Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 52 kr. 126-kr. 127 nky. 1
  • Yehowa Abɔfodɔm a Wɔredɛw Sɛ Ogya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Abɔfodɔm a Wɔredɛw Sɛ Ogya
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Elisa Huu Ogya Teaseɛnam​—Wo Nso Ɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ahofama ne Nokwaredi Ho Nhwɛso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Henanom Na Wobenya Nkwa ‘Yehowa Da’ No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 52 kr. 126-kr. 127 nky. 1
Siria asogyafo atwa Elisa ne ne somfo no ho ahyia

ADESUA 52

Yehowa Abɔfodɔm a Wɔredɛw Sɛ Ogya

Ná Ben-Hadad yɛ Siria hene, na daa na ɔkɔka Israelfo ntɔkwaw. Nanso na odiyifo bi wɔ Israel a yɛfrɛ no Elisa. Nea na Siria hene pɛ sɛ ɔyɛ biara no, na odiyifo no ka kyerɛ Israel hene no. Enti Siria hene Ben-Hadad antumi anni Israel hene so nkonim. Ɛbaa saa no, Ben-Hadad yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyere Elisa. Ohuu sɛ Elisa wɔ Dotan. Enti ɔsomaa Siria asogyafo sɛ wɔnkɔkyere no.

Siriafo no kɔɔ Dotan anadwo. Ade kyee no, Elisa somfo baa abɔnten. Ɔnkɔhwɛ a, asogyafo bebree na atwa kurow no ho ahyia yi. Ne yam hyehyee no, na ɔteɛɛm sɛ: ‘Elisa, dɛn na yɛnyɛ?’ Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho.’ Ɛhɔ ara na Yehowa buee Elisa somfo no ani. Ɔnkɔhwɛ a, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na atwa kurow no ho nyinaa ahyia yi.

Elisa ne ne somfo no ahu abɔfodɔm a atwa wɔn ho ahyia no

Bere a Siria asogyafo no yɛɛ sɛ wɔbɛkyere Elisa no, ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, mesrɛ wo ma wɔn ani mfura.’ Ɛhɔ ara na biribi sii. Ɛwom sɛ, na asogyafo no da so ara hu ade de, nanso na wɔnnim baabi a wɔgyina mpo. Elisa ka kyerɛɛ asogyafo no sɛ: ‘Ɛnyɛ kurow no ni. Munni m’akyi, na mede mo bɛkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no hɔ.’ Enti wɔdii Elisa akyi kɔɔ Samaria, baabi a na Israel hene te no.

Bere a Siriafo no huu baabi a wɔwɔ no, na aka akyi. Israel hene bisaa Elisa sɛ: ‘Minkum wɔn anaa?’ Ná Elisa bɛfa no sɛ wanya nkurɔfo a anka wɔrepɛ no ayɛ no bɔne nti, ɔno nso bɛyɛ wɔn bɔne anaa? Daabi. Elisa kaa sɛ: ‘Nkum wɔn. Ma wɔn aduan nni, na ma wɔnkɔ.’ Enti ɔhene no too paati kɛse bi maa wɔn, na ɔma wɔkɔɔ wɔn kurom.

Siria asogyafo redidi wɔ Samaria

“Yɛwɔ ahotoso wɔ Onyankopɔn mu sɛ, biribiara a yebebisa a ɛne n’apɛde hyia no, obetie yɛn.”—1 Yohane 5:14

Nsɛmmisa: Dɛn na Yehowa yɛ de bɔɔ Elisa ne ne somfo no ho ban? Wohwɛ a, wo nso Yehowa betumi abɔ wo ho ban?

2 Ahene 6:8-24

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena