ƆFÃ A ƐTO SO MMIƐNSA
‘Mɛboaboa Mo Ano’—Yehowa Hyɛɛ Bɔ Sɛ Ɔbɛma Nokware Som So Bio
NEA ƐWOM: Hesekiel nkɔmhyɛ ahorow no ma yehu sɛ wɔbɛma nokware som so bio
Ná Israel man no ayɛ basaa. Esiane sɛ na ɔmanfo no awae afi Yehowa som ho nti, na baakoyɛ biara nni wɔn ntam. Ɔhaw yi nyinaa, Israelfo no ara na wɔkɔfa too wɔn ho so. Woguu Onyankopɔn som ne ne din ho fĩ. Nanso na anidaso nsae. Yehowa maa Hesekiel hyɛɛ nkɔm ahorow bi toatoaa so a ɛma yehu saa. Yehowa de nneɛma a yɛde yɛn aniwa hu yɛɛ ntotoho, na ɔsan maa Hesekiel nyaa anisoadehu ahorow a ɛyɛ nwonwa. Yehowa nam weinom so hyɛɛ Israelfo a na wɔwɔ nkoasom mu no den. Saa ara na ɛnnɛ nso, wɔn a wɔrehwɛ kwan denneennen sɛ nokware som bɛfa ne ntama pa afura no, nkɔmhyɛ ahorow yi betumi ahyɛ wɔn den.