Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ypq asɛmmisa 1 kr. 3-5
  • Meyɛ Nipa Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Meyɛ Nipa Bɛn?
  • Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 9 Hu Onipa Ko a Woyɛ
    Nyan!—2018
  • Aids—Ɔyaredɔm no Da So Wɔ Hɔ
    Nyan!—1998
  • Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ So Yesu Yɛ Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yɛn Kristofo Agyiraehyɛde A Yɛbɛbɔ Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
ypq asɛmmisa 1 kr. 3-5
Obi de nsa rema abaayewa bi, nanso ɔmpɛ sɛ ɔnom

ASƐMMISA 1

Meyɛ Nipa Bɛn?

NEA ENTI A EHIA

Sɛ wunim wo ho na wunim nea esi w’ani so a, obiara ntumi nnaadaa wo. Obi pɛ sɛ ɔhyɛ wo ma woyɛ biribi a, wubehu nea ɛfata sɛ woyɛ.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Karen kɔɔ paati bi ase. Oduu hɔ no, annu simma du mpo na ɔtee sɛ obi refrɛ no.

“Adɛn nti na wugyina hɔ dinn saa?”

Karen betwa n’ani a, n’adamfo Jessica na okura ntoa mmienu yi. Watu ano atene ne nsa sɛ Karen nnye baako. Karen hwɛe ara na ohui sɛ ɛyɛ nsa. Jessica ka kyerɛɛ no sɛ: “Gye w’ani kakra; adɛn, yebewu nti yɛnna? Hwɛ, wonyɛ akwadaa bio.”

Karen mpɛ sɛ ogye, nanso ɔmpɛ sɛ Jessica bedwen sɛ n’ani mmuei. Afei nso Jessica nte sɛ mmaayewa a aka no; ɔnyɛ basabasa. Enti sɛ ɔno paa renom nsa a, ɛnde na asɛm biara nni ho. Karen kaa no ne tirim sɛ, ‘Wei nyɛ cocaine; ɛyɛ nsa kɛkɛ.’

Wone Karen a, anka wobɛyɛ dɛn?

SUSUW HO HWƐ!

Sɛ wubetumi asi gyinae pa a, ɛsɛ sɛ wuhu wo ho yiye. Ɛnde, dɛn na ɛkyerɛ sɛ wunim wo ho yiye? Ɛno ara ne sɛ biribiara a woreyɛ no, wobɛhwɛ ahu sɛ wunim nea woreyɛ ne nea esi w’ani so. Ɛba saa a, obiara rentumi nnaadaa wo; wubesi pi.​—1 Korintofo 9:26, 27.

Ɛdɛn na ɛbɛboa wo ama woasi pi? Wo deɛ hwɛ nsɛmmisa a edidi so yi.

1 ƐDƐN NA MEBƆ MU MMƆDEN?

Wunim wo ho ne nea wobɔ mu mmɔden a, wubenya ahotoso.

BIBLE MU NHWƐSO: Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Sɛ me ho nkokwawee kasa mu mpo a, mente saa wɔ nimdeɛ mu.” (2 Korintofo 11:6) Paulo tweetwee Kyerɛwnsɛm no mu tee ase yiye, enti sɛ obi de asɛm bi bɛforo no a, onhinhim. Wamma nkurɔfo nsɛm ammu n’abam.​—2 Korintofo 10:10; 11:5.

HWEHWƐ WO HO MU: Kyerɛw wo dom akyɛde anaa ade a wobɔ mu mmɔden wɔ ha. Afei kyerɛw su bi a wobɔ mu mmɔden paa. (Nhwɛso bi ni: Wudwen nnipa ho? Wo yam ye? Woka nokware? Wudi wo bere so?)

2 ƐDƐN NA METƆ MU SIN?

Sɛ wuhu suban bɔne bi wɔ wo ho na wotenatena ho a, ɛde saa de saa na abɛyɛ wo so asɛm.

BIBLE MU NHWƐSO: Ná Paulo nim nea ɔtɔ mu sin. Ɔkae sɛ: “Me mu de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho yiye, nanso mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara.”​—Romafo 7:22, 23.

HWEHWƐ WO HO MU: Ɛdɛn na wopɛ sɛ wudi so?

3 BOTAE BƐN NA ESI M’ANI SO?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Wobɛfa taksi na woaka akyerɛ driver no sɛ ontwa wo fie ho nhyia ara nkɔpem sɛ ne pɛtro bɛsa? Nyansa nnim sɛ wobɛyɛ saa; wobɛbɔ ka hunu!

Asuade bɛn na ɛwom? Sɛ botae bi si w’ani so a, w’abrabɔ nni kyinhyia; wunim baabi a w’ani kyerɛ ne nea ɛbɛma woadu hɔ.

BIBLE MU NHWƐSO: Paulo kae sɛ: “Mmirika a mitu no, mintu no biarabiara.” (1 Korintofo 9:26) Paulo annyaagyae ne ho amma nneɛma antwetwe no. Na botae bi si n’ani so, enti na onim baabi a n’ani kyerɛ.​—Filipifo 3:12-14.

HWEHWƐ WO HO MU: Nneɛma mmiɛnsa bɛn na wopɛ sɛ wode si w’ani so afe a ɛreba yi? Kyerɛw wɔ ha.

4 ƐDƐN NA MIGYE DI?

Dua bi a ne nhini awurawura asase yam; ahum ntumi no

Sɛ wunim wo ho na wusi pi a, wobɛyɛ sɛ dua a ne nhini awurawura asase mu; mframa bɔ sɛ dɛn mpo a etim nea etim

Sɛ wunni biribiara a wukura mu anaa wugye di a, nea ɛbɛba biara na wudi akyi. Wobɛyɛ sɛ abosomakoterɛ; wuhu kɔkɔɔ a na woadan kɔkɔɔ, wuhu tuntum a na woadan tuntum. Wo deɛ ara ne sɛ wobɛma wo mfɛfo agye wo atom. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wunsi pi.

Nanso sɛ wugye biribi di na wowɔ ahotoso sɛ nea wugye di no yɛ nokware a, ɛma wusi pi na wo mfɛfo ntumi ntwe wo nni wɔn akyi.

BIBLE MU NHWƐSO: Daniel “suaee ne komam” anaa osii n’adwene pi sɛ obedi Onyankopɔn mmara so. (Daniel 1:8) Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ ɔbabun, na na onni n’abusuafo nkyɛn. Na onim nea ɔreyɛ; wamma obiara annaadaa no. Nea ogye di no, ɛno ara na odii akyi.

HWEHWƐ WO HO MU: Ɛdɛn na wugye di? Nhwɛso bi ni: Wugye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? Sɛ saa a, adɛn ntia? Dɛn paa na ɛma wugye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ?

Wugye di sɛ Onyankopɔn mmara betumi aboa wo? Sɛ saa a, adɛn ntia?

Wopɛ sɛ woyɛ sɛ ahaban a mframa huw no kɔ baabiara anaa dua a etim hɔ a ahum koraa ntumi no? Wopɛ sɛ woyɛ sɛ dua no a, ɛnde si pi. Wei bɛboa wo ama woabua asɛmmisa yi: Meyɛ nipa bɛn?

NEA MEPƐ SƐ MEYƐ

  • Hwɛ nneɛma mmiɛnsa a wode asi w’ani so a woaka ho asɛm wɔ asɛmmisa 3 no. Afei kyerɛw ade baako a wobɛyɛ adu botae no mu biara ho bosome yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena