NSƐMMISA A WƆNE WƆN A WƆPƐ SƐ WƆBƆ ASU SUSUW HO
Nsɛm a Etwa To a Wɔne Wɔn a Wɔpɛ Sɛ Wɔbɔ Asu Susuw Ho
Mpɛn pii no, wɔbɔ nkurɔfo asu wɔ Yehowa Adansefo nhyiam nketewa ne akɛse ase. Sɛ ɔkasafo no de asubɔ kasa no reba awiei a, ɔma wɔn a wɔrebɛbɔ asu no sɔre gyina hɔ de nne a emu da hɔ bua nsɛmmisa mmienu a edidi so yi:
1. Woanu wo ho wɔ wo bɔne ho, woahyira wo ho so ama Yehowa, na woagye atom sɛ Yesu Kristo na Yehowa nam no so begye yɛn nkwa anaa?
2. Wugye tom sɛ, sɛ wobɔ asu a, woabɛyɛ Yehowa Danseni, na woabɛka Yehowa ahyehyɛde no ho anaa?
Nsɛmmisa yi a asubɔfo no bebua no sɛ yiw no kyerɛ sɛ ‘wɔrepae mu aka’ sɛ wɔwɔ agyede no mu gyidi, na wɔahyira wɔn ho so koraa ama Yehowa. (Rom. 10:9, 10) Ɛsɛ sɛ asubɔfo no di kan bɔ ho mpae na wosusuw nsɛmmisa yi ho anibere so sɛnea ɛbɛyɛ a wobefi wɔn komam abua no yiye.
Woabɔ mpae ahyira wo ho so ama Yehowa ahyɛ no bɔ sɛ ɔno nko ara na wobɛsom no, na wobɛma n’apɛde a wobɛyɛ ho ahia wo asen biribi foforo biara anaa?
Seesei wugye di paa sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ wo asu anim anim yi ara?
Atade bɛn na ɛfata sɛ wohyɛ bɔ asu? (1 Tim. 2:9, 10; Yoh. 15:19; Filip. 1:10)
Ɛsɛ sɛ yɛde “fɛre ne adwenemtew” siesie yɛn ho de kyerɛ sɛ ‘yɛsom Onyankopɔn.’ Enti ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔrebɛbɔ asu no hyɛ ntade nketenkete a wɔde guare nsu, ntade a ɛbɛma wɔn ho agu hɔ, anaa ntade a wɔakyerɛkyerɛw mu. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntade a ani tew, ɛyɛ kama, na ɛfata asubɔ no.
Sɛ wɔrebɔ obi asu a, sɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade? (Luka 3:21, 22)
Sɛnea wɔbɔɔ Yesu asu no, saa ara na Kristofo yɛ nnɛ. Ná Yesu nim sɛ asubɔ yɛ aniberesɛm. Sɛnea ɔyɛɛ n’ade ne suban a ɔdaa no adi no ma yehu saa. Wei nti, sɛ wɔrebɔ obi asu a, ɛnsɛ sɛ oyi nsɛnkwaa a ɛmfata, odi agorɔ, ɔboro nsu, anaa ɔyɛ biribi a ɛbɛma asubɔ no ayɛ sɛ gyama agorɔ bi na wɔredi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ Kristoni a wɔabɔ no asu foforo no yɛ n’ade te sɛ nea wadi nkonim kɛse bi. Ɛwom sɛ asubɔ yɛ anigye bere de, nanso ɛsɛ sɛ yɛda anigye no adi wɔ nidi mu.
Sɛ wokɔ asafo nhyiam daa na wo ne asafo no bɔ bere nyinaa a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo ma woakɔ so adi Yehowa nokware?
Wobɔ asu wie a, adɛn nti na ehia sɛ woyɛ nhyehyɛe pa de sua ade na wokɔ asɛnka daa?
AKWANKYERƐ A WƆDE MA ASAFO MU MPANYIMFO
Sɛ ɔdawurubɔfo bi ka sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nkuran ma ɔtɔ ne bo ase hwɛ “Nsɛmmisa a Wɔne Wɔn a Wɔpɛ sɛ Wɔbɔ Asu Susuw Ho” no mu yiye. Ɛwɔ nhoma yi mu wɔ kratafa 185-207. Ɛsɛ sɛ wɔtwe n’adwene si “Asɛm a Wɔde Ma Ɔdawurubɔfo a Ɔmmɔɔ Asu” no so. Efi ase wɔ kratafa 182, na ɛkyerɛ sɛnea obetumi asiesie ne ho ama nsɛm a mpanyimfo ne no besusuw ho no. Sɛnea wɔakyerɛ wɔ hɔ no, nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no betumi ahwɛ nsɛm kakra a ɔno ankasa akyerɛw agu krataa so ama mmuae, na obetumi nso ahwɛ nhoma yi mu bere a wɔne no resusuw nsɛm ho no. Nanso, ɛho nhia sɛ obi ne no di kan hwɛ nsɛmmisa no mu ansa na ɔne mpanyimfo no ahyia.
Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpanyimfo ntam nkitahodifo no amanneɛ. Sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no akenkan “Nsɛmmisa a Wɔne Wɔn a Wɔpɛ sɛ Wɔbɔ Asu Susuw Ho” no awie a, mpanyimfo ntam nkitahodifo no bebisa no sɛ wabɔ mpae ahyira ne ho so ama Yehowa sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde anaa. Sɛ onii no ahyira ne ho so a, ɛnde mpanyimfo ntam nkitahodifo no bɛyɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo mmienu ne nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no asusuw “Nsɛmmisa a Wɔne Wɔn a Wɔpɛ sɛ Wɔbɔ Asu Susuw Ho” no ho. Ɛnsɛ sɛ ɔpanyin baako ne no susuw afã mmienu no nyinaa ho. Ɛho nhia sɛ wɔtwɛn kosi sɛ wɔbɛka sɛ yɛrebɛkɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam ansa na wɔne wɔn asusuw nsɛmmisa no ho.
Nsɛmmisa a wɔne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu susuw ho, ɛwɔ afã mmienu. Mubetumi de bɛyɛ dɔnhwerew baako asusuw ɔfã biara ho, nanso sɛ ɛho hia sɛ mode bɛboro dɔnhwerew baako yɛ a, mfomso biara nni ho. Ɛsɛ sɛ mode mpaebɔ fi emu biara ase, na muwie nso a, na moabɔ mpae. Ɛnsɛ sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no de ahopere bua nsɛmmisa no, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔpanyin a ɔne no resusuw nsɛmmisa no ho no de tu mmirika. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔde dwumadi yi bɛhyɛ wɔn nsa no ma ɛyɛ wɔn ahiasɛm.
Ne papa mu no, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no ka wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no bom ne wɔn susuw nsɛmmisa no ho. Mmom ɛsɛ sɛ wɔne wɔn mu biara susuw ho mmaako mmaako. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ma nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no ma nsɛmmisa no mu biara ho mmuae. Ɛbɛma mpanyimfo no ahu sɛnea ɔte nneɛma ase, na wobehu sɛ ɔfata sɛ wɔbɔ no asu anaa. Afei nso, sɛ wɔne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no susuw nsɛm ho sɛ ankorankoro a, ɛbɛma wɔn mu biara afi ne pɛ mu akasa a onsuro. Okunu ne ɔyere de, wobetumi aka wɔn abom ne wɔn asusuw nsɛmmisa no ho.
Sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no yɛ ɔbea a, ɛnsɛ sɛ ɔpanyin no ne no susuw nsɛmmisa no ho wɔ baabi a obiara nhu wɔn, nanso ɛnsɛ sɛ obi te asɛm a wɔreka no. Sɛ ɛho hia sɛ ɔde obi ka ne ho kɔ a, ɛsɛ sɛ onii no yɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo. Nanso sɛ ɛyɛ Ɔfã 2 no a, ɔrentumi mfa asafo mu somfo nka ne ho nkɔ sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nkyekyɛm a edi hɔ mu no.
Sɛ mpanyimfo no nnɔɔso a, asafo mu somfo a ɔfata a ɔwɔ nhumu na n’ani da fam betumi ne nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no asusuw nsɛmmisa a ɛwɔ “Ɔfã 1: Nea Kristofo Gye Di” no ho. Asafo mu mpanyimfo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔne nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no susuw nsɛmmisa a ɛwɔ “Ɔfã 2: Kristofo Abrabɔ” no ho. Sɛ anuanom mmarima a wɔfata nnɔɔso a, wobetumi abisa ɔmansin sohwɛfo na wahwɛ sɛ obenya mpanyimfo bi wɔ asafo a ɛbɛn hɔ mu ma wɔabɛboa wɔn.
Sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no yɛ abofra a, bere a ɔpanyin baako ne no resusuw nsɛmmisa no ho no, ɛsɛ sɛ n’awofo a wɔyɛ Yehowa asomfo no mu baako anaa wɔn mmienu nyinaa tena mu bi. Sɛ abofra no awofo rentumi mma a, ɛnde ɛsɛ sɛ mpanyimfo mmienu (anaa ɔpanyin baako ne ɔsomfo baako; wei begyina ɔfã a wɔresusuw ho no so) ne no hyia susuw afã mmienu no mu biara ho.
Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ hu sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no te nneɛma titiriw a Bible kyerɛkyerɛ no ase sɛnea ɛsɛ. Bio nso, ɛsɛ sɛ wohu sɛ n’ani gye nokware no ho paa na ɔda no adi sɛ obu Yehowa ahyehyɛde no. Sɛ onipa no nte nneɛma titiriw a Bible kyerɛkyerɛ no ase a, mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe ama obi aboa no na akyiri yi wafata sɛ wɔbɔ no asu. Ebinom nso, ebia ebehia sɛ wɔma wɔn bere kakra ma wɔkyerɛ sɛ asɛnka adwuma no som bo ma wɔn anaa wɔbrɛ wɔn ho ase ma asafo nhyehyɛe. Bɛyɛ dɔnhwerew baako a mpanyimfo no ne nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no de besusuw nsɛmmisa no ho no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ankasa de nhumu yɛ adwuma hwɛ bere dodow a wɔde besusuw asɛmmisa biara ho. Wei bɛma wɔahu pefee sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no, ɛfata sɛ wɔbɔ no asu anaa. Ɛwom, nsɛmmisa no bi wɔ hɔ a, ebegye bere pii na wɔde asusuw ho. Afoforo de, ɛrenhia sɛ wɔsɛe bere wɔ ho. Nanso ɛnsɛ sɛ wotwa asɛmmisa biara gya.
Sɛ wowie ɔfã a ɛto so mmienu no a, mpanyimfo a wɔapaw wɔn no behyiam asusuw ho ahwɛ sɛ ɔfata sɛ ɔbɔ asu anaa. Sɛ mpanyimfo no resusuw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no ho a, wɔbɛhwɛ ntetee a wɔn mu biara faa mu, wɔn mmɔdenbɔ, ne nsɛm afoforo. Wɔn a wofi koma mu rehwehwɛ Yehowa na wɔte Bible mu nokwasɛm atitiriw ase no na yɛrehwehwɛ. Sɛ mufi ɔdɔ mu boa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no a, ebesiesie wɔn yiye ama wɔayɛ asɛnka adwuma no, efisɛ ɛno ne adwuma a ɛho hia sen biara.
Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo mmienu no mu baako anaa wɔn mmienu nyinaa ne nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no hyia na wɔka kyerɛ no sɛ ɔfata anaa ɔmfata. Onipa no fata a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ne no susuw “Nsɛm a Etwa To a Wɔne Wɔn a Wɔpɛ Sɛ Wɔbɔ Asu Susuw Ho” a ɛwɔ kratafa 206-207 no ho. Sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no nsuaa Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no nwiei a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hyɛ no nkuran na n’asubɔ akyi no, watoa so awie. Monka nkyerɛ nea ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no sɛ mobɛkyerɛw date a ɔbɛbɔ asu no ahyɛ Asafo Dawurubɔfo Kyerɛwtohɔ a ne din hyɛ so no so. Monkae no sɛ, nea enti a asafo mu mpanyimfo no begye ne ho nsɛm na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ ne sɛ, ɛma ahyehyɛde no tumi hwɛ ma ɔsom adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ wɔ wiase nyinaa no kɔ so. Afei nso, ɛma ɔdawurubɔfo no nya honhom fam mmoa, na nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, ɛma otumi de ne ho hyem. Mpanyimfo no betumi nso aka akyerɛ ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo no sɛ, ne ho nsɛm biara a wobegye no, wɔde bedi dwuma sɛnea Nhyehyɛe a Yehowa Adansefo De Bɔ Nkurɔfo Ho Nsɛm Ho Ban Wɔ Wiase Nyinaa a ɛwɔ jw.org/tw no kyerɛ no. Sɛ mpanyimfo ne onipa no hyia a, wɔakyɛ koraa na simma du.
Sɛ ɔdawurubɔfo no bɔ asu a, afe akyi no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo mmienu hyia no na wɔhyɛ no nkuran, na sɛ ohia nyansahyɛ bi nso a, wɔde ama no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo mmienu no mu baako yɛ n’asɛnka kuw sohwɛfo. Sɛ nea ɔbɔɔ asu nkyɛe no yɛ abofra na n’awofo wɔ asafo no mu a, ɛsɛ sɛ wɔn mmienu nyinaa anaa wɔn mu baako tena mu bi. Momma nhyiam a ɛte saa nyɛ anigye na ɛnhyɛ nkuran. Mpanyimfo no ne no bɛka nkɔso a ɔrenya wɔ Yehowa som mu ho asɛm na wɔde nyansahyɛ a ɛbɛboa no ama no. Ebi ne sɛ, wɔbɛhyɛ no nkuran ma wahu sɛnea ɔbɛkɔ so adi nhyehyɛe pa a wayɛ a ɔde sua ade, ɔde kenkan Bible daa, na ɔde yɛ abusua som nnawɔtwe biara no akyi. Afei nso, wɔbɛhyɛ no nkuran ma watoa so akɔ asafo nhyiam daa na ɔde ne ho ahyɛ mu. Wɔbɛhyɛ no nkuran nso ama ɔde ne ho ahyɛ asɛnka adwuma mu nnawɔtwe biara. (Efe. 5:15, 16) Ebedu saa bere no, sɛ onsuaa Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no nwiei a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ma obi ne no sua wie. Ehia sɛ mpanyimfo no fi wɔn komam kamfo no paa. Sɛ ɛho behia a, mubetumi de afotu ne nyansahyɛ kakra ama no.