ wo bra ma ɛne n’apɛde nhyia.
Sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu a, ka kyerɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo no. Mpanyimfo no ne wo besusuw nsɛmmisa a wɔasiesie ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no ho. Wubehu saa nsɛmmisa no wɔ asɛm a edi hɔ no mu. Saa nsɛmmisa no a mpanyimfo no ne wo besusuw ho no bɛma wɔahu sɛ woadu baabi a ɛsɛ sɛ wɔbɔ wo asu anaa. W’ankasa w’adesua a woyɛ no daa no, wubetumi de saa nsɛmmisa yi aka ho na woafi ase ahwɛ mu.
Sɛ woresiesie wo ho ama nsɛm a wɔne wo besusuw ho no a, gye bere kenkan Bible mu nsɛm a wɔatwe adwene asi so no, na dwinnwen ho. Sɛ wopɛ a, wubetumi akyerɛw nsɛm bi a woahyɛ no nsow agu nhoma yi mu anaa krataa foforo so. Wo ne mpanyimfo no resusuw nsɛmmisa no ho a, wubetumi ahwɛ nea woakyerɛw no mu. Sɛ wonte nsɛmmisa no mu bi ase a, wubetumi abisa nea ɔne wo resua Bible no anaa mpanyimfo no ma wɔaboa wo.
Sɛ mpanyimfo no ne wo resusuw nsɛmmisa no ho a, nnya adwene sɛ ɛsɛ sɛ woma mmuae tenten anaa mmuae a emu yɛ duru biara. Sɛ wode w’ankasa wo nsɛm ma mmuae tiawa a ɛtɔ asom a, ɛno paa na eye. Nsɛmmisa no pii wɔ hɔ a, sɛ worema ho mmuae a, wubetumi de Bible mu asɛm baako anaa mmienu afoa so de akyerɛ sɛ wo mmuae no gyina Kyerɛwnsɛm no so.
Nneɛma titiriw a Bible kyerɛkyerɛ no, sɛ wunni ho nimdeɛ sɛnea ɛsɛ a, mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe aboa wo na bere foforo no, w’ankasa woatumi akyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye na akyerɛ sɛ wote Kyerɛwnsɛm no ase, na akyiri yi woafata ama asubɔ.
[Asafo mu mpanyimfo nhyɛ no nsow: Akwankyerɛ a mubedi akyi ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu asusuw nsɛm ho no wɔ kratafa 208-212.]