ƆFÃ A ƐTO SO MMIENU
‘Me Kronkronbea Na Woagu Ho Fi̇̃’—Woguu Nokware Som Ho Fi̇̃
NEA ƐWOM: Yudafo ne Yerusalemfo guu wɔn som ho fĩ, na wɔn abrabɔ nso sɛee
Ná Yehowa dɔ Israelfo no, na ɔhwɛɛ wɔn so te sɛ ’agyapade a ɛda ne koma so.’ (Ex. 19:5, ase hɔ asɛm) Nanso nea Israelfo yɛ de tuaa Yehowa ka ne sɛ, wɔsom abosom wɔ Yehowa ankasa asɔrefi! Wɔmaa Yehowa dii awerɛhow na woguu ne din ho fĩ. Ɛyɛɛ dɛn na Israelfo no sɛee wɔn ho saa? Dɛn na yebetumi asua afi Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem sɛe ho no mu? Na sɛnea Israelfo ne aman a atwa wɔn ho ahyia no dii no, dɛn na yebetumi asua afi mu?